Hosea 7:1-16

  • Efraim amumɔyɛ (1-16)

    • Wɔrentumi nguan Onyankopɔn atena (12)

7  “Bere biara a mɛyɛ sɛ meresa Israel yare no,Efraim nso bɔne da adi,+Na Samaria nso amumɔyɛ da adi.+ Efisɛ wɔyɛ nnaadaafo;+Akorɔmfo bubu kɔ afi mu, na akorɔmfo-werɛmfo hwim nneɛma wɔ mmɔnten so.+   Nanso ɛmma wɔn komam da sɛ mɛkae wɔn bɔne no nyinaa.+ Afei wɔn nneyɛe atwa wɔn ho ahyia;Ɛwɔ m’anim pɛɛ.   Wɔn bɔne ma ɔhene di ahurusi,Na wɔn nnaadaa ma abirɛmpɔn ani gye.   Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,Wɔdɛw te sɛ ogya a paanootofo asɔ wɔ fononoo mu.Sɛ ɔfɔtɔw esiam no wie a, ɔnka gya nhyem bio kosi sɛ esiam a wɔafɔtɔw no bɛkaw.   Yɛn hene da no,* abirɛmpɔn yareyaree,Na nsã* nti, wɔn bo fuwii.+ Ɔne fɛwdifo na edi nsawɔso.   Na wɔde koma a ɛredɛw te sɛ fononoo mu gya na ɛba.* Nea ɔtõ paanoo no da anadwo mu nyinaa;Edu anɔpa a, fononoo no mu gya dɛw te sɛ ogyaframa.   Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo,Na wɔmemene wɔn mpanyimfo.* Wɔn ahemfo nyinaa ahwehwe ase;+Wɔn mu biara nni hɔ a ɔfrɛ me.+   Efraim de ne ho afra amanaman no.+ Efraim te sɛ keeki kurukuruwa a wɔankisa.*   Ahɔho atwe n’ahoɔden nyinaa,+ nanso onnim. Dwen ayɛ ne ti so fitaa, nanso onhui. 10  Israel ahantan adi adanse atia no,+Nanso wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+Na eyinom nyinaa akyi, wɔnhwehwɛɛ no. 11  Efraim te sɛ aburuburuw kwasea* a onni adwene.*+ Wɔafrɛ Egypt;+ wɔkɔ Asiria nkyɛn.+ 12  Baabiara a wɔbɛkɔ biara, mɛtow m’atena* agu wɔn so. Mɛtwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa. Mɛtwe wɔn aso sɛnea kɔkɔbɔ a wɔde ama wɔn asafo no te.+ 13  Wonnue, efisɛ wɔaguan afi m’anim! Ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara! Ná mayɛ krado sɛ megye wɔn, nanso wɔaka me ho atosɛm.+ 14  Wosu bɔɔ bena wɔ wɔn mpa so,+Nanso wɔn komam de, wɔansu amfrɛ me. Wɔn hwiit* ne wɔn bobesa foforo nti, wotwitwa wɔn ho,Na wɔtew me so atua. 15  Mekyerɛkyerɛɛ wɔn, na mehyɛɛ wɔn basa mu den,Nanso wɔsɔre tiaa me, na wɔbɔɔ me ho pɔw. 16  Wɔsesaa wɔn akwan, nanso wɔankɔ nea ɛkorɔn ho;*Ná wɔte sɛ agyan a emu agow a wuntumi mfa wo ho nto so.+ Wɔn abirɛmpɔn bewuwu sekan ano, efisɛ wɔn tɛkrɛma ka abususɛm. Eyi nti, nkurɔfo bedi wɔn ho fɛw wɔ Egypt asaase so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Yɛn hene afahyɛ da no.”
Anaa “bobesa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Na pɔw bɔne a wɔabɔ nti, sɛ wɔreba a, wɔn koma te sɛ fononoo.”
Nt., “atemmufo.”
Anaa “paanoo kurukuruwa a ne fã pɛ na aben.”
Anaa “tibɔnkɔso.”
Nt., “onni koma.”
Anaa “m’asau.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Kyerɛ sɛ, wɔankɔ ɔsom a ɛkorɔn ho.