Hosea 12:1-14

  • Ɛsɛ sɛ Efraim san ba Yehowa nkyɛn (1-14)

    • Yakob ne Onyankopɔn peree so (3)

    • Yakob su hwehwɛɛ Onyankopɔn nhyira (4)

12  “Efraim aduan ne mframa. Apuei mframa akyi na odi daa. Wama atoro ne awudisɛm adɔɔso. Wɔne Asiria yɛ apam,+ na wɔde ngo kɔ Egypt.+   Yehowa ne Yuda anya asɛm;+Ɔbɛma Yakob abu n’akwan ho akontaa,Na obetua no ka sɛnea ne nnwuma te.+   Yafunu mu na osoo ne nua nantin,+Na ɔde n’ahoɔden ne Onyankopɔn peree so.+   Ɔne ɔbɔfo peree so kosii sɛ odii nkonim. Osui, na ɔpaa no kyɛw sɛ onhyira no.”+ Ohuu no wɔ Betel, na ɛhɔ na Ɔne yɛn kasae.+   Yehowa yɛ asafo Nyankopɔn,+Yehowa ne edin a wɔde kae no.+   “Enti san bra wo Nyankopɔn nkyɛn.+Kɔ so da ɔdɔ a enni huammɔ ne atɛntrenee adi,+Na fa w’ani to wo Nyankopɔn so daa.   Atoro nsenia* wɔ oguadini nsam;Nsisi yɛ no dɛ.+   Efraim keka sɛ, ‘Manya me ho tam;+Manya ahode pii.+ Na me brɛ nyinaa mu, wobehu sɛ manni mfomso, na manyɛ bɔne biara.’   Mene Yehowa wo Nyankopɔn fi Egypt asaase so.+ Mɛsan ama woatena ntamadan muTe sɛ nna a wɔahyɛ no.* 10  Me ne adiyifo no kasae,+Memaa wɔn anisoadehu dɔɔso,Na menam adiyifo so yɛɛ mfatoho pii. 11  Nnaadaa* ne atosɛm aba Gilead.+ Wɔde anantwi abɔ afɔre wɔ Gilgal,+Na wɔn afɔremuka te sɛ abo a esum afuw mu nkofi so.+ 12  Yakob guan kɔɔ Aram* asaase so,*+Na ɔyere nti,+ Israel+ somee wɔ hɔ,Ɔyere nti, ɔhwɛɛ nguan.+ 13  Yehowa nam odiyifo so yii Israel fii Egypt,+Na ɔnam odiyifo so hwɛɛ no so.+ 14  Efraim ahyɛ Onyankopɔn abufuw paa;+Ne mogyahwiegu aka no so;N’animguase nti, ne Wura betua no ka.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Ebetumi nso akyerɛ, “afahyɛ.”
Anaa “Abusude; Nkonyaa.”
Anaa “Siria.”
Nt., “afuw mu.”