Hosea 1:1-11

  • Hosea yere ne mma a ne yere no woo wɔn (1-9)

    • Yesreel (4), Lo-Ruhama (6), ne Lo-Ami (9)

  • Wobefi asaase no so aba na wɔaka abom ayɛ baako (10, 11)

1  Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Beeri ba Hosea* ni. Ɔka kyerɛɛ no wɔ Yuda ahemfo+ Usia+ ne Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no bere so.  Bere a Yehowa fii ase kasa faa Hosea so no, Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ na kɔware ɔbea aguaman.* Wubenya aguaman mma, efisɛ aguamammɔ nti, asaase no atwe ne ho afi Yehowa ho koraa.”+  Enti ɔkɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa no.  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To no din Yesreel,* efisɛ aka kakraa bi, mɛma Yehu fi abu Yesreel mogyahwiegu ho akontaa,+ na mama Israel fi ahenni to atwa.+  Saa da no, mebubu Israel agyan mu wɔ Yesreel Bon mu.”*  Na ɔsan nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabea. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To no din Lo-Ruhama,* efisɛ merenhu Israel fi mmɔbɔ bio,+ na nea ɛbɛyɛ biara, mɛpam wɔn.+  Nanso mehu Yuda fi mmɔbɔ,+ na me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, megye wɔn.+ Ɛnyɛ agyan anaa sekan anaa ɔko anaa apɔnkɔ anaa mmarima a wɔtete apɔnkɔ so na mede begye wɔn.”+  Bere a Gomer twaa Lo-Ruhama nufu no, onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima.  Na Onyankopɔn kae sɛ: “To no din Lo-Ami,* efisɛ ɛnyɛ me man ne mo, na menyɛ mo Nyankopɔn. 10  “Na Israelfo* bɛdɔɔso te sɛ mpoano anwea a enni ano a wontumi nkan.+ Na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ ɛhɔ ara na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’+ 11  Na wɔbɛka Yudafo ne Israelfo abom ayɛ wɔn baako,+ na wobeyi baako adi wɔn anim na wɔafi asaase no so aba.* Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ din Hosaia a wɔatwa no tiaa. Ɛkyerɛ “Yah Agye No.”
Anaa “ɔbea a ɔbɛbɔ aguaman.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Bedua Aba.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Ɛkyerɛ, “Wɔanhu No Mmɔbɔ.”
Ɛkyerɛ “Wɔnyɛ Me Man.”
Nt., “Israel mma.”
Anaa “na wɔaforo afi asaase no so aba.”