Hosea 9:1-17

  • Efraim bɔne nti Onyankopɔn poo no (1-17)

    • Wohyiraa wɔn ho so maa aniwude nyame no (10)

9  “O Israel, nni ahurusi,+Mma w’ani nnnye sɛ amanaman no. Efisɛ tuutuusi* nti, woafi wo Nyankopɔn akyi.+ Tuutuuni akatua a wunya wɔ awiporowbea biara no, ɛno na w’ani gye ho.+  2  Nanso awiporowbea ne amoa a wokyĩ nsã wom remma wɔn biribiara nni,Na wɔrennya bobesa foforo.+  3  Wɔrenkɔ so ntena Yehowa asaase so.+Mmom, Efraim bɛsan akɔ Egypt,Na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.+  4  Wɔrenhwie nsã* mmɔ afɔre mma Yehowa bio,+Na wɔn afɔre rensɔ n’ani.+ Ɛte sɛ ayi bere mu aduan;Obiara a odi bi no ho begu fĩ. Wɔn aduan yɛ wɔn* nko ara dea;Ɛremma Yehowa fi.  5  Nhyiam da no, dɛn na mobɛyɛ?Na Yehowa afahyɛ da no, dɛn na mobɛyɛ?  6  Hwɛ! ɔsɛe nti, wobeguan.+ Egypt bɛboaboa wɔn ano,+ na Memfis asie wɔn.+ Wɔn nneɛma a ɛsom bo a wɔde dwetɛ ayɛ no, nsasono begye abɔ so,Na nsɔe begye wɔn ntamadan afa.  7  Akontaabu nna bɛba,+Asotwe nna bɛba,Na Israel behu. Wɔn diyifo bɛyɛ ɔkwasea, na wɔn nkɔmhyɛni bɛbɔ dam;Mo bɔne bebrebe nti, wɔbɛtan mo bebree.”  8  Ná Efraim ɔwɛmfo+ no wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.+ Nanso seesei, n’adiyifo akwan nyinaa+ te sɛ anomaayifo mfiri,Na ɔtan wɔ ne Nyankopɔn fi.  9  Wɔasɛe pɔtɔɔ te sɛ Gibea nna no.+ Ɔbɛkae wɔn bɔne, na wɔn amumɔyɛ nti, ɔbɛtwe wɔn aso.+ 10  “Bere a mihuu Israel no, na ɛte sɛ nea manya sare so bobe.+ Bere a mihuu mo agyanom no, na ɛte sɛ nea manya borɔdɔma a edi kan sow wɔ afe no mu aba a edi kan. Nanso wɔkɔɔ Baal-Peor nkyɛn,+Na wohyiraa wɔn ho so maa aniwude no.*+Na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ade a wɔdɔ no no ara. 11  Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa;Obiara renwo, obiara rennyem, na obiara rennyinsɛn.+ 12  Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wonyin mpo a,Mɛma wɔawuwu, na obiara renka.+Ampa, sɛ metwe me ho fi wɔn ho a, wonnue!+ 13  Bere a mihuu Efraim no, na ɔte sɛ Tiro.+ Ná wɔadua no wɔ mmoa adidibea frɔmfrɔm;Nanso Efraim de ne mma bɛba ama wɔakunkum wɔn.” 14  O Yehowa, nea ɛfata wɔn no, fa yɛ wɔn;Ma wonnya yafunu a ɛpɔn, ɛne nufu a nsu nnim.* 15  “Wɔn bɔne nyinaa kɔɔ so wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na metan wɔn. Wɔn amumɔyɛ nti, mɛpam wɔn afi me fi.+ Merennɔ wɔn bio.+Wɔn abirɛmpɔn nyinaa aso yɛ den. 16  Wobɛbɔ Efraim ahwe fam.+ Wɔn ntini bɛwo wosee, na wɔrensow aba biara. Sɛ wɔwo mpo a, mekum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.” 17  Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,Efisɛ wɔantie no,+Na wɔbɛdan akobɔfo* wɔ amanaman no mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “aguamammɔ.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “wɔn kra.”
Anaa “nyame a ne ho yɛ aniwu no.”
Anaa “atwintwam.”
Anaa “wɔbɛbɔ asesa.”