Genesis 28:1-22

  • Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnkɔ Padan-Aram (1-9)

  • Yakob soo dae wɔ Betel (10-22)

    • Onyankopɔn sii ne bɔhyɛ so dua kyerɛɛ Yakob (13-15)

28  Enti Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanware Kaananni bea.+  Sɔre kɔ Padan-Aram, wo maame papa Betuel fi, na ware+ wo wɔfa Laban mma mmea no mu baako.  Ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn behyira wo ama w’ase atrɛw ayɛ bebree, na wobɛyɛ mmusuakuw a wɔdɔɔso.+  Na ɔde Abraham nhyira+ bɛma wo ne w’asefo* a wɔka wo ho, na wobɛfa asaase a woabɛsoɛ so a Onyankopɔn de ama Abraham no.”+  Enti Isak gyaa Yakob kwan na osiim sɛ ɔrekɔ Aramni Betuel ba Laban nkyɛn wɔ Padan-Aram.+ Ná Laban yɛ Yakob ne Esau maame Rebeka nuabarima.+  Esau hui sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan kɔ Padan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ, na bere a ohyiraa no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nware Kaananni bea biara.”+  Afei nso, ohui sɛ Yakob atie ne papa ne ne maame, na wasi kwan so rekɔ Padan-Aram.+  Esau behui sɛ ne papa Isak ani nnye Kaananfo mmea ho,+  enti Esau kɔɔ Abraham ba Ismael nkyɛn kɔwaree ne babea Mahalat kaa ne yerenom ho. Ná ɔyɛ Nebaiot nuabea.+ 10  Yakob fii Beer-Seba de n’ani kyerɛɛ Haran.+ 11  Afei okoduu beae bi, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛda hɔ efisɛ na onwini adwo. Enti ɔfaa ɔbo bi de yɛɛ sumii, na ɔdaa hɔ.+ 12  Ɔsoo dae, na ohui sɛ stɛps* bi wɔ asaase so na n’atifi kɔpem soro, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ so.+ 13  Hwɛ! Ná Yehowa wɔ stɛps no atifi, na ɔkae sɛ: “Mene Yehowa, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn.+ Mede asaase a woda so yi bɛma wo ne w’asefo.*+ 14  W’asefo* bɛyɛ sɛ asaase so anwea na w’ase bɛtrɛw akɔ baabiara,+ atɔe ne apuei, atifi ne anaafo; na asaase so mmusua nyinaa nam wo ne w’asefo* so benya nhyira.+ 15  Medi w’akyi, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asaase yi so,+ na merennyaw wo kosi sɛ mɛyɛ nea mahyɛ wo bɔ no.”+ 16  Afei Yakob nyanee, na ɔkae sɛ: “Ampa ara Yehowa wɔ ha, nanso na minnim.” 17  Ehu kaa no, na ɔkae sɛ: “Ɛha yɛ hu papaapa! Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi,+ na ɔsoro pon ano ni.”+ 18  Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu na ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no, ɔde sii hɔ yɛɛ edum, na ohwiee ngo guu so.+ 19  Enti ɔtoo hɔ din Betel;* nanso kan no, na wɔfrɛ hɔ Lus.+ 20  Afei Yakob kaa ntam sɛ: “Sɛ Onyankopɔn di m’akyi hwɛ me so wɔ m’akwantu yi mu, na ɔma me aduan* di ma me ataade hyɛ, 21  na mesan kɔ me papa fi asomdwoe mu a, ɛnde na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ me Nyankopɔn ampa. 22  Na ɔbo a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “w’aba.”
Anaa “antweri.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “W’aba.”
Nt., “w’aba.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Fi.”
Nt., “paanoo.”