Mika 1:1-16

  • Samaria ne Yuda atemmu (1-16)

    • Bɔne ne atuatew na ɛde ɔhaw no nyinaa bae (5)

1  Yuda ahemfo+ Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ bere so no, Yehowa asɛm baa Mika*+ a ofi Moreset nkyɛn. Onyaa anisoadehu a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho sɛ:   “Aman nyinaa, muntie! Asaase ne nea ɛwom nyinaa, monyɛ aso,Na momma Awurade Tumfo Yehowa nni adanse ntia mo+Wɔ Yehowa asɔrefi kronkron mu hɔ.   Hwɛ! Yehowa fi ne tenabea reba;Obesian aba, na wabetiatia asaase so nkoko so.   Mmepɔw bɛnan wɔ ne nan ase,+Na abon* mu bɛpaapaeSɛnea ogya nan ɛwokyɛm no,Sɛnea nsu a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ sian te no.   Yakob atuatew nti na eyinom nyinaa aba,Esiane Israel fi bɔne nti.+ Dɛn ne Yakob atuatew? Ɛnyɛ Samaria?+ Na dɛn ne Yuda nkoko?+ Ɛnyɛ Yerusalem?   Mɛma Samaria adan abo akuwakuw,*Baabi a wodua bobe;Mɛtow* n’abo agu bon mu,Na mɛma ne fapem ho ada hɔ.   Wobebubu n’ahoni nyinaa,+Na akyɛde a ɔde ne ho mae* a onyae no, wɔbɛhyew ne nyinaa wɔ ogya mu.+ Mɛsɛe n’abosom nyinaa. Ɔde tuutuusi sika na enyae,Na ɛbɛdan tuutuufo foforo akatua.”   Eyi nti, mesu na mabɔ bena;+Mede me nan besisi fam anantew, na mabɔ adagyaw.+ Mesu te sɛ sakraman,Na mabɔ bena te sɛ nsohori.   Efisɛ wɔrentumi nsa ne kuru,+Na aba ara abedu Yuda.+ Ne yare no atrɛw abedu me man kurow pon ano, abedu Yerusalem.+ 10  “Mommmɔ so wɔ Gat;Munnsu koraa. Mummunumunum mfuturu mu wɔ Bet-Afra.* 11  Mo a mote* Safir, momfa adagyaw ne aniwu mmɛsen. Wɔn a wɔte* Saanan de, wompuei. Wɔbɛbɔ bena wɔ Bet-Esel, na ɔrennyina w’akyi bio. 12  Efisɛ wɔn a wɔte* Marot no hwɛɛ biribi pa kwan,Nanso bɔne na esian fii Yehowa hɔ baa Yerusalem pon ano. 13  O, mo a mote* Lakis,+ momfa teaseɛnam nsã apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare no kɔn mu. Wo na woyɛ Sion babea bɔne mfiase,Na wo mu na wohuu Israel atuatew.+ 14  Enti wobɛma Moreset-Gat nkradi* akyɛde. Na Aksib afi+ ama Israel ahemfo nsa asi fam. 15  O, mo a mote* Maresa,+ mɛma obi abedi mo so nkonim.+ Israel anuonyam bɛkɔ ara akodu Adulam.+ 16  Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti, bɔ tikwaw, werɛw wo ti ho nyinaa. Ma wo ti ho nyɛ kwabokwabo sɛ opete,*Efisɛ wɔatu wɔn ase afi wo nkyɛn kɔ obi man so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ edin Mikael (ɛkyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”) anaa Mikaia (ɛkyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Yehowa?”) a wɔatwa no tiaa.
Anaa “asaasetraa.”
Anaa “abo akuwakuw wɔ wuram.”
Nt., “Mehwie.”
Anaa “ne tuutuusi akatua nyinaa.”
Anaa “Afra fi.”
Nt., “Ɔbea a wote.”
Nt., “Ɔbea a wote.”
Nt., “ɔbea a wote.”
Nt., “ɔbea a wote.”
Anaa “ntetewmu.”
Nt., “ɔbea a wote.”
Hebri asɛmfua no tumi kyerɛ ɔkɔre nso.