Leviticus 6:1-30

  • Bɔne ho afɔre ho nsɛm foforo (1-7)

  • Afɔrebɔ ahorow ho akwankyerɛ (8-30)

    • Ɔhyew afɔre (8-13)

    • Aduan afɔre (14-23)

    • Bɔne ho afɔre (24-30)

6  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2  “Sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bedi ne nsam na wanni mu nokware,+ anaa ɔbɔ ne yɔnko korɔn anaasɛ ɔfa ɔkwan bi so sisi no a, saa onipa* no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokware.+ 3  Anaa sɛ ohu biribi a ayera na wanka mu nokware anaa ɔyɛ nneɛma yi bi na ɔka atoro ntam wɔ ho a, wayɛ bɔne,+ na nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: 4  Sɛ ampa wayɛ bɔne na odi fɔ a, nea owiae anaa ɔnam nsisi so nyae anaa nea wɔde maa no sɛ ɔnhwɛ so a ɔfae anaa nea ayera a ohui no, ɛsɛ sɛ ɔsan de kɔ. 5  Biribiara a abedi ne hɔ a ɔkaa atoro ntam wɔ ho no, ɔmfa nkɔ anaa ontua ho ka.+ Afei ɛda a ne bɔne bɛda adi no, wommu nea ɔfae no ho ka, na wɔnkyɛ mu anum mma ontua mu baako nka ho mma ne wura. 6  Ma ɔmfa odwennini a ɔte apɔw a ne bo ne ɛbo a wɔatwa ato hɔ no yɛ pɛ mmrɛ Yehowa, na ɔsɔfo no mfa mmɔ afodi afɔre.+ 7  Afei ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama wadi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”+ 8  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 9  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Ɔhyew afɔre no ho mmara ni:+ Momma aboa a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre no nna afɔremuka no gya so anadwo mu nyinaa nkosi anɔpa, na wɔnhwɛ sɛ afɔremuka no gya rennum. 10  Ma ɔsɔfo no nhyɛ n’ataade a wɔde nwera apam no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Afei nea wɔde bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so no, onyi ɛho nsõ*+ no ngu afɔremuka no nkyɛn. 11  Ɛno akyi no, onyi n’ataade no+ ngu hɔ na ɔnhyɛ ataade foforo, na ɔnsesaw nsõ no nkɔ baabi a ɛhɔ tew wɔ asoɛe no akyi.+ 12  Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ogya wɔ afɔremuka no so daa, na ɛnsɛ sɛ edum. Ma ɔsɔfo no mfa anyina+ ngu so nhyew no anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyew afɔre no nto so, na ɔmma asomdwoe afɔrebɔde no srade nhyew wɔ so.+ 13  Ɛnsɛ sɛ afɔremuka no so gya dum; ɛsɛ sɛ mohwɛ hu sɛ ogya wɔ so daa. 14  “‘Aduan afɔre no ho mmara ni:+ Aaron mma na ɛsɛ sɛ wɔde ba Yehowa anim wɔ afɔremuka no anim. 15  Wɔn mu baako nsaw esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduan afɔre no ne ngo no ne ɛhyɛ* a ɛka ho no nsa ma, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam* mma Yehowa, na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.*+ 16  Aaron ne ne mma nni nea ɛbɛka no.+ Wonni no sɛ paanoo a mmɔkaw* nnim wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+ 17  Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a mmɔkaw wom ka ho tõ.+ Aduan afɔre a wɔde ogya hyew ma me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa.+ Ɛyɛ ade kronkron paa+ te sɛ bɔne ho afɔre ne afodi afɔre no. 18  Aaron mma mmarima no nyinaa bedi bi.+ Ɛyɛ wɔn kyɛfa a wobenya afi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.+ Biribiara a ɛbɛka no* no bɛyɛ kronkron.’” 19  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 20  “Da a wɔbɛsra+ Aaron ngo no, afɔre a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa ni: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako*+ mmɔ aduan afɔre+ mma me bere nyinaa. Sɛ wɔde fã bɔ afɔre anɔpa a, na wɔde fã abɔ afɔre anwummere. 21  Wɔmfa ngo mfɔtɔw no yiye na wɔntõ wɔ apampaa so.+ Afei wɔmfa aduan a wɔatõ na wɔabubu mu asinasin no mmra Yehowa anim sɛ aduan afɔre huamhuam.* 22  Ne mma no mu nea wɔbɛsra no ahyɛ no sɔfo asi n’anan+ no na ɔbɛbɔ afɔre no. Eyi ne ahyɛde a wobedi so daa: Ma wɔnhyew afɔrebɔde no nyinaa mma Yehowa. 23  Aduan afɔre biara a wɔbɛbɔ ama ɔsɔfo bi no, ɛsɛ sɛ wɔhyew ne nyinaa. Obiara nnni bi.” 24  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 25  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔre no ho mmara ni:+ Faako a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no,+ ɛhɔ ara nso na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ade kronkron paa. 26  Ɔsɔfo a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no bɛwe bi.+ Na ɔbɛwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+ 27  “‘Biribiara a ɛbɛka nam no bɛyɛ kronkron, na sɛ obi de mogya no bi pete n’ataade mu a, ma ɔnhoro nea mogya aka mu no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. 28  Sɛ wɔnoae wɔ kuku mu a, wɔmmɔ kuku no. Nanso sɛ wɔnoae wɔ kɔbere sɛn mu a, wontwitwiw mu mfa nsu nhohoro mu. 29  “‘Mmarima a wɔyɛ asɔfo nyinaa bɛwe bi.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 30  Nanso bɔne ho afɔre biara a wɔde ɛho mogya no bi bɛkɔ ahyiae ntamadan no kronkronbea+ hɔ akɔpata ama bɔne no, ɛnsɛ sɛ obiara we bi. Wɔmfa ogya nhyew ne nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkra.”
Anaa “twakoto.”
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “na ɛnyɛ nkae ade.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Anaa “ɛbɛka afɔrebɔde.”
Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”