Hosea 14:1-9

  • Wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn (1-3)

    • Yɛde yɛn ano beyi wo ayɛ (2)

  • Mɛsa Israel yare, na ɔremfi m’akyi bio (4-9)

14  “O Israel, san bra Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn,+Efisɛ wo bɔne ama woahwe ase.*   Monsan mmra Yehowa nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ:‘Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ na gye nea eye,Na yɛde yɛn ano beyi wo ayɛ+ sɛnea yɛde anantwinini bɔ afɔre no.*   Asiria rennye yɛn nkwa.+ Yɛrentena apɔnkɔ so,+Na yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma bio sɛ, “O yɛn Nyankopɔn!”Efisɛ wo na wuhu agyanka mmɔbɔ.’+   Mɛsa wɔn yare, na wɔremfi m’akyi bio.+ Meyi me yam adɔ wɔn,+Efisɛ m’abufuw adan afi no so.+   Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel;Ɔbɛyɛ frɔmm sɛ nhwiren,Na mɛma ne ntini akɔ fam* te sɛ Lebanon nnua.   Ne nkorabata bɛtrɛtrɛw,*Na n’anuonyam ayɛ sɛ ngodua,Na ayi hua sɛ Lebanon dua.   Wɔbɛsan atena ne nwini ase bio. Wobedua hwiit,* na wɔbɛfefɛw sɛ bobe.+ Obegye din* sɛ Lebanon bobesa.   Efraim bɛka sɛ, ‘Dɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+ Mɛma mmuae, na mahwɛ no so.+ Mɛyɛ sɛ ɔpopaw dua frɔmfrɔm. Me so na wubenya w’aba.”   Hena na ɔyɛ onyansafo? Ma ɔnte nsɛm yi ase. Hena na ɔyɛ ɔbadwemma? Ma onhu. Efisɛ Yehowa akwan teɛ,+Na atreneefo na wɔbɛfa so.Na mmaratofo de, wɔbɛhwe ase* wɔ so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “woawatiriw.”
Nt., “yɛde yɛn ano bɛyɛ anantwinini abɛbɔ afɔre ama wo.”
Anaa “mɛma wagye ntini.”
Anaa “bɛdennan.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “Obenya nkae.”
Anaa “wɔbɛwatiriw.”