Nahum 1:1-15

  • Onyankopɔn tua wɔn a wɔne no di asi no ka (1-7)

    • Onyankopɔn mpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho (2)

    • Yehowa ani ku wɔn a wɔde no yɛ guankɔbea no ho (7)

  • Wɔbɛsɛe Niniwe pasaa (8-14)

    • Ahohia no rensan mma bio (9)

  • Yuda bɛte asɛmpa (15)

1  Niniwe ho atemmusɛm:+ Nahum* a ofi Elkos no anisoadehu nhoma:  2  Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho,+ na otua bɔne so ka;Yehowa tua bɔne so ka, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuw adi.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi no ka,Na ɔboaboa abufuw ano twɛn n’atamfo.  3  Yehowa bo mfuw ntɛm+ na ne tumi sõ,+Nanso sɛ obi fata asotwe a, Yehowa remma ɔmfa ne ho nni da.+ Ɔreba a, mframa a ɛsɛe ade ne ahum na edi n’akyi,Na omununkum yɛ ne nan ase mfuturu.+  4  Ɔka ɛpo anim+ ma ɛyow;Ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow.+ Basan ne Karmel afifide twintwam+Na Lebanon nhwiren nso twintwam.  5  Ne nti mmepɔw wosow,Na nkoko nan.+ Asaase hu n’anim a, ɛbɔ birim;Ɛne wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa.+  6  Hena na obetumi agyina n’abufuw ano?+ Na hena na obetumi agyina n’abufuhyew ano?+ N’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,Na ne nti abotan bedwiriw agu.  7  Yehowa ye,+ na ɔyɛ abannennen wɔ ahohia bere mu.+ Wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea no, n’ani ku wɔn ho.*+  8  Ɔbɛma nsu ayiri ahohoro n’asaase* koraa,Na wama esum atiw n’atamfo.  9  Pɔw bɛn na mubetumi abɔ atia Yehowa? Ɔde ɔsɛe pasaa reba. Ahohia no rensan mma bio.+ 10  Wɔanwene wɔn sɛ nsɔeNa wɔayɛ sɛ nea nsã* abobow wɔn,Nanso wɔbɛhyew te sɛ sare a awo. 11  Nea ɔbɔ Yehowa ho pɔw bɔneNe nea ɔma afotu bɔne nyinaa befi wo mu aba. 12  Nea Yehowa aka ni: “Ná wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso,Nanso wobetwitwa wɔn agu ma wɔn ase ahyew.* Mama mo ho ahiahia mo,* nanso meremma mo ho nhiahia mo bio. 13  Afei de kɔndua a ɛda wo so no, mebubu mu,+Na nhama a wɔde akyekyere wo no, mɛtew mu abien. 14  Nea Yehowa aka sɛ ɛbɛba wo* so ni,‘W’ase bɛhyew ama wo din ayera. Ahoni a woasen ne nea wode nnade ayɛ* a ɛwɔ w’anyame fi* no, mɛsɛe ne nyinaa. Mɛyɛ ɔdamoa ama wo, efisɛ mfaso biara nni wo so.’ 15  Hwɛ, nea ɔde asɛmpa nam no fi mmepɔw so reba;Nea ɔka asomdwoe asɛm no.+ O Yuda, di w’afahyɛ.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so,Efisɛ ohuhuni biara rentwam wɔ w’asaase so bio. Wɔbɛsɛe no pasaa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Ɔwerɛkyekyefo.”
Anaa “ɔhwɛ wɔn so.” Nt., “onim wɔn.”
Kyerɛ sɛ, Niniwe asaase.
Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na obetwam akɔ.”
Kyerɛ sɛ, Mama Yuda ho ahiahia no.
Kyerɛ sɛ, Asiria.
Anaa “ne ahoni a wɔagu.”
Anaa “w’abosomfi.”