Hosea 2:1-23

  • Israelfo fii Onyankopɔn akyi; ɔtwee wɔn aso (1-13)

  • Yehowa bɛsan abɛyɛ wɔn kunu (14-23)

    • “Wobɛfrɛ me ‘Me kunu’” (16)

2  “Monka nkyerɛ mo nua mmarima sɛ, ‘Me man!’*+ Na monka nkyerɛ mo nua mmea sɛ, ‘O ɔbea a wɔahu no mmɔbɔ!’*+  2  Mommɔ mo maame sobo; mommɔ no sobo,Efisɛ ɔnyɛ me yere,+ na menyɛ ne kunu. Onyi n’aguamammɔ* no mfi ne ho,Na onyi n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,  3  Anyɛ saa a, mɛpa ne ho ama wada adagyaw te sɛ ɛda a wɔwoo no no.Mɛma wayɛ sɛ sare so,Na mɛma wayɛ sɛ asaase a ɛso awo,Na mɛma osukɔm akum no.  4  Na merenhu ne mma mmɔbɔ,Efisɛ wɔyɛ aguaman mma.  5  Wɔn maame abɔ aguaman.*+ Nea onyinsɛn wɔn no ayɛ aniwude,+ efisɛ ɔkae sɛ,‘Mɛkɔ akodi me mpenafo akyi;+Wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu,Ne me kuntu ne me ntama ne me ngo ne me nsã.’  6  Enti mede nsɔe begye ban asiw wo kwan;Na mede abo bɛto ɔfasu asiw no kwan,Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.  7  Obetiw ne mpenafo, nanso ɔrento wɔn;+Ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. Na ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me kunu a odi kan no nkyɛn,+Efisɛ saa bere no, na eye ma me sen nnɛ.’+  8  Wanhu sɛ me na memaa no hwiit*+ ne bobesa foforo ne ngo,Na wanhu sɛ me na memaa no dwetɛ pii,Ɛne sika kɔkɔɔ a wɔde som Baal no.+  9  ‘Ɛno nti, mɛsan aba, na mabegye me hwiit* afi ne nsam twabere mu,Na megye me bobesa foforo afi ne nsam bere a wɔtetew bobe,+Na meyi me kuntu ne me ntama a ɔde kata n’adagyaw so no afi ne ho. 10  Afei mɛma ne ho ada so wɔ ne mpenafo anim,Na ɔbarima biara nni hɔ a obegye no afi me nsam.+ 11  Mɛma n’anigye nyinaa to atwa, N’afahyɛ ahorow,+ n’asram foforo, ne home nna, ne ne nnapɔnna nyinaa, ɛto betwa. 12  Na mɛsɛe ne bobe nnua ne ne borɔdɔma nnua. Saa nnua no, ɔkaa ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ m’akatua; me mpenafo na ɛde maa me.”Mɛdan no kwae,Na wuram mmoa awe. 13  Na mɛma wabu nna a ɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni no ho akontaa,+Nna a ɔde nkawa ne agude siesiee ne ho, na okodii ne mpenafo akyi no.Na me de, ne werɛ fii me,’+ Yehowa asɛm ni. 14  ‘Ɛno nti, mɛkorɔkorɔ no,Mede no bɛkɔ sare so,Na mɛkasa ama ne koma atɔ ne yam. 15  Efi saa bere no rekɔ no, mɛsan de ne bobefuw* ama no,+Na mɛma wafa Akor Bon no mu*+ akɔ anidaso mu;Obegye so wɔ hɔ sɛnea ɔyɛe ne mmabaaberem no,Te sɛ bere a ofi Egypt asaase so bae no.’+ 16  Nea Yehowa aka ni: ‘Saa da no, Wobɛfrɛ me “Me kunu,”na woremfrɛ me “Me wura”* bio.’ 17  ‘Meyi Baal ahoni no din afi n’anom,+ Na ɔrenkae wɔn din bio.*+ 18  Saa da no, me ne wuram mmoa bɛyɛ apam ama wɔn,+Na me ne wim nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam ama wɔn;+Meyi agyan ne sekan ne akodi afi asaase no so,+Na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+ 19  Megye wo aware,* na woayɛ me dea daa;Meka ntam sɛ me ne wo bɛtena trenee ne atɛntrenee mu,Na mada ɔdɔ a enni huammɔ ne mmɔborɔhunu adi akyerɛ wo.+ 20  Meka ntam sɛ meremfi w’akyi da,*Na wubehu sɛnea me, Yehowa, mete.’+ 21  Yehowa asɛm ni: ‘Saa da no, megye so;Megye ɔsoro so,Na ɔsoro nso agye asaase so;+ 22  Na asaase begye hwiit* ne bobesa foforo ne ngo so;Na eyinom nso begye Yesreel* so.+ 23  Na medua no sɛ aba wɔ asaase mu afa,+Na nea wɔanhu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ,*Na mɛka akyerɛ wɔn a wɔnyɛ me man* no sɛ: “Woyɛ me man,”+ Na wɔbɛka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ho 1:9 ase hɔ asɛm no.
Hwɛ Ho 1:6 ase hɔ asɛm no.
Anaa “ne brabɔne.”
Anaa “abu brabɔne.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Me Baal.”
Anaa “ɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.”
Anaa “Mesi wo asiwa.”
Anaa “me ne wo bɛtena nokwaredi mu.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Bedua Aba.”
Hwɛ Ho 1:6 ase hɔ asɛm no.
Hwɛ Ho 1:9 ase hɔ asɛm no.