Leviticus 3:1-17

  • Asomdwoe afɔre (1-17)

    • Munnni srade anaa mogya (17)

3  “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre,+ na sɛ nantwi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea ɔte apɔw na ɔmfa mmra Yehowa anim. 2  Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wonkum no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 3  Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre no, onyi n’afã a edidi so yi mfa nyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa:+ srade+ a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa, 4  ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 5  Ma Aaron mma no nhyew wɔ afɔremuka no so nka ɔhyew afɔre a aka no ho. Wɔnhyew wɔ ogya no so.+ Ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 6  “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguan bɔ asomdwoe afɔre ma Yehowa a, onini oo, ɔbere oo, ɔmfa nea ɔte apɔw mmra.+ 7  Sɛ ɔde odwennini kumaa rebɛbɔ afɔre a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 8  Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wonkum no wɔ ahyiae ntamadan no anim. Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 9  Ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoe afɔre no srade nyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ Onyi ne dua a adɔ srade no nyinaa, srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa, 10  ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 11  Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so. Eyi yɛ aduan,* afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 12  “‘Sɛ apɔnkye na ɔde rebɛbɔ afɔre a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 13  Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wonkum no wɔ ahyiae ntamadan no anim, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 14  Ɔfã a ɔde bɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no ni: srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa,+ 15  ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho. 16  Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so. Eyi yɛ aduan,* afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew. Srade no nyinaa yɛ Yehowa dea.+ 17  “‘Momma eyi nyɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu wɔ baabi a mobɛtena biara: Munnni srade anaa mogya+ biara.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “paanoo,” kyerɛ sɛ, asomdwoe afɔre no fã a ɛyɛ Onyankopɔn dea.
Nt., “paanoo,” kyerɛ sɛ, asomdwoe afɔre no fã a ɛyɛ Onyankopɔn dea.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”