Leviticus 22:1-33

  • Asɔfo ahotew; nneɛma kronkron a wodi (1-16)

  • Afɔrebɔde a edi mu nkutoo na ɛsɔ ani (17-33)

22  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ nneɛma kronkron a Israelfo no retew ho ama me no, wɔnyɛ ahwɛyiye wɔ ho* na wɔangu me din kronkron no ho fĩ.+ Mene Yehowa.  Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, sɛ mo asefo mu biara ho gu fĩ na ɔba nneɛma kronkron a Israelfo atew ho ama Yehowa no ho a, wonkum saa onipa no.*+ Mene Yehowa.  Aaron asefo no mu barima biara a ɔyare kwata+ anaa nsu fi ne ho sen+ rentumi nni nneɛma kronkron no bi kosi sɛ ne ho bɛtew,+ na nea ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ+ nso rentumi nni. Saa ara na sɛ ɔbarima bi ho ba,+  anaa ne ho ka aboa a ɔwea fam+ a ne ho ntew anaa ne ho ka obi a biribi agu ne ho fĩ a,+ ɔrentumi nni.  Obi* a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho rentew kosi anwummere, na ɛnsɛ sɛ odi nneɛma kronkron no bi. Ɛsɛ sɛ ɔde nsu guare.+  Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew, na obetumi adi nneɛma kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ n’aduan.+  Afei nso, ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa nea aboa foforo atetew ne mu, na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa.  “‘Wɔnhwɛ nni m’ahyɛde so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me nneɛma kronkron ho fĩ, na wɔanni fɔ amma wɔanwuwu. Mene Yehowa, na me na merema wɔn ho atew. 10  “‘Obiara a omfi asɔfo abusua mu* rentumi nni nneɛma kronkron no bi.+ Ɔhɔho a wabɛsoɛ ɔsɔfo anaa ɔpaani biara rentumi nni nneɛma kronkron no bi. 11  Nanso sɛ ɔsɔfo tew sika tɔ obi* a, onii no betumi adi bi. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fi nso betumi adi n’aduan no bi.+ 12  Sɛ ɔsɔfo babea kɔware obi a ɔnyɛ ɔsɔfo* a, ɔbea no rentumi nni afɔrebɔde kronkron no bi. 13  Nanso sɛ ɔsɔfo babea bɛyɛ okunafo anaa sɛ ne kunu gyaa no na onni mma, na sɛ ɔsan kɔtena ne papa fi te sɛ bere a na ɔyɛ abeawa no a, obetumi adi ne papa aduan no bi;+ obi a omfi asɔfo abusua mu* de, ɔrentumi nni bi. 14  “‘Sɛ obi di ade kronkron bere a ɛnsɛ sɛ odi na n’ani ba ne ho so a, ɔmfa dekode no nkyem anum mu baako nka afɔrebɔ kronkron no ho mmrɛ ɔsɔfo no.+ 15  Enti wɔnhwɛ na wɔangu nneɛma kronkron a Israelfo de bɛbrɛ Yehowa no ho fĩ+ 16  esiane sɛ wɔadi ade kronkron nti. Anyɛ saa a wobedi fɔ na wɔanya ho asotwe. Mene Yehowa, na me na merema wɔn ho atew.’” 17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi nti Israelni anaa ɔhɔho a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre+ anaa ayamye afɔre+ mma Yehowa a, 19  nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ani asɔ no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini, odwennini kumaa, anaa ɔpapo a ɔte apɔw.+ 20  Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ anyɛ saa a, n’ani rensɔ. 21  “‘Sɛ obi de aboa bi rebɛbɔ asomdwoe afɔre+ ama Yehowa de atua bɔhyɛ bi anaa ɔde rebɛbɔ ayamye afɔre a, ɔmfa oguan anaa nantwi a ɔte apɔw a dɛm biara nni ne ho mmra na ama n’ani asɔ. 22  Mommfa aboa a n’ani abɔ, nea ne dompe mu abu, nea biribi atwa no, nea ne ho atutu akuru, nea wadɔ ntwom, anaa nea ɛyam atotɔ ne ho mmmrɛ Yehowa; monnhyew eyinom biara wɔ afɔremuka no so mmmɔ afɔre mmma Yehowa. 23  Sɛ nantwi anaa oguan bi nan baako ware anaa ɛyɛ tia dodo a, mubetumi de abɔ ayamye afɔre, nanso sɛ mode tua bɔhyɛ bi a, ɛrensɔ ani. 24  Mommfa aboa a ne hwea abɔ, apɛtɛw, atew afi hɔ, anaa wɔatwa afi so mmma Yehowa anim, na mommfa mmmɔ afɔre wɔ mo asaase so. 25  Munnnye eyinom mu biara mmfi ɔhɔho nsam mma mo Nyankopɔn sɛ afɔrebɔde,* efisɛ wɔn ho agu fĩ na wɔadi dɛm. Ɛrensɔ ani.’” 26  Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: 27  “Sɛ nantwi anaa oguan anaa apɔnkye wo a, ne ba no ntena ne maame nkyɛn nnanson,+ na efi da a ɛto so awotwe rekɔ no, mubetumi de ne ba no abɔ afɔre a wɔde ogya hyew ama Yehowa ma n’ani asɔ. 28  Munnkum nantwi anaa oguan ne ne ba nyinaa da koro.+ 29  “Sɛ morebɔ aseda afɔre ama Yehowa a,+ mommɔ no sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. 30  Munni no saa da no ara. Munnnyaw bi mmma ade nnkye so.+ Mene Yehowa. 31  “Munni m’ahyɛde so, na monyɛ nea maka nyinaa.+ Mene Yehowa. 32  Munngu me din kronkron no ho fĩ.+ Montew me din ho wɔ Israelfo mu.+ Mene Yehowa, na me na merema mo ho atew.+ 33  Me na miyii mo fii Egypt asaase so ma muhui sɛ mene mo Nyankopɔn no.+ Mene Yehowa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wɔntwe wɔn ho mfi ho.”
Anaa “wontwa ɔkra a ɔte saa no mfi m’anim.”
Anaa “aka ɔkra a wawu.”
Anaa “Ɔkra.”
Nt., “Abɔntensoni,” kyerɛ sɛ, obi a omfi Aaron abusua mu.
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “kɔware abɔntensoni.”
Nt., “abɔntensoni,” kyerɛ sɛ, obi a omfi Aaron abusua mu.
Nt., “paanoo.”