Leviticus 8:1-36

  • Wɔhyɛɛ Aaron ne ne mma asɔfo (1-36)

8  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Fa Aaron ne ne mma+ no bra, na fa ntaade no,+ ɔsrango,+ nantwinini a mode bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien no, ne paanoo a mmɔkaw* nnim+ a egu kɛntɛn mu bra,  na ma asafo no nyinaa mmehyia wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano.”  Mose yɛɛ nea Yehowa kae sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ, na asafo no behyiaam wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano.  Afei Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Eyi ne nea Yehowa aka sɛ yɛnyɛ.”  Enti Mose de Aaron ne ne mma bae, na ɔde nsu guaree wɔn.+  Ɛno akyi no, ɔde ataade tenten no+ hyɛɛ no, na ɔde nea ɔde bɛbɔ ne mu+ no bɔɔ so, na ɔde nsasin+ no nso hyɛɛ no. Afei ɔde efɔd*+ no hyɛɛ no de abɔso*+ a wɔanwene no soo mu.  Na ɔde nkatabo no+ nso hyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim*+ no hyɛɛ nkatabo no mu.  Ɛnna ɔde abotiri no+ bɔɔ ne ti, na ɔde ade tratraa hyɛnn a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛno ne ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron*+ no bɔɔ abotiri no anim. Sɛnea Yehowa kae no, saa ara na Mose yɛe. 10  Ɛnna Mose faa ɔsrango no, na ɔsraa ɔsom ntamadan no ne biribiara a ɛwom+ de dwiraa ho. 11  Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn ason, na ɔsraa afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɔsɛn no ne ne nnyinaso de tew ho. 12  Owiei no, ohwiee ɔsrango no bi guu Aaron apampam, na ɔsraa no dwiraa ne ho.+ 13  Ɛnna Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔde ntaade tenten no hyɛɛ wɔn de nea wɔde bɛbɔ wɔn mu no bɔɔ so. Na ɔde abotiri no bobɔɔ* wɔn ti,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 14  Afei ɔde nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwi no apampam.+ 15  Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔremuka no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔremuka no ho.* Afei ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔre wɔ so de apata bɔne. 16  Ɛno akyi no, Mose yii srade a ɛwɔ aboa no nsono ne ne mmerɛbo ho no nyinaa ne asaabo abien no ne ɛho srade, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so.+ 17  Afei nea aka wɔ nantwi no ho nyinaa, ne nhoma, ne nam, ne ne bin no, ɔde ogya hyewee wɔ asoɛe no akyi+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 18  Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19  Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔremuka no so hyiae. 20  Mose twitwaa odwennini no mu asinasin, na ɔde ne ti, ne nam asinasin no, ne ne srade* no nyinaa guu gya no mu. 21  Mose de nsu hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyew odwennini no nyinaa wɔ afɔremuka no so. Ná ɛyɛ ɔhyew afɔre huamhuam,* afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 22  Afei ɔde oguan a ɔto so abien no, odwennini a wɔde bɛbɔ afɔre de ahyɛ wɔn sɔfo no bae,+ na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 23  Mose kum aboa no de ne mogya no bi yɛɛ Aaron aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. 24  Afei Mose de Aaron mma no nso bae na ɔde mogya no bi yɛɛ wɔn aso nifa ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn nan nifa kokurobeti ho. Na Mose de mogya a aka no petee afɔremuka no so hyiae.+ 25  Ɛnna oyii ne srade, ne dua a adɔ srade no, ne srade a ɛwɔ ne nsono ne ne mmerɛbo ho no nyinaa ne n’asaabo abien no ne ɛho srade ne ne nan nifa a ɛwɔ akyi no.+ 26  Oyii paanoo baako a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo baako a mmɔkaw nnim a wɔde ngo afa ho a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo a mmɔkaw nnim tratraa baako fii kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. Ɛnna ɔde guu aboa no srade no ne ne nan nifa a ɛwɔ akyi no so. 27  Afei ɔde ne nyinaa guu Aaron ne ne mma no nsam, na wohim no sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim. 28  Akyiri yi Mose gye fii wɔn nsam hyewee wɔ afɔremuka no so kaa ɔhyew afɔre no ho. Ná ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔbɔ de hyɛɛ wɔn sɔfo, afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa. 29  Mose faa aboa no koko him no sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim.+ Eyi ne Mose kyɛfa a onya fii afɔre a ɔbɔ maa asɔfo* no mu, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 30  Afei Mose faa ɔsrango+ ne mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mma ho ne wɔn ntaade mu. Ɔyɛɛ saa de dwiraa Aaron ne ne ntaade ho ne ne mma+ a wɔka ne ho ne wɔn ntaade ho.+ 31  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma sɛ: “Monnoa+ nam no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na momfa nka paanoo a ɛwɔ kɛntɛn* mu no ho na munni wɔ hɔ. Nea wɔka kyerɛɛ me wɔ ho ne sɛ, ‘Aaron ne ne mma na wobedi.’+ 32  Ɛnam ne paanoo a ɛbɛka no, momfa ogya nhyew.+ 33  Montena mmɛn ahyiae ntamadan no kwan ano nnanson; mummfi hɔ kosi sɛ nna a wɔde bɛhyɛ mo asɔfo no bɛso, efisɛ nnanson na yɛde bɛhyɛ mo asɔfo.*+ 34  Nea ɛnnɛ yɛayɛ yi, Yehowa na waka sɛ yɛnyɛ mfa mpata mma mo.+ 35  Montena ahyiae ntamadan no kwan ano nnanson,+ awia ne anadwo, na monhwɛ nyɛ nea Yehowa aka akyerɛ mo no nyinaa,+ na moanwuwu; ɛno ne ahyɛde a wɔde ama me.” 36  Na Aaron ne ne mma yɛɛ nea Yehowa nam Mose so kae no nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bɛlt.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ahemmotiri kronkron.”
Anaa “kyekyeree.”
Nt., “de dwiraa afɔremuka no ho fii bɔne ho.”
Anaa “asaabo no ho srade.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “asɔfohyɛ guan.”
Nt., “asɔfohyɛ kɛntɛn.”
Nt., “bɛhyɛ mo nsa ma.”