Hosea 5:1-15

  • Wobebu Efraim ne Yuda atɛn (1-15)

5  “Asɔfo, muntie;+O Israel fi, monyɛ aso,O ɔhene fifo, muntie,Na atemmu no fa mo ho;Efisɛ moyɛ afiri ma Mispa,Na moyɛ atena* a wɔatrɛw mu agu Tabor so.+   Na wɔn a wɔaman* no, akunkumakunkum* adi wɔn ti,Na merebɔ wɔn nyinaa kɔkɔ.*   Minim Efraim,Na Israel nso, m’ani tua no. Na wo, O Efraim, woabɔ aguaman;Israel agu ne ho fĩ.+   Wɔn nneyɛe nti, wontumi nsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,Efisɛ aguamammɔ* honhom wɔ wɔn mu;+Na wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.   Israel ahantan adi adanse atia no;*+Israel ne Efraim nyinaa bɔne ama wɔahintiw,Na Yuda nso ne wɔn ahintiw.+   Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛɛ Yehowa,Nanso wɔanhu no, Efisɛ na watwe ne ho afi wɔn ho.+   Wɔayi Yehowa ama,+Efisɛ wɔawowo ananafo mma. Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapade* nyinaa.*   Mommɔ abɛn+ wɔ Gibea, monhyɛn torobɛnto wɔ Rama!+ Monteɛm denneennen wɔ Bet-Awen;+ O Benyamin, di anim!   O Efraim, da a wɔbɛtwe w’aso no, nkurɔfo behu wo abɔ hu,+ Mama Israel mmusuakuw ahu nea ɛbɛba wɔn so ɔkwan biara so. 10  Yuda abirɛmpɔn te sɛ wɔn a wopiapia ɔhye.+ Mehwie m’abufuw agu wɔn so te sɛ nsu. 11  Wɔahyɛ Efraim so, na wɔabu no atɛn ama wabubu,Efisɛ osii ne bo sɛ obedi ne tamfo akyi.+ 12  Enti meyɛe sɛ nwewemmoa maa Efraim,Na meyɛe sɛ ɔporɔw maa Yuda fi. 13  Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru no,Efraim kɔɔ Asiria,+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn. Nanso wantumi ansa mo yare,Na wantumi amma mo kuru no anwu. 14  Na mɛyɛ sɛ gyata a ogyina ne nan so ama Efraim,Na mɛyɛ sɛ gyata* a ne ho yɛ den ama Yuda fi. Me ara mɛtetew wɔn mu na makɔ;+Mede wɔn bɛkɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.+ 15  Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea akosi sɛ wobetwa wɔn bɔne so aba,Na wɔbɛba abɛhwehwɛ m’anim dom.*+ Sɛ ebi kã wɔn ani a, wɔbɛhwehwɛ m’akyi kwan.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “asau.”
Anaa “wɔn a wɔatew atua.”
Ebetumi akyerɛ mmoa anaa nnipa a wokunkum wɔn.
Anaa “mɛteɛ wɔn nyinaa so.”
Anaa “ɔbrabɔne.”
Nt., “n’anim.”
Anaa “nsaase.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔbɛmene wɔn bosome baako mu.”
Anaa “gyatanini.”
Nt., “m’anim.”