Kwadwom 5:1-22

  • Nkurɔfo no bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nsan nnye wɔn

    • ‘Kae nea ato yɛn’ (1)

    • ‘Asɛm ato yɛn; yɛayɛ bɔne’ (16)

    • ‘San fa yɛn bra, O Yehowa (21)

    • “Ma yɛn nna nyɛ foforo” (21)

5  O Yehowa, kae nea ato yɛn. Hwɛ, na hu yɛn animguase.+  2  Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho; wɔde yɛn afi ama ananafo.+  3  Yɛayɛ nnyanka a yenni agya; yɛn maamenom te sɛ akunafo.+  4  Yɛn ara yɛn nsu a yɛnom mpo, gye sɛ yetua ka,+ na yɛn ankasa anyina a yɛsɔ nso, gye sɛ yɛtɔ.  5  Wɔn a wɔtaa yɛn no aso yɛn kɔn akyi ara ne sa;Yɛabrɛ, nanso wɔmma yennya ahomegye.+  6  Yɛde yɛn ho ama Egypt+ ne Asiria,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya aduan a ɛbɛso yɛn adi.  7  Yɛn agyanom a wɔyɛɛ bɔne no nni hɔ bio, nanso yɛn na yɛso wɔn bɔne.  8  Seesei nkoa na edi yɛn so. Obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.  9  Yɛde yɛn nkwa* to yɛn nsam hwehwɛ aduan,+ sekan a ɛwɔ sare so no nti. 10  Yɛn were adɔ sɛ fononoo, ɔkɔm a ano yɛ hyew no nti.+ 11  Wɔabrɛ Sion mmea ase,* Yuda nkurow mu mmaabun no.+ 12  Wɔkyekyeree adehye nsa sensɛn wɔn,+ na wɔamfa obu amma mpanyimfo.+ 13  Mmerante soa ɔbo a wɔyam so ade,* na mmarimaa hintiw, anyina a ɛsoso wɔn nti. 14  Mpanyimfo nni kurow apon ano bio;+ mmerante agyae wɔn nnwom bɔ.+ 15  Anigye nni yɛn koma mu bio; yɛn asaw adan awerɛhow.+ 16  Ahenkyɛw ayi afi yɛn ti atɔ fam. Asɛm ato yɛn, efisɛ yɛayɛ bɔne! 17  Eyi nti, yɛn koma yare,+Eyi nyinaa nti, yɛn ani so ayɛ kusuu,+ 18  Sion bepɔw a ayɛ amamfo nti.+ Seesei sakraman na ɛnenam so. 19  Na wo Yehowa de, wobɛtena w’ahengua so afebɔɔ. W’ahengua wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.+ 20  Adɛn nti na wo werɛ afi yɛn afebɔɔ, na woagyaw yɛn hɔ bere tenteenten saa?+ 21  O Yehowa, san fa yɛn bra wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo.+ Ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete no.+ 22  Nanso woapo yɛn koraa. Wo bo afuw yɛn denneennen.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “kra.”
Anaa “Wɔato Sion mmea mmonnaa.”
Anaa “owiyammo.”