Leviticus 9:1-24

  • Aaron de mmoa bɔɔ afɔre (1-24)

9  Ɛda a ɛto so awotwe no,+ Mose frɛɛ Aaron ne ne mma ne Israel mpanyimfo.  Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa nantwi ba ne odwennini a wɔte apɔw bra Yehowa anim. Wode nantwi ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre+ na wode odwennini no abɔ ɔhyew afɔre.  Na Israelfo no nso, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa ɔpapo mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na momfa nantwi ba ne odwennini kumaa a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre.  Afei momfa nantwinini ne odwennini mmɛbɔ asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim, na momfa ngo mfra esiam mmɛbɔ aduan afɔre,+ efisɛ Yehowa beyi ne ho adi akyerɛ mo nnɛ.’”+  Ɛnna wɔde nea Mose kae sɛ wɔmfa mmra no baa ahyiae ntamadan no ano. Afei asafo no nyinaa begyinaa Yehowa anim.  Mose kae sɛ: “Eyi na Yehowa aka sɛ monyɛ na ama Yehowa ayi n’anuonyam adi akyerɛ mo.”+  Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata ma wo ho+ ne wo fifo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde no+ bɔ afɔre pata ma wɔn+ sɛnea Yehowa de ahyɛde ama yɛn no.”  Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔremuka no ho kokum nantwi ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔre no.+  Ɛnna Aaron mma no de mogya+ no brɛɛ no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu sosɔɔ afɔremuka no mmɛn ho, na ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase.+ 10  Oyii aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no srade ne n’asaabo ne ne mmerɛbo ho srade, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 11  Na ɔde ogya hyew aboa no nam ne ne nhoma wɔ asoɛe no akyi.+ 12  Afei okum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔremuka no so hyiae.+ 13  Wotwitwaa aboa no mu asinasin de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so. 14  Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so kaa ɔhyew afɔre no ho. 15  Ɛno akyi no, ɔde nea ɔman no de bae no nso bɔɔ afɔre. Okum ɔpapo a ɔman no de bae no de bɔɔ bɔne ho afɔre sɛnea ɔyɛɛ afɔre a edi kan no. 16  Afei ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ no no.+ 17  Ɔhyew afɔre a ɔbɔɔ no anɔpa+ akyi no, ɔde nea ɔde bɛbɔ aduan afɔre+ nso bae, na ɔsaw bi guu ne nsam de guu afɔremuka no so ma ɛhyewee. 18  Ɛno akyi no, okum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔremuka no so hyiae.+ 19  Na nantwinini no srade+ ne odwennini no dua a adɔ srade no ne wɔn nsono ho srade, wɔn asaabo, ne wɔn mmerɛbo ho srade no de,+ 20  woyii srade yi nyinaa de kaa mmoa no koko ho, na ɔhyew srade no wɔ afɔremuka no so.+ 21  Mmoa no koko ne wɔn anan nifa a ɛwɔ akyi no de, Aaron himii sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim, sɛnea Mose kae no.+ 22  Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no so, na ohyiraa wɔn,+ na bere a owiee bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no, osii fam. 23  Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ ahyiae ntamadan no mu, na wopue behyiraa ɔman no.+ Afei Yehowa maa nnipa no nyinaa huu n’anuonyam,+ 24  na ogya fi Yehowa hɔ+ bɛhyew ɔhyew afɔre no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Bere a nnipa no nyinaa hui no, wɔteɛteɛɛm na wɔde wɔn anim butubutuw fam.+

Ase Hɔ Nsɛm