Leviticus 10:1-20

  • Ogya fi Yehowa hɔ bɛhyew Nadab ne Abihu (1-7)

  • Nsã ne aduan ho akwankyerɛ a wɔde maa asɔfo no (8-20)

10  Akyiri yi, Aaron mma Nadab ne Abihu+ de nkankyee a wɔde ogya gu mu bae, na wɔde ogya guu mu. Afei wɔde aduhuam+ guu so na wɔhyew biribi wɔ Yehowa anim a na ɔmmaa ho kwan.+  Ɛnna ogya fi Yehowa hɔ bɛhyew wɔn,+ na wowuwui wɔ Yehowa anim.+  Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Wɔn a wɔbɛn me no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ meyɛ kronkron,+ na wɔhyɛ me anuonyam wɔ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.  Enti Mose frɛɛ Aaron papa nua Usiel+ mma Misael ne Elisafan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛfa mo nuanom mfi kronkronbea no anim nkɔ asoɛe no akyi.”  Wɔbɛfaa wɔn kɔɔ asoɛe no akyi sɛnea Mose kae no. Saa bere no nyinaa na wɔn ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Monhwɛ na moannyaw mo ti nwi basaa anaa moannsunsuan mo ntaade mu+ anni awerɛhow, anyɛ saa a, mubewu, na Onyankopɔn bo befuw asafo no nyinaa. Wɔn a Yehowa de ogya akum wɔn yi, mo nuanom Israelfo nyinaa besu wɔn.  Montena mmɛn ahyiae ntamadan no kwan ano; mummfi hɔ nnkɔ baabiara na moanwu, efisɛ Yehowa srango wɔ mo so.”+ Enti wɔyɛɛ nea Mose kae no.  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ:  “Bere biara a wo ne wo mma bɛba ahyiae ntamadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsã foforo biara a ɛbow+ na moanwu. Eyi yɛ ahyɛde a mo ne mo nkyirimma* bedi so daa. 10  Ɛbɛma wɔahu nsonsonoe a ɛda ade kronkron ne nea ɛho agu fĩ ntam, ne nea ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam.+ 11  Afei nso, ɛbɛma moatumi de ahyɛde a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo no nyinaa akyerɛkyerɛ wɔn.”+ 12  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Aduan afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa no, momfa nea aka no ntõ paanoo a mmɔkaw* nnim, na munni wɔ afɔremuka no ho,+ efisɛ ɛyɛ ade kronkron paa.+ 13  Munni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu. Ɛno ne ahyɛde a me nsa kae. 14  Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmea a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wohim de bɔɔ afɔre no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a efi Israelfo asomdwoe afɔre mu. 15  Na ma wɔmfa aboa no nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no ne ne koko a wobehim de abɔ afɔre no ne aboa no srade a wɔde ogya bɛhyew no mmra, na wonhim wɔ Yehowa anim. Aboa no nan ne ne koko no bɛyɛ wo ne wo mma a wɔka wo ho no kyɛfa daa,+ sɛnea Yehowa aka no.” 16  Mose hwehwɛɛ baabiara sɛ obehu apɔnkye a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔre+ no nam, nanso ohui sɛ wɔahyew ne nyinaa. Enti ne bo fuw Aaron mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar, na ɔkae sɛ: 17  “Adɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron no?+ Munnim sɛ ɛyɛ ade kronkron paa a ɔde ama mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye asafo no bɔne na moapata ama wɔn wɔ Yehowa anim? 18  Hwɛ! Wɔamfa aboa no mogya ankɔ kronkronbea hɔ,+ enti anka ɛsɛ sɛ mowe ne nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, sɛnea wɔka kyerɛɛ me no.” 19  Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɛnnɛ wɔde nea wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre aba Yehowa anim,+ nanso hwɛ asɛm a ato me. Sɛ mewee aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no nnɛ a, anka ɛbɛma Yehowa ani agye anaa?” 20  Bere a Mose tee eyi no, ne bo tɔɔ ne yam.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “awo ntoatoaso.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.