Kwadwom 2:1-22

  • Yehowa abufuw a ɛbaa Yerusalem so

    • Wanhu no mmɔbɔ (2)

    • Yehowa ayɛ sɛ ne tamfo (5)

    • Sion nti, ɔtew nisu (11-13)

    • Wɔn a wotwam no di kurow a na ɛyɛ fɛ no ho fɛw (15)

    • Sion atamfo di n’ahwease ho ahurusi (17)

א [Aleph] 2  O hwɛ sɛnea Yehowa de n’abufuw akata Sion so sɛ omununkum! Watow Israel ahoɔfɛ afi soro ahwe fam.+ Wankae ne nan ntiaso+ no n’abufuw da no. ב [Beth]   Yehowa amene Yakob tenabea nyinaa; wanhu mmɔbɔ. Wadwiriw Yuda babea nkurow a ɛyɛ den no agu fam+ wɔ n’abufuw mu. Watow n’ahenni+ ne ne mpanyimfo+ agu fam de agu wɔn anim ase.* ג [Gimel]   Watwa Israel ahoɔden nyinaa* agu wɔ n’abufuw mu. Bere a atamfo baa yɛn so no, wammoa yɛn,*+Na ɔdɛwee wɔ Yakob mu te sɛ ogya a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.+ ד [Daleth]   Wakuntun n’agyan mu* sɛ ɔtamfo; wayɛ ne nsa nifa krado sɛ ɔsɛefo;+Okunkum nea ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa.+ Na wahwie n’abufuw te sɛ ogya+ agu Sion ntamadan mu.+ ה [He]   Yehowa ayɛ sɛ ɔtamfo;+Wamene Israel. Wamemene n’aban atenten nyinaa;Wasɛe ne nkurow a ɛyɛ den no nyinaa. Wama awerɛhow ne benabɔ adɔɔso wɔ Yuda babea mu. ו [Waw]   Wabubu n’apata te sɛ ɔsese+ a esi mfikyifuw mu. Wama n’afahyɛ to atwa.*+ Yehowa ama wɔn werɛ afi afahyɛ ne homeda wɔ Sion,Na n’abufuw kɛse mu, wamfa ɔhene ne ɔsɔfo anyɛ hwee.+ ז [Zayin]   Yehowa apo n’afɔremuka;Watow ne tenabea kronkron no akyene.+ Ɔde n’abannennen no fasu ama atamfo.+ Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fi+ sɛ afahyɛ da. ח [Heth]   Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babea fasu.+ Watwe susuhama mu.+ Onyii ne nsa mfii ɔsɛe ho.* Wama n’akoban* ne ɔfasu redi awerɛhow. Ne nyinaa agyigya. ט [Teth]   N’apon amemem kɔ asaase mu.+ Wasɛe nea ɔde abrambram n’apon akyi no abubu mu. Ne hene ne ne mpanyimfo wɔ amanaman no mu.+ Mmara* biara nni hɔ; n’adiyifo mpo nnya anisoadehu biara mfi Yehowa hɔ.+ י [Yod] 10  Sion babea mpanyimfo tete fam ayɛ komm.+ Wɔtow mfuturu gu wɔn tirim, na wofurafura awerɛhow ntama.*+ Yerusalem mmaabun asisi wɔn ti ase. כ [Kaph] 11  Matew nisu ama m’ani ayɛ kɔɔ.+ Me nsono mu retwa me. Me man babea ahwease nti, wɔahwie me mmerɛbo agu fam,*+Mmofra ne nkokoaa a wɔayɛ kagyaa wɔ kurow no mmɔnten so nti.+ ל [Lamed] 12  Bere a wɔayɛ kagyaa te sɛ obi a wɔapira no ama ɔda kurow no mmɔnten so, Na wɔda wɔn maamenom nsa so a wɔn nkwa* refi wɔn mu no,Wobisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduan ne bobesa wɔ?”