Genesis 47:1-31

  • Yakob kɔɔ Farao nkyɛn (1-12)

  • Yosef de nyansa totoo nneɛma yiye (13-26)

  • Israel asefo tenaa Gosen (27-31)

47  Ɛnna Yosef kɔbɔɔ Farao amanneɛ+ sɛ: “Me papa ne me nuanom de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa fi Kaanan asaase so aba Gosen asaase so.”+  Ɔfaa ne nuanom baanum de wɔn kɔɔ Farao anim.+  Farao bisaa ne nuanom sɛ: “Adwuma bɛn na moyɛ?” Ɛnna wobuaa Farao sɛ: “Wo nkoa ne yɛn agyanom yɛ nguanhwɛfo.”+  Afei wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛsoɛ asaase yi so,+ efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den wɔ Kaanan asaase so, na wo nkoa nnya aduan mma wɔn mmoa.+ Enti yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asaase so.”+  Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo papa ne wo nuanom na aba wo nkyɛn.  Egypt asaase na ɛda w’anim yi. Ma wo papa ne wo nuanom ntena asaase no fã a eye paa so.+ Ma wɔntena Gosen asaase so, na sɛ wunya wɔn mu bi a wɔbɔ wɔn ho mmɔden a, yi wɔn ma wɔnhwɛ me nyɛmmoa so.”  Afei Yosef de ne papa Yakob kɔkyerɛɛ Farao, na Yakob hyiraa Farao.  Farao bisaa Yakob sɛ: “Enti mfe ahe na woadi?”  Yakob buaa Farao sɛ: “M’akwantu mfe* yɛ 130. Ɛyɛ mfe kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu ma,+ na ennu m’agyanom akwantu mfe.”*+ 10  Afei Yakob hyiraa Farao na ofii n’anim kɔe. 11  Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt, na sɛnea Farao kae no, ɔmaa wɔn asaase no fã a eye paa wɔ Ramese+ asaase so. 12  Na Yosef maa ne papa, ne nuanom, ne ne papa fifo nyinaa aduan;* nea obiara nyae gyina ne mma dodow so. 13  Afei na aduan* biara nni asaase no so baabiara, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den paa; ɔkɔm no dosaw Egypt ne Kaanan asaase sofo.+ 14  Sika a efi Egypt ne Kaanan asaase so a wɔde bɛtɔɔ aduan no, Yosef gyigyee ne nyinaa,+ na Yosef de sika no kɔɔ Farao fi. 15  Eduu baabi no, Egypt ne Kaanan asaase so sika sae, na Egyptfo nyinaa fii ase baa Yosef anim bɛkae sɛ: “Ma yɛn aduan! Adɛn nti na yɛn sika a asa nti ɛsɛ sɛ yewuwu w’anim?” 16  Ɛnna Yosef buae sɛ: “Mo sika asa a, momfa mo nyɛmmoa mmra na memma mo aduan.” 17  Enti wɔde wɔn nyɛmmoa brɛɛ Yosef, na Yosef maa wɔn aduan de gyee wɔn apɔnkɔ, nguan, anantwi, ne mfurum; ɔmaa wɔn aduan de gyee wɔn mmoa nyinaa saa afe no. 18  Bere a saa afe no kɔɔ awiei no, wofii ase baa Yosef anim afe a edi hɔ no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛremfa nsie yɛn wura; yɛn sika ne yɛn afieboa nyinaa yɛde abrɛ yɛn wura. Yɛrennya biribiara mma yɛn wura sɛ yɛn nipadua ne yɛn nsaase. 19  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu wɔ w’anim ma yɛn nsaase deda hɔ kwa? Fa aduan tɔ yɛne yɛn nsaase na yɛne yɛn nsaase mmɛyɛ Farao nkoa. Ma yɛn aba a yebedua na yɛntena nkwa mu, na yɛanwuwu amma yɛn nsaase anneda hɔ kwa.” 20  Enti Yosef tɔɔ Egyptfo nsaase nyinaa de maa Farao; Egyptfo nyinaa tontɔn wɔn nsaase, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den, na wɔn nsaase no bɛyɛɛ Farao dea. 21  Afei ɔmaa nnipa a wɔtete Egypt mmaa nyinaa tu kɔtenatenaa nkurow akɛse mu.+ 22  Asɔfo no nkutoo na wantɔ wɔn nsaase,+ efisɛ Farao na na ɔma asɔfo no aduan, na nea Farao de maa wɔn na wodii. Ɛno nti na wɔantɔn wɔn nsaase no. 23  Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ: “Hwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo nsaase ama Farao. Munnye aba yi nkodua wɔ asaase no so. 24  Sɛ nnɔbae no ba a, monkyɛ mu anum mfa baako mma Farao+ na anan a aka no nyɛ mo dea, na eyi mu bi na mubedua wɔ asaase no so na mo ne mo fifo ne mo mma nso adi bi.” 25  Na wɔkae sɛ: “Woagye yɛn nkwa.+ Ma yennya me wura anim dom na yɛnyɛ Farao nkoa.”+ 26  Ɛnna Yosef hyɛɛ mmara maa Egyptfo sɛ nnɔbae no nkyem anum mu baako bɛyɛ Farao dea, na mmara no wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nkutoo na wɔamfa wɔn nsaase amma Farao.+ 27  Israel asefo tenaa Gosen+ wɔ Egypt asaase so, na wɔn ase timii wɔ hɔ, na wɔdɔre yɛɛ pii.+ 28  Yakob tenaa Egypt mfe 17. Enti mfe a Yakob dii nyinaa yɛ 147.+ 29  Afei na aka kakra ma Israel awu.+ Enti ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,* na da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me na di me nokware. Mepa wo kyɛw, nsie me wɔ Egypt.+ 30  Sɛ miwu* a, fa me fi Egypt kosie me wɔ m’agyanom adamoa mu.”+ Na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ sɛnea woaka no.” 31  Na ɔkae sɛ: “Ka me ntam.” Na ɔkaa no ntam.+ Afei Israel sii ne ti ase wɔ mpa no atifi.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mfe a mede tenaa nkurɔfo nsaase so.”
Anaa “mfe a wɔde tenaa nkurɔfo nsaase so.”
Nt., “paanoo.”
Nt., “paanoo.”
Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, sɛ wɔreka ntam a, saa na na wɔyɛ de si so dua.
Nt., “me ne m’agyanom kɔda.”