Hosea 13:1-16

  • Ɔwaresɛefo Efraim werɛ fii Yehowa (1-16)

    • “Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?” (14)

13  “Sɛ Efraim kasa a, ná nnipa ho popo;Ná ɔyɛ otitiriw* wɔ Israel.+ Nanso Baal nti, odii fɔ,+ na owui.   Wɔasan ayɛ bɔne bio,Wɔde wɔn dwetɛ ayeyɛ ahoni;*+Wɔtɔ wɔn bo ase yɛ abosom; ne nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma. Na wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnipa a wɔbɔ afɔre no, ma wɔmfew anantwi mma no ano.’+   Enti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum,Te sɛ obosu a ɛyera ntɛm,Te sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ fi awiporowbea,Na wɔbɛyɛ sɛ wusiw a epue fi tokuru mu wɔ ɔdan atifi.   Nanso mene Yehowa wo Nyankopɔn fi Egypt asaase so,+Ná wunnim Onyankopɔn foforo biara ka me ho,Na ogyefo biara nni hɔ sɛ me.+   Bere a wowɔ sare so, asaase a ɛso awo so no, na minim wo.+   Wɔn asaase pa* nti, wodidi mee,+Wɔmee, na wɔn koma yɛɛ ahantan. Ɛno nti, wɔn werɛ fii me.+   Afei mɛba wɔn so sɛ gyata a ne ho yɛ den,+Te sɛ ɔsebɔ a ɔtetɛw kwankyɛn.   Mɛtow ahyɛ wɔn so te sɛ osisi a ne mma ayera,Na metu wɔn koko mu tokuru.* Na mɛwe wɔn wɔ hɔ te sɛ gyata;Na wuram aboa bɛtetew wɔn mu pasapasa.   O Israel, ɛbɛsɛe wo,Efisɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo boafo no. 10  Afei wo hene no wɔ he? Ma onnye wo wɔ wo nkurow nyinaa mu ɛ.+Na wo mpanyimfo* a wokaa wɔn ho asɛm sɛ,‘Ma me ɔhene ne abirɛmpɔn’ no wɔ he?+ 11  M’abufuw mu na memaa mo ɔhene,+Na m’anibere mu na mɛfa no akɔ.+ 12  Wɔakyekyere Efraim amumɔyɛ;Wɔakora ne bɔne so. 13  Ɔbɛte yaw te sɛ ɔbea a ɔrewo. Nanso ɔyɛ ɔba a onnim nyansa;Sɛ bere so sɛ wɔwo no a, ɔremma. 14  Megye wɔn afi Ɔdamoa* nsam;Meyi wɔn afi owu mu.+ Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?+ Ɔdamoa, nea wode sɛe ade no wɔ he?+ Mmɔborɔhunu bɛyera afi m’anim. 15  Sɛ ɔsow aba te sɛ demmire* mpo a,Apuei mframa, Yehowa mframa, bɛba.Efi sare so reba, na ɛbɛma n’abura mu nsu ayow, na n’asuti betwa. Ɔno na ɔbɛfa n’agyapade a ɛsom bo a ɔde asie nyinaa.+ 16  Wobebu Samaria fɔ,+ efisɛ wasɔre atia ne Nyankopɔn.+ Wɔde sekan bekunkum wɔn.+Wɔde wɔn mma bɛhwehwe hɔ apɛtɛw wɔn,Na wɔbɛpaapae wɔn mmea a wɔnyem mu.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔwɔ tumi.”
Anaa “ahoni a wɔagu.”
Anaa “mmoa adidibea frɔmfrɔm.”
Nt., “mɛtetew nea edura wɔn koma ho no mu.”
Nt., “w’atemmufo.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.