Leviticus 1:1-17

  • Ɔhyew afɔre (1-17)

1  Na Yehowa frɛɛ Mose wɔ ahyiae ntamadan no mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2  “Ka kyerɛ Israelfo* no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde aboa bɔ afɔre ma Yehowa a, nantwi anaa oguan na ɔmfa mmɔ afɔre no.+ 3  “‘Sɛ nantwi na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no a, ɔmfa onini a ɔte apɔw mmra.+ Omfi ne pɛ mu+ mfa mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 4  Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no apampam, na wɔbɛpene so agye de apata ne bɔne. 5  “‘Afei ma wonkum nantwi ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no+ mfa mogya no mmra, na afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no kwan ano no, wɔmfa mpete so nhyia.+ 6  Ma wonyi aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no nhoma, na wontwitwa nam no asinasin.+ 7  Ma Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no nsɔ afɔremuka no so gya+ na wɔnhyehyɛ anyina wɔ ogya no so. 8  Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no bɛhyehyɛ nam asinasin no,+ na wɔahyehyɛ ne ti ne ne srade* no nyinaa wɔ afɔremuka no gya no so. 9  Ma wɔmfa nsu nhohoro ne nsono ne ne nan* ho, na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so na ɛnyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 10  “‘Na sɛ ayɛmmoa+ na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre a, sɛ ɛyɛ odwennini kumaa oo, apɔnkye oo, ɔnhwɛ sɛ ɔde onini a ɔte apɔw na ɛbɛba.+ 11  Ɛsɛ sɛ wokum no wɔ Yehowa anim wɔ afɔremuka no fã a ɛhwɛ atifi fam no, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.+ 12  Ma ontwitwa nam no asinasin, na ɔmfa ne ti ne ne srade* nka ho, na ɔsɔfo no nhyehyɛ wɔ afɔremuka no gya no so. 13  Ma ɔmfa nsu nhohoro ne nsono ne ne nan ho, na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so na ɛnyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 14  “‘Nanso sɛ ntakraboa na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa a, ɛnde ma ɔmfa mmuruburuw anaa mmorɔnoma mma mmra.+ 15  Ɔsɔfo no de bɛkɔ afɔremuka no ho na watew ne mene, na wahyew wɔ afɔremuka no so, nanso ɛsɛ sɛ odi kan sɔn ne mogya no gu afɔremuka no ho. 16  Ɛsɛ sɛ oyi ade a ɛhyɛ ne mene ase no, na otutu ne ntakra tow gu afɔremuka no fã a ɛhwɛ apuei fam, faako a wɔde nsõ* gu no.+ 17  Ma onso ne ntaban mu nwae ne mu abien, nanso ɛnsɛ sɛ ɔwae ma esi. Afei ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no gya no so na ɛnyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Israel mma.”
Anaa “asaabo no ho srade.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “ne nnyawa.”
Anaa “asaabo no ho srade.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”