Nehemia 1:1-11

  • Nkra a efi Yerusalem bae (1-3)

  • Nehemia mpaebɔ (4-11)

1  Hakalia ba Nehemia*+ nsɛm ni: Bosome Kislew* mu, afe a ɛto so 20 no, ɛbae sɛ na mewɔ Susan*+ abankɛse mu.* 2  Ɛnna me nua Hanani+ ne mmarima bi a wofi Yuda baa hɔ, na mibisaa wɔn sɛnea Yudafo a wɔasan kɔ wɔn nkyi no+ ho te, ne sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ Yerusalem. 3  Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafi obi man so aba a wɔwɔ ɔmantam no mu asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguase aka wɔn.+ Yerusalem afasu no abubu,+ na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.”+ 4  Metee asɛm yi ara pɛ, metenaa ase sui, na midii awerɛhow nna pii; meyɛɛ akɔnkyen*+ bɔɔ mpae wɔ ɔsoro Nyankopɔn anim. 5  Asɛm a mekae ne sɛ: “O Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛse na wo ho yɛ hu, na wudi w’apam so na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara nsɛm so,+ 6  mesrɛ wo, wɛn w’aso na bue w’aniwa, na tie mpae a ɛnnɛ w’akoa rebɔ wɔ w’anim awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfo yi. Bɔne a Israel mma ayɛ atia wo na mereka yi. Me ne me papa fi nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ 7  Bɔne de, yɛayɛ bi atia wo;+ wo mmara nsɛm ne w’ahyɛde ne w’atemmusɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose nsa no, yɛanni so.+ 8  “Mesrɛ wo, kae asɛm a woka kyerɛɛ* w’akoa Mose yi sɛ, ‘Sɛ moto me mmara a, me nso, mɛbɔ mo ahwete amanaman mu.+ 9  Sɛ mosan ba me nkyɛn bedi me mmara nsɛm so a, ɛnde sɛ wɔahwete mo akodu ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afi hɔ de mo aba baabi a mapaw de me din ato no.’+ 10  Wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.+ 11  O Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ, na tie wo nkoa a wosuro wo din no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.”+ Saa bere no, me na na mehyɛ nsã ma ɔhene.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Yah Yɛ Ɔwerɛkyekyefo.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “midii mmuada.”
Anaa “wode yɛɛ kɔkɔbɔ maa.”