Hosea 3:1-5

  • Hosea san kogyee ne yere a ɔsɛee aware no (1-3)

  • Israel bɛsan aba Yehowa nkyɛn (4, 5)

3  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “San kɔ, kɔdɔ ɔbea a ɔbarima foforo dɔ no, ɔbea a wasɛe aware no.+ Kɔdɔ no sɛnea Yehowa dɔɔ Israelfo+ bere a wofii n’akyi kodii anyame foforo akyi,+ a wɔn ani gyee bobe keeki* ho no.”  Enti mede nnwetɛbona 15 ne baali* homar susude* baako ne fã kɔtɔɔ no.  Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛyɛ me de nna pii. Mmɔ aguaman* bio, na wo ne ɔbarima foforo nnkɔda, na me nso saa ara na me ne wo bɛtena.”*  Ná Israelfo bɛtena hɔ nna pii a wɔrennya ɔhene+ anaa obirɛmpɔn, wɔremmɔ afɔre, wɔrennya ɔbosom dum anaa efɔd*+ anaa terafim honi* biara.+  Ɛno akyi no, Israelfo bɛsan aba, na wɔabɛhwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne wɔn hene Dawid.+ Na wɔde ahopopo bɛba Yehowa nkyɛn abɛhwehwɛ ne papayɛ wɔ awiei nna no mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, bobe keeki a wɔde di dwuma wɔ atoro som mu.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Homar susude baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “me ne wo renna.”
Anaa “Mmu brabɔne.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abusua bosom; ohoni.”