Hosea 10:1-15

  • Israel yɛ bobe a ɛresɛe; wɔbɛsɛe no (1-15)

10  “Israel yɛ bobe a ɛresɛe;* ɔsow n’aba.+ N’aba redɔɔso no, na n’afɔremuka nso redɔɔso;+Bere a n’asaase so nnɔbae redɔɔso no, na n’abosom adum reyɛ fɛ kɛse.+   Wɔn koma yɛ nyaatwom;*Enti wobebu wɔn fɔ. Obi bɛba abebubu wɔn afɔremuka, na wasɛe wɔn abosom adum.   Afei wɔbɛka sɛ, ‘Yenni hene,+ efisɛ yensuro Yehowa. Na dɛn na ɔhene betumi ayɛ ama yɛn?’   Wɔkeka nsɛnhunu ne ntam hunu,+ na wɔyeyɛ apam;Enti atɛn a wobu no te sɛ nwura bɔne* a atrɛw wɔ afuw mu nkofi so.+   Bet-Awen nantwi ba honi no nti, Samariafo bɛbɔ hu.+ Kurom hɔfo bedi ho awerɛhow,Na ananafo anyame akɔmfo a na wodi ohoni no ne n’anuonyam ho ahurusi no, wɔn nso bedi awerɛhow,Efisɛ wobetu n’ase afi wɔn mu akɔ obi man so.   Wɔde bɛkɔ Asiria akɔkyɛ ɔhenkɛse no.+ Efraim ani bewu,Na afotu a Israel tiei nti, n’anim begu ase.+   Nea ɛte biara, wobetwa Samaria ne ne hene afi hɔ*+Te sɛ abaa sin bi a ɛda nsu ani.   Bet-Awen sorɔnsorɔmmea*+ a ɛde Israel bɔne bae no,+ wɔbɛsɛe no.+ Nsɔe ne nwura* befifi wɔ wɔn afɔremuka so.+ Nnipa bɛka akyerɛ mmepɔw sɛ, ‘Monkata yɛn so!’ Na wɔbɛka akyerɛ nkoko sɛ, ‘Mummegu yɛn so!’+   O Israel, woayɛ bɔne fi Gibea bere so.+ Wɔansakra.* Ɔko a wɔde baa asoɔden mma so wɔ Gibea no ansɛe wɔn koraa. 10  Bere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso. Na sɛ mede wɔn bɔne abien no sɛn wɔn kɔn mu* a,Aman bɛboaboa wɔn ano aba wɔn so. 11  Ná Efraim yɛ nantwi a wɔatete no ama n’ani agye ho sɛ ɔbɛporow hwiit,Enti mamma wamfa ne kɔn fɛfɛɛfɛ no anyɛ adwumaden. Nanso afei mɛma obi atena Efraim so.*+ Yuda bɛfɛntɛm, na Yakob afuntum ama no. 12  Mungu aba wɔ trenee mu, na muntwa ɔdɔ a enni huammɔ. Monnɔw afusaase mfa,+Ɛnnɛ a bere wɔ hɔ a mobɛhwehwɛ Yehowa yi.+Monhwehwɛ no nkosi sɛ ɔbɛba abɛkyerɛkyerɛ mo wɔ trenee mu.+ 13  Nanso moafɛntɛm amumɔyɛ,Moatwa bɔne,+Na moadi nnaadaa aba.Efisɛ mode mo ho too mo ankasa kwan so,Na mode mo ho too mo mmarima bebrebe a wonim ko no so. 14  Ɔko ho dede bɛba wo nkurɔfo so,Na wɔbɛsɛe wo nkurow a wɔabɔ ho ban no nyinaa,+Sɛnea Salman sɛee Arbel fiWɔ ɔko bere mu, bere a wɔtetew ɔbaatan mu kaa ne mma ho no. 15  Saa ara na wɔbɛyɛ mo, O Betelfo,+ efisɛ mo bɔne dɔɔso dodo. Sɛnea ɛte biara, wobetwa Israel hene afi hɔ* ahemanakye.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “ɛretrɛtrɛw.”
Anaa “toro; toromtorom.”
Anaa “nwura a awuduru wom.”
Nt., “wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Ɛhɔ na wɔtoaa so.”
Kyerɛ sɛ, mema wɔsoa wɔn asotwe te sɛ kɔndua.
Anaa “obi de hama aso ne kɔn ama ɔde atwe ade.”
Nt., “wɔbɛma waka n’ano atom.”