Hosea 8:1-14

  • Wotwaa wɔn abosonsom so aba (1-14)

    • Woduaa mframa, na wotwaa ahum (7)

    • Israel werɛ fii ne Yɛfo (14)

8  “Fa abɛn tua w’ano!+ Obi bɛba Yehowa fi so te sɛ ɔkɔre,+ Efisɛ wɔabu m’apam so,+ na wɔato me mmara.+   Wosu frɛ me sɛ, ‘O yɛn Nyankopɔn, yɛn Israelfo de, yenim wo!’+   Israel atow papa akyene.+ Enti ma ɔtamfo ntiw no.   Wɔasisi ahemfo, nanso me nsa nnim. Wɔasisi abirɛmpɔn, nanso mannye antom. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ ayeyɛ ahoni.+Ɛno nti, wɔbɛsɛe wɔn.+   O Samaria, wɔatow wo nantwi ba akyene.+ M’abufuw adɛw wɔn so.+ Enti morentumi nyɛ adepa da?*   Eyi fi Israel. Samaria nantwi ba no, ɛnyɛ Onyankopɔn. Ɛyɛ biribi a odwumfo ayɛ.Wobebubu nantwi ba no pasapasa.   Wɔredua mframa,Na wobetwa ahum.+ Hwiit* dua biara nni hɔ a aba a anyin* wɔ so;+Nea afifi biara nni hɔ a wobenya esiam afi mu. Sɛ wonya bi mpo a, ahɔho* na ebedi ne nyinaa.+   Wɔbɛmene Israel.+ Wɔbɛyɛ sɛ kuku bi a obiara mpɛ+Wɔ amanaman no mu.   Wɔaforo kɔ Asiria+ te sɛ sare so afurum a ɔno nko ara atew ne ho. Efraim abɔ adɔfo paa.+ 10  Wɔbɔ wɔn paa fi amanaman no mu de,Nanso afei mɛboaboa wɔn ano;Na ahemfo ne abirɛmpɔn adesoa a wɔde bɛto wɔn so nti, wobefi ase ahu amane.+ 11  Efraim ama afɔremuka adɔɔso, na ama wayɛ bɔne.+ Ɔde afɔremuka no yɛɛ bɔne.+ 12  Mekyerɛw me mmara nsɛm* pii maa no,Nanso obuu ne nyinaa adehunu bi.+ 13  Wɔde akyɛde* bɔ afɔre ma me, na wɔwe nam no.Nanso Yehowa ani nnye ho.+ Enti ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho.+ Wɔadan wɔn ho kɔ* Egypt.+ 14  Israel werɛ afi ne Yɛfo,+ na wasisi adan ama abosom,+Na Yuda ama ne nkurow a wɔabɔ ho ban adɔɔso.+ Nanso mɛsoma ogya akɔ ne nkurow no mu,Na aban atenten a ɛwɔ nkurow no mu no, ɛbɛhyew ne nyinaa.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “morentumi mmɔ bra pa da?”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “abere.”
Anaa “ananafo.”
Anaa “m’akwankyerɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ.”
Anaa “ayɛyɛde.”