Kwadwom 4:1-22

  • Yerusalemfo a wɔkaa wɔn hyɛɛ mu no, ɔhaw a ɛde bae

    • Ɔkɔm (4, 5, 9)

    • Mmea noaa wɔn ankasa mma (10)

    • Yehowa hwiee n’abufuw gui (11)

א [Aleph] 4  Hwɛ sɛnea sika kɔkɔɔ a ɛhyerɛn, sika kɔkɔɔ amapa no,+ ayɛ tumm! Hwɛ sɛnea wɔatow abo kronkron+ no apete mmɔnten so baabiara!+ ב [Beth]   Sion mma a na wɔsom bo te sɛ* sika kɔkɔɔ amapa no mpo,Hwɛ sɛnea wɔabu wɔn sɛ ahina a wɔde dɔte ayɛ,Ɔnwemfo nsa ano adwuma! ג [Gimel]   Sakraman mpo ma wɔn mma nufu num.Nanso me man babea tirim ayɛ den;+ ɔte sɛ sare so sohori.+ ד [Daleth]   Osukɔm nti, mmofra a wonum nufu tɛkrɛma afomfam wɔn dodom. Mmofra srɛsrɛ aduan,+ nanso obiara mma wɔn bi.+ ה [He]   Wɔn a na wodi adehye aduan no, wɔdeda mmɔnten so a ɔkɔm rekum wɔn.+ Wɔn a wofuraa ntama kɔkɔɔ*+ fi wɔn mmofraase no, wɔayɛ sumina* atuu. ו [Waw]   Me man babea asotwe* so sen Sodom+ bɔne ho asotwe,Sodom a wobutuw no prɛko pɛ a nsa biara ammoa no no.+ ז [Zayin]   Ná ne Nasirifo+ ho tew sen sukyerɛmma, na na wɔyɛ fitaa sen nufusu. Ná wɔn honam bere sen ɛpo mu abohene, na na wɔte sɛ hoabo a wɔatwiw ho. ח [Heth]   Afei de, wɔayɛ tumm sen gyabiriw.* Sɛ nnipa hu wɔn mmɔnten so a, wonhu wɔn. Wɔn honam afomfam wɔn nnompe ho;+ ayɛ bawee sɛ dua. ט [Teth]   Wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no ye sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn,+Wɔn a afuw mu aduan a wonnya nti wɔayɛ kagyaa te sɛ nea wɔde ade awowɔ wɔn no. י [Yod] 10  Mmea a wɔwɔ ayamhyehye mpo de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma.+ Wɔn mma no bɛyɛɛ wɔn aduan* bere a wɔsɛee me man babea no.+ כ [Kaph] 11  Yehowa ada n’abufuw adi;Wahwie n’abufuhyew agu.+ Ɔde ogya ato Sion mu, na ahyew ne fapem nyinaa.+ ל [Lamed] 12  Asaase so ahemfo ne wiase nnipa nyinaa annye anniSɛ ɔsɛefo ne ɔtamfo bɛba abewura Yerusalem apon mu.+ מ [Mem] 13  Ne nyinaa fi n’adiyifo bɔne ne n’asɔfo amumɔyɛ,+Wɔn a wohwiee atreneefo a wɔwɔ wɔn mu no mogya gui no.+ נ [Nun] 14  Wɔnenam mmɔnten so basabasa.+ Mogya agu wɔn ho fĩ,+Enti obiara ntumi nso wɔn ntaade mu. ס [Samekh] 15  Wɔteɛm kyerɛ wɔn sɛ, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho agu fĩ! Mumfi ha nkɔ! Mumfi ha nkɔ! Mommfa mo ho nnka yɛn!” Efisɛ wɔadan adedamfikyiri, na wɔnenam basabasa. Nkurɔfo aka wɔ amanaman no mu sɛ: “Wɔrentumi ne yɛn ntena ha.*+ פ [Pe] 16  Yehowa ankasa* na wabɔ wɔn ahwete;+ Ɔrenyɛ wɔn adom bio. Nnipa remfa asɔfo no nyɛ hwee,+ na wɔremfa mpanyimfo no ho nkyɛ wɔn.”+ ע [Ayin] 17  Seesei mpo, yɛahwɛ ɔboafo kwan ara ama yɛn aniwa abrɛ.+ Yɛhwɛɛ kwan hwɛe hwɛe ara sɛ yebenya mmoa afi ɔman a entumi nnye yɛn nkwa nkyɛn.+ צ [Tsade] 18  Anammɔn a yebetu biara, na wodi yɛn akyi;+ enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei abɛn; yɛn nna asa, na yɛn awiei adu. ק [Qoph] 19  Wɔn a wɔtaa yɛn no ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ wim.+ Wɔtaataa yɛn wɔ mmepɔw so; wɔtetɛw yɛn wɔ sare so. ר [Resh] 20  Yɛn hwene mu home no, nea Yehowa asra no no,+ wɔakyere no wɔ wɔn amoa kɛse mu;+Ɔno na yɛkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwini ase wɔ amanaman no mu.” ש [Sin] 21  Di ahurusi na bɔ ose, O Edom babea+ a wote Us asaase so. Wo nso, wɔde kuruwa no bɛma wo,+ na wobɛbow na woayi w’adagyaw so.+ ת [Taw] 22  O Sion babea, wo bɔne ho asotwe aba awiei. Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+ Na wo Edom babea de, ɔde n’ani besi wo bɔne so. Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “na wɔn bo yɛ den.”
Anaa “ntama a ne bo yɛ den.”
Anaa “bɔɔla.”
Nt., “bɔne.”
Anaa “pupuawusiw.”
Anaa “wɔn awerɛhow aduan.”
Anaa “Wɔrentumi ntena ha sɛ ahɔho.”
Nt., “Yehowa anim.”