Leviticus 17:1-16

  • Afei wɔbɛbɔ afɔre wɔ ɔsom ntamadan no mu (1-9)

  • Ɛnsɛ sɛ wodi mogya (10-14)

  • Mmara a ɛfa mmoa a wɔawu ho (15, 16)

17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:  “‘“Ɛnsɛ sɛ Israelni biara kum nantwi anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye wɔ asoɛe hɔ anaa asoɛe no akyi.  Mmom ɛsɛ sɛ ɔde ba Yehowa ahyiae ntamadan no kwan ano bɛbɔ afɔre wɔ Yehowa anim, kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no kwan ano. Anyɛ saa a, wobebu no sɛ wadi mogya ho fɔ. Wahwie mogya agu, enti wobekum no.*  Eyi bɛma Israelfo de mmoa a anka wobekum wɔn wɔ wuram no aba Yehowa anim de abrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ wɔde bɔ asomdwoe afɔre ma Yehowa.+  Afei ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de mogya no pete Yehowa afɔremuka no so wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na ɔhyew srade no ma ɛyɛ afɔre huamhuam* ma Yehowa.+  Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma abosom a wɔte sɛ mpɔnkye*+ a wɔne wɔn bɔ aguaman no bio.+ Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.”’  “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔpɛ sɛ ɔbɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre foforo bi no,  ɔmfa mmrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, anyɛ saa a, wobekum no.*+ 10  “‘Israelni anaa ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu a obedi mogya+ biara no, mɛma m’ani asa nea* odi mogya no, na mekum no.* 11  Na ɔhonam biara nkwa* wɔ ne mogya mu,+ na me na mede ama mo sɛ momfa mpata mma mo ho* wɔ afɔremuka no+ so, efisɛ nkwa* a ɛwɔ mogya mu nti, wɔde pata ma bɔne.+ 12  Eyi nti maka akyerɛ Israelfo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara* di mogya, na ɛnsɛ sɛ ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu+ nso di mogya.”+ 13  “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu kɔ ahayɔ na ɔkyere aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ odi a, onhwie ne mogya ngu+ mfa dɔte nkata so. 14  Na ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya, efisɛ nkwa* wɔ mogya no mu. Enti meka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Munnni ɔhonam biara mogya, efisɛ ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya. Obiara a obedi no, wobekum no.”*+ 15  Obiara* a ɔbɛwe aboa a wawu anaa nea aboa bi atetew ne mu no,+ ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔho oo, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na ɔde nsu guare, nanso ne ho rentew kosi anwummere;+ anwummere na ne ho bɛtew. 16  Na sɛ wanhoro ne ntaade anguare* a, ɛnde wayɛ bɔne na obenya ne bɔne so akatua.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “wɔbɔ afɔre ma mpɔnkye no.”
Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”
Anaa “ɔkra a.”
Anaa “metwa no afi ne man mu.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “mo mu ɔkra biara.”
Anaa “kra.”
Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “Ɔkra biara.”
Nt., “anguare ne honam.”