Leviticus 4:1-35

  • Bɔne ho afɔre (1-35)

4  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ obi* ani nna ne ho so na ɔkɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a,+ ɛho asɛm ni:  “‘Sɛ ɔsɔfo a wɔasra no+ yɛ bɔne bi+ na ɛma ɔman no di fɔ a, ɛnde ɔmfa nantwinini kumaa a ɔte apɔw mmɔ ne bɔne no ho afɔre mma Yehowa.+  Ma ɔmfa nantwi no mmra ahyiae ntamadan no kwan ano+ wɔ Yehowa anim, na ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na onkum no wɔ Yehowa anim.+  Ma ɔsɔfo a wɔasra no no+ mfa nantwi no mogya no bi mmra ahyiae ntamadan no mu.  Afei ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu+ wɔ kronkronbea no ntwamutam no anim, na ɔmpete mogya no bi mpɛn ason+ wɔ Yehowa anim.  Aduhuam afɔremuka a ɛwɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no mu no, ma ɔsɔfo no mfa mogya no bi nsosɔ ne mmɛn no ho.+ Afei onhwie nantwi no mogya a aka nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase.+ Saa afɔremuka yi na esi ahyiae ntamadan no kwan ano no.  “‘Ma onyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa,  ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Afei onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 10  Monyɛ no sɛnea moyɛ nantwi a wɔde bɔ asomdwoe afɔre no.+ Ma ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no so. 11  “‘Nanso nantwinini no nhoma, ne nam nyinaa, ne ti, ne nan, ne nsono, ne ne bin,+ 12  kyerɛ sɛ, nea aka wɔ nantwi no ho nyinaa de, ma ɔmfa nkɔ asoɛe no akyi baabi a ɛhɔ tew a wɔtow nsõ* gu no, na ɔmfa ngu anyina so nhyew ne nyinaa.+ Baabi a wɔtow nsõ gu no, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ ɔhyew no. 13  “‘Afei sɛ Israel asafo no ani nna wɔn ho so na wɔfom kɔyɛ nea Yehowa aka sɛ mma wɔnnyɛ no bi, na ɛma wɔn nyinaa di fɔ,+ 14  na sɛ wobehu sɛ wɔayɛ bɔne a, ma asafo no mfa nantwinini kumaa baako mmra ahyiae ntamadan no ano mmɛbɔ bɔne ho afɔre. 15  Ma mpanyimfo a wɔwɔ bagua no mu mfa wɔn nsa ngu nantwi no apampam wɔ Yehowa anim mma wonkum nantwi no wɔ Yehowa anim. 16  “‘Afei ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwi no mogya no bi mmra ahyiae ntamadan no mu. 17  Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu wɔ kronkronbea no ntwamutam+ no anim, na ɔmpete mogya no bi mpɛn ason wɔ Yehowa anim. 18  Ma ɔmfa mogya no bi nsosɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no ho wɔ ahyiae ntamadan no mu. Afei onhwie nantwi no mogya a aka nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase. Saa afɔremuka yi na esi ahyiae ntamadan no kwan ano no.+ 19  Ma onyi ne srade nyinaa na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so.+ 20  Ɔnyɛ no sɛnea ɔyɛɛ nantwinini baako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no. Saa na ɔbɛyɛ no ama ɔsɔfo no de apata ama wɔn,+ na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. 21  Ma ɔmfa nantwi no nkɔ asoɛe no akyi nkɔhyew no sɛnea ɔhyew nantwi a odi kan no.+ Ɛyɛ asafo no bɔne ho afɔre.+ 22  “‘Sɛ mpanyimfo+ no bi ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a ne Nyankopɔn Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi ma odi fɔ, 23  anaa sɛ obehu sɛ wato mmara a, ɛnde ɔmfa ɔpapo kumaa a ɔte apɔw mmɛbɔ afɔre. 24  Ma ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no apampam na onkum no wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no wɔ Yehowa anim no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 25  Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn ho.+ Afei onhwie mogya a aka no ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase.+ 26  Ma ɔnhyew ne srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so sɛnea ɔyɛ aboa a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no srade no.+ Ɔsɔfo no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no. 27  “‘Sɛ obi* wɔ asaase no so na n’ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi na odi fɔ,+ 28  anaa sɛ obehu sɛ wayɛ bɔne a, ɛnde ɔmfa apɔnkyebere kumaa a ɔte apɔw mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre. 29  Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no apampam na wonkum no wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no.+ 30  Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmfa nsosɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn ho. Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka no ase.+ 31  Ma onyi ne srade no nyinaa+ sɛnea oyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no srade no.+ Afei ma ɔsɔfo no mfa mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* wɔ afɔremuka no so mma Yehowa, na ɔsɔfo no mfa mpata mma no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. 32  “‘Sɛ aboa a ɔde rebɛbɔ afɔre no yɛ oguan ba a, ma ɔmfa ɔbere kumaa a ɔte apɔw mmra. 33  Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no apampam, na onkum no mfa mmɔ bɔne ho afɔre wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no.+ 34  Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn ho.+ Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka no ase. 35  Onyi ne srade nyinaa sɛnea wɔde odwennini kumaa rebɔ asomdwoe afɔre a woyi ne srade no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so wɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no so.+ Ma ɔsɔfo no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”