Nehemia 10:1-39

  • Nkurɔfo no kae sɛ wobedi Mmara no so (1-39)

    • “Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fi so” (39)

10  Wɔn a wɔde wɔn ahyɛnsode tintim so+ no ni: Hakalia ba Amrado* Nehemia;Ɛnna Sedekia, 2  Seraia, Asaria, Yeremia, 3  Pasur, Amaria, Malkiya, 4  Hatus, Sebania, Maluk, 5  Harim,+ Meremot, Obadia, 6  Daniel,+ Gineton, Baruk, 7  Mesulam, Abia, Miyamin, 8  Maasia, Bilgai ne Semaia; wɔn ne asɔfo no. 9  Lewifo nso ni: Asania ba Yesua, Binui a ofi Henadad mma mu, ne Kadmiel;+ 10  wɔne wɔn nuanom Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11  Mika, Rehob, Hasabia, 12  Sakur, Serebia,+ Sebania, 13  Hodia, Bani ne Beninu. 14  Ɔman no mu atitiriw ni: Paros, Pahat-Moab,+ Elam, Satu, Bani, 15  Buni, Asgad, Bebai, 16  Adoniya, Bigwai, Adin, 17  Ater, Hesekia, Asor, 18  Hodia, Hasum, Bisai, 19  Harif, Anatot, Nebai, 20  Magpias, Mesulam, Hesir, 21  Mesesabel, Sadok, Yadua, 22  Pelatia, Hanan, Anaia, 23  Hosea, Hanania, Hasub, 24  Halohes, Pilha, Sobek, 25  Rehum, Hasabna, Maaseia, 26  Ahiya, Hanan, Anan, 27  Maluk, Harim, ne Baanah. 28  Na ɔman no mufo a wɔaka, kyerɛ sɛ, asɔfo, Lewifo, apon ano ahwɛfo, nnwontofo, asɔrefi asomfo* ne obiara a watwe ne ho afi asaase no sofo ho abedi nokware Nyankopɔn no Mmara no so,+ wɔn yerenom, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea, ne obiara a ɔwɔ nimdeɛ ne ntease no,* 29  wɔn nyinaa kɔkaa wɔn nuanom atitiriw no ho, na wodii nsew kaa ntam sɛ wɔbɛnantew nokware Nyankopɔn no Mmara a ɔnam nokware Nyankopɔn akoa Mose so de maa wɔn no mu, na wobedi so pɛpɛɛpɛ sɛnea yɛn Awurade Yehowa mmara nsɛm ne n’atemmusɛm ne n’ahyɛde nyinaa te. 30  Wɔkaa ntam sɛ: “Yɛremfa yɛn mma mmea mma asaase no sofo, na wɔn mma mmea nso, yɛrennye wɔn aware mma yɛn mma mmarima.+ 31  “Sɛ asaase no sofo de nneɛma ne nnuan ahorow nyinaa bi ba bɛtontɔn no Homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ hwee Homeda+ anaa da kronkron bi.+ Afe a ɛto so ason+ no nso, yebegyaw asaase no ato hɔ, na sɛ obi de yɛn ka a, yɛde bɛkyɛ no.+ 32  “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbona* nkyem abiɛsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fi* som adwuma,+ 33  na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduan afɔre,+ daa ɔhyew afɔre a Homeda biara,+ ɔsram foforo biara,+ ne afahyɛ ahorow+ du so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔre+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ wɔ yɛn Nyankopɔn fi. 34  “Afei yɛbɛbɔ yɛn agyanom abusuafi so ntonto de ahu asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo a afe biara sɛ bere no so a, wɔde anyina bɛba yɛn Nyankopɔn fi, na wɔde asɔ gya wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu no.+ 35  Afei nso, yɛde yɛn nsaase so nnɔbae a edi kan ne nnua ahorow nyinaa aba a edi kan bɛba Yehowa fi afe afe;+ 36  yɛn mmakan ne yɛn nyɛmmoa mmakan+ ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan nso, yɛde bɛba sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu no; yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fi no.+ 37  Afei yɛde yɛn aba a edi kan mu esiam+ ne yɛn akyɛde ne nnua ahorow nyinaa so aba,+ bobesa foforo ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfo no wɔ yɛn Nyankopɔn fi adekora adan* mu,+ na yɛde yɛn nsaase so nnɔbae mu ntotoso du du* bɛbrɛ Lewifo no; Lewifo no na wogye nkurow a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotoso du du.+ 38  “Na ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a Lewifo no regyigye ntotoso du du no, na Lewifo no nso de ntotoso du du no so ntotoso du du bɛba yɛn Nyankopɔn fi+ na wɔde agu adekoradan mpia* no mu. 39  Na adekora adan* no mu na Israelfo ne Lewi mma de aduan afɔre ne nsã foforo ne ngo no bɛba,+ na ɛhɔ na tenabea kronkron hɔ nneɛma ne asɔfo a wɔsom ne apon ano ahwɛfo ne nnwontofo no wɔ. Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fi so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Ebetumi nso akyerɛ, “obiara a wanyin sɛ obetumi ate asɛm ase.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “asɔrefi.”
Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.
Anaa “taet.”
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “adidibea adan.”