Malaki 4:1-6

  • Elia bɛba ansa na Yehowa da no aba (1-6)

    • ‘Trenee wia bɛhyerɛn’ (2)

4  Asafo Yehowa asɛm ni: “Hwɛ! Ɛda bi reba, na ɛredɛw te sɛ fononoo mu gya.+ Saa da no, ahantanfo ne wɔn a wodi bɔne nyinaa bɛyɛ sɛ sare.* Na sɛnea ɛte biara, ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, na wɔn ntini anaa wɔn nkorabata mpo renka.  Nanso mo a mohyɛ me din anuonyam* no de, owia a ɛde trenee ba a ayaresa wɔ ne hann mu* no bɛhyerɛn mo so. Na mubehuruhuruw te sɛ nantwi mma a wɔadɔ srade.”  “Ɛda a mɛkeka me ho no, mubetiatia abɔnefo so, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ mfuturu wɔ mo nan ase,” asafo Yehowa asɛm ni.  “Monkae m’akoa Mose Mmara no, ahyɛde ne atemmusɛm a mekae wɔ Horeb sɛ Israelfo nyinaa nni so no.+  “Hwɛ! Meresoma odiyifo Elia aba mo nkyɛn+ ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no aba.+  Na ɔbɛdan agyanom koma aba mma so,+ na wadan mma koma aba agyanom so, sɛnea ɛbɛyɛ a meremma mmɛbɔ asaase no nsɛe no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Eyi yɛ hwiit anaa baali dua a ɛka wɔ afuw mu bere a wɔatwa ɛso aba awie.
Nt., “mo a musuro me din.”
Nt., “ne ntaban mu.”