Mika 2:1-13

  • Wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo so no nnue! (1-11)

  • Wɔbɛsan aboaboa Israelfo ano ama wɔayɛ baako (12, 13)

    • Nnipa bɛbɔ ose wɔ asaase no so (12)

2  “Wonnue! Wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne,Wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn mpa so no! Ade kye a, nea wɔabɔ ho pɔw no, wɔyɛ,Efisɛ tumi wɔ wɔn nsam.+  2  Wɔn ani bere mfuw, na wogye;+Wɔn ani bere afi nso, na wɔfa;Wosisi ɔbarima gye ne fi,+Na wosisi ɔbarima gye n’agyapade.  3  Enti nea Yehowa aka ni: ‘Merepɛ mmusu bi de aba abusua yi so,+ na morentumi nguan mfi mu.*+ Morentumi nnantew ahantan so bio,+ efisɛ ɛbɛyɛ amanehunu bere.+  4  Saa da no, nkurɔfo de mo bebu bɛ,Na wɔabɔ mo ho bena.+ Wɔbɛka sɛ: “Wɔayɛ yɛn pasaa!+ Wɔama me man kyɛfa akodi nnipa foforo nsam; wɔagye afi me nsam!+ Wɔde yɛn nsaase ama okontomponi.”  5  Enti worennya obiara a ɔbɛtwe susuhama no mu,Akyekyɛ asaase no wɔ Yehowa asafo mu.  6  Wɔka sɛ: “Munnyae asɛm no ka!Ɛnsɛ sɛ wɔka saa nneɛma yi ho asɛm;Animguase renka yɛn!”  7  O Yakob fi, wɔka sɛ: “Yehowa honhom nni abotare bio anaa? Eyinom yɛ ne nneyɛe anaa?” Me nsɛm mfa adepa mmrɛ wɔn a wɔnantew trenee mu no anaa?  8  Nanso nnansa yi, m’ankasa me nkurɔfo asɔre sɛ ɔtamfo. Wɔn a wɔde ahotoso retwam, te sɛ wɔn a wofi ɔko reba no,Muyi ade fɛfɛɛfɛ a ɛka wɔn ntaade ho no.*  9  Mopam me man mu mmea fi wɔn afi fɛfɛɛfɛ mu;Na nneɛma akɛse a mede ahyira wɔn no, mugye fi wɔn mma nsam korakora. 10  Sɔre na kɔ, efisɛ ɛha nyɛ baabi a wɔhome. Esiane ɔbra fĩ* nti,+ ɔsɛe reba, ɔsɛe kɛse.+ 11  Sɛ ɔbarima bi di mframa ne nkontompo akyi, na odi atoro sɛ: “Mɛka nsã* ne nsã a ano yɛ den ho asɛm akyerɛ mo” a, Ɛnde, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔman yi sɛnkafo!*+ 12  O, Yakob, mɛboaboa mo nyinaa ano:Mɛboaboa Israelfo a aka no nyinaa ano.+ Mɛma wɔayɛ baako, te sɛ nguan a wɔwɔ nguammuw* mu,Te sɛ nguan a wɔwɔ adidibea;+Nnipa bɛbɔ ose wɔ hɔ.’+ 13  Nea obebubu de abɔ kwan no bedi wɔn anim,Wɔbɛbɔ twi afa ɔkwan no mu; wɔbɛfa pon no mu, na wɔafa mu apue.+ Wɔn hene bedi wɔn kan afa mu, Na Yehowa bedi wɔn anim.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “morentumi nyi mfi mo kɔn mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ade fɛfɛ a ɛbobɔ wɔn ntaade mu no.”
Anaa “afide.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “nkɔmhyɛni!”
Anaa “nguannan.”