Leviticus 14:1-57

  • Nea wɔde kyerɛ sɛ ɔkwatani bi ho atew (1-32)

  • Kwata wɔ ofi bi ho a, ɔkwan a wɔfa so tew ho (33-57)

14  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Sɛ kwata yɛ obi a, ɛda a wɔde no bɛba ɔsɔfo anim+ ma wakyerɛ sɛ ne ho tew no, mmara a wɔde bɛyɛ adwuma ni.  Ɔsɔfo no nkɔ asoɛe no akyi nkɔhwɛ kwatani no. Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ ne ho atew a,  ɔsɔfo no mma ɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien, sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ* a wɔde bɛtew ne ho mmra.+  Ɔsɔfo no mma wonkum anomaa baako wɔ kuku a asuten mu nsu wom ano.  Afei ɔmfa anomaa a ɔte ase no ne sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ no nyinaa mmɔ anomaa a wokum no wɔ nsu no ani no mogya mu.  Ma ɔmfa mpete nea ɔrebɛtew ne ho afi ne kwata ho no ho mpɛn ason. Afei ɔnkyerɛ sɛ ne ho tew, na onnyaa anomaa a ɔte ase no mma ontu nkɔ wuram.+  “Ɛsɛ sɛ nea ɔretew ne ho no horo ne ntaade na oyi ne ho nwi nyinaa na ɔde nsu guare. Ɛno bɛma ne ho atew na afei watumi aba asoɛe no mu bio. Nanso ɛnsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan mu kosi sɛ nnanson betwam.  Ɛda a ɛto so ason no, ma onyi ne ti ne n’abogyesɛ ne n’ani akyi nwi nyinaa. Sɛ oyi ne ho nwi nyinaa wie a, ɔbɛhoro ne ntaade na ɔde nsu aguare, na ama ne ho atew. 10  “Ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw ne oguammere kumaa baako a ɔte apɔw+ a wadi afe mmra, na ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu abiɛsa* a wɔde ngo afra ne ngo susukuruwa baako* mmɛbɔ aduan afɔre.+ 11  Ma ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛ sɛ onipa no ho tew no mfa nea ɔretew ne ho no ne nneɛma a ɔde rebɛbɔ afɔre no nyinaa mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 12  Afei ɔsɔfo no mfa odwennini kumaa baako a ɔde bɛbɔ afodi afɔre+ no ne ngo no mmra, na onhim wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+ 13  Onkum odwennini kumaa no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron a wokum mmoa a wɔde bɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre no,+ efisɛ afodi afɔre yɛ ɔsɔfo no dea te sɛ bɔne ho afɔre no ara.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 14  “Afei ɔsɔfo no mfa aboa a wɔde rebɛbɔ afodi afɔre no mogya no bi nyɛ nea ɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. 15  Ɔsɔfo no nhwie ngo+ no bi ngu n’ankasa nsa benkum mu. 16  Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mpɛn ason wɔ Yehowa anim. 17  Ɔsɔfo no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ nea ɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afodi afɔre no mogya yɛe no. 18  Afei ɔsɔfo no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no ngu nea ɔretew ne ho no apampam, na ɔmpata mma no wɔ Yehowa anim.+ 19  “Ɔsɔfo no mmɔ bɔne ho afɔre+ no mfa mpata mma nea ɔretew ne ho no, na ɛno akyi no onkum aboa a ɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no. 20  Afei ɔsɔfo no mmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre+ no wɔ afɔremuka no so, na ɔsɔfo no mpata mma no+ na ne ho ntew.+ 21  “Nanso sɛ ɔyɛ ohiani na ne nsa nso so a, ɛnde ɔmfa odwennini kumaa baako mmra sɛ afodi afɔre ne ohim afɔre, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako* a ɔde ngo afra mmɛbɔ aduan afɔre, ne ngo susukuruwa baako, 22  ne mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien, nea ne nsa bɛso so biara. Ɔde anomaa baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako abɔ ɔhyew afɔre.+ 23  Ɛda a ɛto so awotwe no,+ ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano wɔ Yehowa anim.+ Ɛno na wɔde bedwira ne ho. 24  “Ma ɔsɔfo no mfa odwennini kumaa a ɔde bɛbɔ afodi afɔre+ no ne ngo no mmra, na onhim wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+ 25  Afei onkum odwennini kumaa a ɔde rebɛbɔ afodi afɔre no, na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nyɛ nea ɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho.+ 26  Ma ɔsɔfo no nhwie ngo no bi ngu n’ankasa nsa benkum mu.