Genesis 17:1-27

  • Abraham bɛba abɛyɛ aman pii agya (1-8)

    • Wɔsesaa Abram din frɛɛ no Abraham (5)

  • Apam a ɛfa twetiatwa ho (9-14)

  • Wɔsesaa Sarai din frɛɛ no Sara (15-17)

  • Wɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛwo Isak (18-27)

17  Bere a Abram dii mfe 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kae sɛ: “Mene ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn. Nantew m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.*  Mɛma apam a me ne wo ayɛ no aba mu,+ na mɛma w’asefo adɔɔso papaapa.”+  Ɛnna Abram de n’anim butuw fam, na Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ no sɛ:  “Hwɛ, me na me ne wo ayɛ apam;+ wobɛyɛ aman pii agya.+  Wɔremfrɛ wo Abram* bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham* efisɛ mɛma woayɛ aman pii agya.  Mɛma w’ase atrɛw kɛse paa na mɛma woayɛ aman, na ahemfo befi wo mu aba.+  “Na mɛma apam a me ne wo ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ+ sɛ daa apam de akosi awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa so, na wo ne w’aseni* a obedi w’akyi aba nyinaa, mɛyɛ mo Nyankopɔn.  Kaanan asaase a wobɛsoɛɛ so sɛ ɔhɔho no,+ mede ne nyinaa bɛma wo ne w’asefo* a wobedi w’akyi aba no sɛ mo agyapade daa; na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”+  Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: “Di m’apam so, wo ne w’asefo* ne wɔn awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa. 10  Apam a me ne wo ayɛ a wo ne w’asefo* a wobedi w’akyi aba nyinaa bedi so no ni: Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.*+ 11  Muntwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.+ 12  Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, sɛ mo mu ɔbarima biara di nnawɔtwe a, wɔwoo no wo fi oo, ɔnyɛ w’aseni* nanso wode sika tɔɔ no fii ɔhɔho hɔ oo, muntwa no twetia.+ 13  Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara a wɔawo no wo fi ne obiara a wode sika atɔ no no twa twetia;+ na m’apam ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ mo honam mu yi bɛyɛ daa apam. 14  Ɔbarima biara a wontwaa no twetia no, saa onipa* no, sɛ wantwa twetia a, wonkum no.* Wabu m’apam so.” 15  Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo yere Sarai*+ nso, mfrɛ no Sarai bio, efisɛ afei de wɔbɛfrɛ no Sara.* 16  Mehyira no na mama wawo ɔbabarima nso ama wo;+ mehyira no na mama wayɛ aman; na n’asefo bɛyɛ ahemfo.” 17  Na Abraham tee no, ɔde n’anim butuw fam serewee, na ɔkae wɔ ne komam sɛ:+ “Ɔbarima a wadi mfe 100 betumi anya ɔba, na Sara nso, ɔbea a wadi mfe 90 no bɛwo anaa?”+ 18  Enti Abraham ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Minyae a, anka woahyira Ismael!”+ 19  Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Hu sɛ wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na to no din Isak.*+ Mɛma me ne n’apam agyina, na ayɛ daa apam ama n’asefo.*+ 20  Na w’abisade a ɛfa Ismael ho no nso, mate. Hwɛ, mehyira no ama n’ase atrɛw na n’asefo ayɛ pii. Mpanyimfo 12 befi ne mu aba, na mɛma wayɛ ɔman kɛse.+ 21  Nanso m’apam no de, ɛbɛba mu wɔ Sara ba Isak+ a ɔbɛwo no afe sesɛɛ no so.”+ 22  Bere a Onyankopɔn ne Abraham kasa wiei no, ogyaw no hɔ kɔɔ soro. 23  Ɛnna Abraham faa ne ba Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi no nyinaa ne obiara a ɔde sika tɔɔ no, ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, na otwaa wɔn twetia saa da no ara sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 24  Wotwaa Abraham twetia+ no, na wadi mfe 99. 25  Na ne ba Ismael nso, bere a wotwaa no twetia no, na wadi mfe 13.+ 26  Enti saa da no ara na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27  Ne fi mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn ofie hɔ ne wɔn a ɔde sika tɔɔ wɔn fii ahɔho hɔ nyinaa nso, wotwaa wɔn twetia.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “na wie pɛyɛ.”
Ɛkyerɛ, “Agya No Korɔn (Wɔama No So).”
Ɛkyerɛ, “Dodow Agya (Nnipadɔm Agya); Nnipa Pii Agya.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “ntwa ne dua.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “wobetwa no afi ne nkurɔfo mu akyene.”
Ebetumi akyerɛ “Aperepere.”
Ɛkyerɛ, “Ɔdehye.”
Ɛkyerɛ, “Ɔserew.”
Nt., “n’aba.”