+ מ [Mem] 13  Dɛn na memfa nyɛ nhwɛso* mma wo?Dɛn na memfa wo ntoto ho, O Yerusalem babea? O Sion babea, ɔbaabun, dɛn na memfa wo ntoto ho nyɛ awerɛkyekye mma wo? Efisɛ w’ahwease so sɛ ɛpo.+ Hena na obetumi asa wo yare?+ נ [Nun] 14  Anisoadehu a w’adiyifo nya maa wo no, ɛyɛ atoro ne nnaadaa,+Wɔamma woanhu wo mfomso, anka wɔankyere wo ankɔ.+Mmom anisoadehu a wɔka kyerɛɛ wo no nyinaa yɛ atoro ne nnaadaa.+ ס [Samekh] 15  Wɔn a wotwam wɔ ɔkwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+ Wɔtɛɛ wɔn anom*+ wosow wɔn ti gu Yerusalem babea no so, na wɔka sɛ: “Kurow a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asaase nyinaa anigye’ no, ɛno ni?”+ פ [Pe] 16  W’atamfo nyinaa serew wo.* Wɔtɛɛ wɔn anom,* na wɔka wɔn se si so denneennen. Na wɔka sɛ: “Yɛamene no.+ Ɛda yi na na yɛrehwɛ kwan!+ Aba, na yɛahu!”+ ע [Ayin] 17  Yehowa ayɛ nea ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+ Wayɛ nea ɔkae no,+Nea ɔhyɛ too hɔ teteete no.+ Wadwiriw agu, na wanhu mmɔbɔ.+ Wama ɔtamfo adi wo ho ahurusi; wama w’atamfo ahoɔden* ayɛ kɛse. צ [Tsade] 18  O Sion babea fasu, ɔman no de wɔn koma nyinaa su frɛ Yehowa. Ma nisu ntene awia ne anadwo te sɛ asubɔnten. Nnye w’ahome. Mma w’ani* nnhome. ק [Qoph] 19  Sɔre! Su anadwo, bere a awɛmfo dɔn afi ase. Hwie wo koma gu Yehowa anim sɛ nsu. Ma wo nsa so kyerɛ no, na ama wo mma anya nkwa,*Wɔn a ɔkɔm nti wɔayɛ kagyaa wɔ mmɔnten ntwea* so baabiara no.+ ר [Resh] 20  O Yehowa, hwɛ; hwɛ nea wo ne no adi no yayaayaw saa no. Ɛsɛ sɛ mmea kɔ so we wɔn mma,* wɔn mma a wɔte apɔw+ a wɔawo wɔn no anaa?Anaa ɛsɛ sɛ wokum asɔfo ne adiyifo wɔ Yehowa kronkronbea hɔ?+ ש [Shin] 21  Mmarimaa ne nkwakoraa awuwu gugu fam wɔ mmɔnten so.+ Me mmaabun* ne me mmerante awuwu sekan ano.+ Wukunkum wɔn w’abufuw da no; wukunkum wɔn na woanhu wɔn mmɔbɔ.+ ת [Taw] 22  Woafrɛfrɛ ehu fi baabiara aba te sɛ afahyɛ da.+ Yehowa abufuw da no, obiara antumi anguan, na obiara anka;+Wɔn a mewoo wɔn* tetee wɔn no, m’atamfo ama wɔn ase ahyew.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “de agu wɔn ho fĩ.”
Nt., “abɛn biara.”
Anaa “ɔtwee ne nsa nifa kɔe.”
Nt., “Watia n’agyan so.”
Anaa “Wasɛe n’afahyɛ.”
Nt., “mfii amemeneamemene ho.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “Akwankyerɛ.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka biribi ho asɛm te sɛ nea ɛyɛ onipa. Ebia wɔde kyerɛ ayamhyehye anaa tema.
Anaa “wɔn kra.”
Anaa “adanse.”
Anaa “Wɔbɔ hwirema.”
Anaa “bue wɔn anom wɔ wo so.”
Anaa “Wɔbɔ hwirema.”
Nt., “mmɛn.”
Nt., “w’ani babea.”
Anaa “anya wɔn akra.”
Nt., “mmɔnten nyinaa ti.”
Anaa “aba.”
Anaa “mmabaa.”
Anaa “Ahoɔdenfo a mewoo wɔn.”