+ 27  Na ɔmfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mpɛn ason wɔ Yehowa anim. 28  Ɔsɔfo no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ onipa no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afodi afɔre no mogya yɛe no. 29  Afei ɔsɔfo no de ngo a aka wɔ ne nsam no begu nea ɔretew ne ho no apampam, na wapata ama no wɔ Yehowa anim. 30  “Afei sɛ mmuruburuw na ne nsa soo so oo, sɛ mmorɔnoma na ne nsa soo so oo, ɔmfa emu baako mmra.+ 31  Nea ne nsa bɛso so no, ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔre na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre+ nka aduan afɔre no ho, na ɔsɔfo no mpata mma nea ɔretew ne ho wɔ Yehowa anim no.+ 32  “Sɛ obi ayare kwata na sɛ ɛba sɛ nneɛma a ɔde bedwira ne ho no, ne nsa nso so a, eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma no.” 33  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 34  “Sɛ mudu Kaanan asaase+ a mede rema mo sɛ mo agyapade+ no so na mema kwata ba ofi bi so wɔ mo asaase no so a,+ 35  momma ofiwura no mmɛbɔ ɔsɔfo no amanneɛ sɛ, ‘Biribi akeka me dan ho te sɛ kwata.’ 36  Ɔsɔfo no nka mma wonyi biribiara mfi ofi no mu ansa na wabɛhwɛ nea akeka ɔdan no ho no, anyɛ saa a obebu biribiara a ɛwɔ ofie hɔ sɛ ɛho ntew. Ɛno akyi no, ɔsɔfo no bɛba abɛhwɛ ofi no. 37  Ɔbɛhwɛ baabi a nneɛma akeka no, na sɛ ohu sɛ biribi a ɛte sɛ akokɔsrade a ani dum wɔ dan no ho na adidi kɔ dan no mu a, 38  ɔsɔfo no mfi fie hɔ nkɔ abɔnten na ɔnto ofi no mu nnanson.+ 39  “Ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nsan nkɔ fie hɔ nkɔhwɛ. Sɛ ade a akeka ɔdan no ho no atrɛw a, 40  ɔsɔfo no nka mma wonyiyi abo a nneɛma akeka ho no, na wɔnkɔtow ngu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew. 41  Afei ɔnwerɛwerɛw ɔdan no mu nyinaa na wɔnkɔtow dɔte no ngu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew. 42  Wowie a, wɔmfa abo foforo nhyɛ kan de no ananmu, na wɔnwɔw dɔte foforo mfa nsra ɔdan no ho. 43  “Sɛ woyiyi abo no werɛwerɛw ɔdan no ho de dɔte sra ho wie, na ade a ɛkekaa ɔdan no ho no san ba a, 44  ɔsɔfo no mmra mmɛhwɛ. Sɛ ade a akeka ɔdan no ho no atrɛw a, ɛyɛ kwata a etumi san+ na aba ofi no ho. Ofi no ho ntew. 45  Afei ɔmma wonnwiriw ofi no nyinaa ngu, na wɔnkɔtow ɛho abo ne nnua ne dɔte nyinaa ngu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew.+ 46  Na sɛ wɔto ofi bi mu+ na sɛ obi kɔ mu a, ne ho rentew kosi anwummere;+ 47  obiara a ɔbɛda fie hɔ no, ma ɔnhoro ne ntaade, na obiara a obedidi fie hɔ nso, ma ɔnhoro ne ntaade. 48  “Nanso sɛ wɔsan de dɔte sra ɔdan no ho wie na ɔsɔfo no bɛhwɛ na ade a ɛkekaa dan no ho no ansan amma ofi no ho bio a, ɛnde ɔnkyerɛ sɛ ofi no ho tew, efisɛ nneɛma a ɛkekaa ɔdan no ho no kɔ. 49  Nea ɛbɛyɛ na wadwira ofi no ho* no, ɔnhwehwɛ nnomaa abien, sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ.+ 50  Ma onkum anomaa baako wɔ kuku a asuten mu nsu wom ano. 51  Ɛno akyi no, ɔmfa sida dua no, sommɛ, hama kɔkɔɔ, ne anomaa a ɔte ase no, na ɔmfa ne nyinaa mmɔ anomaa a wokum no wɔ nsu no ani no mogya mu, na ɔmfa mpete ofi no ho mpɛn ason.+ 52  Afei ɔmfa anomaa no mogya, asuten mu nsu no, anomaa a ɔte ase no, sida dua, sommɛ, ne hama kɔkɔɔ no nnwira ofi no ho.* 53  Ɛno akyi no, onnyaa anomaa a ɔte ase no wɔ kurow no akyi ma ɔnkɔ wuram, na ɔmpata mma ofi no na ɛho ntew. 54  “Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ bere a kwata ayɛ obi, bere a yare ayɛ ne ti ase anaa n’abogyesɛ,+ 55  bere a kwata ayɛ ataade mu+ anaa ɛwɔ ofi bi ho,+ 56  ne bere a biribi abɛtɔ obi honam ani na ahyɛ nsu anaa ɛhɔ atwintwam anaa asoa.+ 57  Eyi yɛ akwankyerɛ a ɛbɛma wɔahu ade a ɛho tew ne nea ɛho ntew.+ Eyi ne kwata ho mmara.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Efa nkyem du mu abiɛsa yɛ lita 6.6 (ɛrekɔ olonka abiɛsa). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “lɔg susude.” Lɔg baako yɛ lita 0.31. Hwɛ Nkh. B14.
Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “wadwira ofi no ho afi bɔne ho.”
Nt., “nnwira ofi no ho mfi bɔne ho.”