Leviticus 15:1-33

  • Ɔbarima a ne ho sen ne ɔbea a wayɛ bra ho ntew (1-33)

15  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Monka nkyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ nsu fi ɔbarima ho* sen a, n’ahosen no nti ne ho ntew.+  N’ahosen no ama ne ho agu fĩ. Sɛ nea efi ne barima* mu no da so ba oo, sɛ ama ne barima ano kwan asiw oo, ne ho ntew.  “‘Sɛ nsu fi obi ho sen a, mpa biara a ɔbɛda so anaa biribiara a ɔbɛtena so no ho ntew.  Sɛ onipa foforo ho kɔka ne mpa a, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na ɔde nsu guare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.+  Sɛ nea nsu fi ne ho sen no tena biribi so a, obiara a ɔbɛtena so bi no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.  Obiara a ne ho bɛka nea nsu fi ne ho sen no, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.  Sɛ nea nsu fi ne ho sen no tew ntasu gu obi a ne ho tew so a, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.  Sɛ nea nsu fi ne ho sen no tena aboa bi so a, ntamaa ɔtenaa so wɔ aboa no so no, ɛno nso ho ntew. 10  Biribiara a ɔbɛtena so no, sɛ obi ho ka a, ne ho rentew kosi anwummere. Na obiara a ɔbɛfa saa ade no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 11  Sɛ nea nsu fi ne ho sen no+ mfaa nsu nhohoroo ne nsa na oso obi mu a, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 12  Kuku biara a nea nsu fi ne ho sen no beso mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no, na sɛ oso ade a wɔde dua asen mu a, wɔmfa nsu nhohoro ho nyinaa.+ 13  “‘Sɛ nea nsu fi ne ho sen no ahosen no twa a, ɔntwɛn nnanson mfa nnwira ne ho. Na ɔnhoro ne ntaade na ɔmfa nsu a efi asuten mu nguare mma ne ho ntew.+ 14  Ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no. 15  Ɔsɔfo no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre, na n’ahosen no nti, ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim. 16  “‘Na sɛ ɔbarima bi ho ba a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa, nanso ne ho rentew kosi anwummere.+ 17  Ataade anaa aboa nhoma biara a ne ho nsu no bɛka mu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro, nanso ɛho rentew kosi anwummere. 18  “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbea da ma ɔbarima no ho ba a, wɔmfa nsu nguare, nanso wɔn ho rentew kosi anwummere.+ 19  “‘Sɛ mogya sen fi ɔbea ho a, ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnanson+ wɔ ne brayɛ mogya mu, efisɛ ne ho ntew, na obiara a ne ho bɛka no no nso ho rentew kosi anwummere.+ 20  Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so bere a wayɛ bra no, ɛho rentew.+ 21  Obiara a ne ho bɛka ne mpa no nhoro ne ntaade na onguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 22  Obiara a ne ho bɛka biribi a ɔbea no atena so no, ma onii no nhoro ne ntaade na onguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 23  Sɛ mpa so na na ɔte oo, sɛ biribi foforo so na na ɔte oo, obiara a ne ho bɛka no no, ne ho rentew kosi anwummere.+ 24  Na sɛ ɔbarima bi ne ɔbea no da ma ne brayɛ mogya gu ne ho fĩ a,+ ɔbarima no ho rentew nnanson, na biribiara a ɔbarima no bɛda so no, ɛno nso ho begu fĩ. 25  “‘Sɛ mogya tu ɔbea nna pii+ bere a ne bra nnui+ anaasɛ mogya no kyɛ sen bere a ɔde yɛ bra a, nna a mogya betu no nyinaa, ne ho rentew; ɛbɛyɛ te sɛ nea wayɛ bra no ara. 26  Mpa biara a ɔbɛda so bere a mogya retu no no bɛyɛ te sɛ bere a wayɛ bra no,+ na biribiara a ɔbɛtena so ho begu fĩ te sɛ bere a wayɛ bra no. 27  Obiara a ne ho bɛka nneɛma a ɛte saa no nso ho begu fĩ, na ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.+ 28  “‘Nanso sɛ mogya no twa a, ɔntwɛn nnanson, na ɛno akyi no, ne ho bɛtew.+ 29  Ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano.+ 30  Ɔsɔfo no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre, na ne ho a agu fĩ nti, ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim.+ 31  “‘Eyinom na monhwɛ mma Israelfo nyɛ mfa ntew wɔn ho, na wɔamfa fĩ anka me som ntamadan a ɛwɔ wɔn mfinimfini no na wɔanwuwu.+ 32  “‘Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a nsu fi ne ho sen, ɔbarima a ne ho nsu ama ne ho agu fĩ,+ 33  ɔbea a wayɛ bra ma enti ne ho ntew,+ ɔbarima anaa ɔbea biara a biribi fi ne ho sen,+ ne ɔbarima a ɔne ɔbea a ne ho ntew bɛda.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔbarima honam mu.”
Anaa “ne dua.”