Nehemia 12:1-47

  • Asɔfo no ne Lewifo no (1-26)

  • Wohyiraa ɔfasu no so (27-43)

  • Wɔboa maa asɔfo no nnwuma kɔɔ so (44-47)

12  Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba+ Serubabel+ ne Yesua+ kɔe no: Seraia, Yeremia, Esra,  Amaria, Maluk, Hatus,  Sekania, Rehum, Meremot,  Ido, Ginetoi, Abia,  Miyamin, Maadia, Bilga,  Semaia, Yoiarib, Yedaia,  Salu, Amok, Hilkia, ne Yedaia. Eyinom ne asɔfo no mu atitiriw* ne wɔn nuanom, Yesua bere so.  Lewifo no ne Yesua, Binui, Kadmiel,+ Serebia, Yuda ne Matania+ ne ne nuanom a wodii aseda nnwom anim no.  Ná wɔn nuanom Bakbukia ne Uni ne wɔn di nhwɛanim wɔ awɛmfo adwuma mu. 10  Yesua na ɔwoo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib,+ na Eliasib nso woo Yoiada.+ 11  Yoiada woo Yonatan, na Yonatan nso woo Yadua. 12  Yoiakim bere so no, asɔfo a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanyimfo ni: Seraia+ abusua mu, Meraia; Yeremia abusua mu, Hanania; 13  Esra+ abusua mu, Mesulam; Amaria abusua mu, Yehohanan; 14  Maluki abusua mu, Yonatan; Sebania abusua mu, Yosef; 15  Harim+ abusua mu, Adna; Meraiot abusua mu, Helkai; 16  Ido abusua mu, Sakaria; Gineton abusua mu, Mesulam; 17  Abia+ abusua mu, Sikri; Miniamin abusua mu, . . . ;* Moadia abusua mu, Piltai; 18  Bilga+ abusua mu, Sammua; Semaia abusua mu, Yehonatan; 19  Yoiarib abusua mu, Matenai; Yedaia+ abusua mu, Usi; 20  Salai abusua mu, Kalai; Amok abusua mu, Eber; 21  Hilkia abusua mu, Hasabia; Yedaia abusua mu, Netanel. 22  Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua+ bere so no, wɔkyerɛw Lewifo agyanom mmusua mu mpanyimfo ne asɔfo no din de besii Persiani Dario ahenni so. 23  Wɔkyerɛw Lewifo a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanyimfo no din wɔ abakɔsɛm nhoma mu de besii Eliasib ba Yohanan so. 24  Lewifo mu atitiriw no ne Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba+ Yesua,+ na wɔne wɔn nuanom dii nhwɛanim too ayeyi ne aseda dwom sɛnea nokware Nyankopɔn nipa Dawid akwankyerɛ te no;+ awɛmfo kuw baako gyina ɔfã ha, ɛnna awɛmfo kuw baako nso gyina ɔfã noho. 25  Ná Matania+ ne Bakbukia, Obadia, Mesulam, Talmon, ne Akub+ yɛ apon ano ahwɛfo;+ wɔn na na wɔwɛn adekora adan a ɛbɛn asɔrefi pon no. 26  Yosadak ba Yesua+ ba Yoiakim bere so ne Amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra+ a ɔsan yɛ ɔkyerɛwfo* no bere so no, eyinom na na wɔwɔ hɔ. 27  Bere a wɔrehyira Yerusalem afasu no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no wɔ wɔn tenabea nyinaa de wɔn baa Yerusalem ma wɔde aseda ne nnwonto,+ ne nnawuru* ne asanku ahorow bedii ahurusi hyiraa so. 28  Ɛnna nnwontofo mma* no boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔmantam* no mu fii Yerusalem ho nkurow nyinaa mu ne Netofa nkuraase,+ 29  ne Bet-Gilgal+ ne Geba ne Asmawet nsaase so,+ efisɛ na nnwontofo no akyekye nkuraa atwa Yerusalem ho ahyia. 30  Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman no+ ne kurow apon+ ne ɔfasu no nso ho.+ 31  Afei mede Yuda mpanyimfo no baa ɔfasu no so. Ɛnna mehyehyɛɛ nnwontofo akuw akɛse abien a wɔto aseda nnwom ne nnipadɔm a wodi wɔn akyi; kuw baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa so wɔ ɔfasu no so kɔɔ Sumina Pon no ano.+ 32  Hosaia ne Yuda mpanyimfo no fã dii wɔn akyi. 33  Wɔn a na wɔka wɔn ho ni: Asaria, Esra, Mesulam, 34  Yuda, Benyamin, Semaia, ne Yeremia. 35  Asɔfo no mma mu nso, wɔn a na wokurakura ntorobɛnto ka wɔn ho+ ne Sakaria a ɔyɛ Yonatan ba, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba;+ 36  ɔne ne nuanom Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda, ne Hanani; wɔn na na wokurakura nokware Nyankopɔn nipa Dawid nnwonto nneɛma no;+ ná ɔkyerɛwfo Esra+ di wɔn anim. 37  Wofi Nsuaniwa Pon no ho+ kɔɔ tẽẽ kɔfaa ɔfasu no fã a ɛwɔ soro wɔ Dawid Fi atifi hɔ no, na wɔtraa Dawid Kurow+ Stɛps no+ kosii Nsu Pon no+ apuei. 38  Nnwontofo kuw a wɔto aseda nnwom no, baako a aka no nso de wɔn ani kyerɛɛ ɔfã noho,* na me ne ɔman no fã dii wɔn akyi faa ɔfasu no so kɔfaa Fononoo Abantenten no atifi+ kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no so,+ 39  na wɔkɔfaa Efraim Pon+ no atifi ne Kurow Dedaw Pon,+ Mpataa Pon,+ Hananel Abantenten,+ ne Mea Abantenten no so kɔɔ Nguan Pon+ no so, na wokogyinagyinaa Ɔwɛmfo Pon no ano. 40  Afei nnwontofo akuw abien a wɔto aseda dwom no begyinagyinaa nokware Nyankopɔn no fi no anim, na me nso mebaa hɔ; me ne asoafo no fã, 41  ne asɔfo Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, ne Hanania a wokurakura ntorobɛnto no; 42  ɛne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser. Nnwontofo a Yesrahia da wɔn ano no too nnwom denneennen. 43  Saa da no, wɔbɔɔ afɔre bebree na wodii ahurusi+ efisɛ nokware Nyankopɔn no maa wɔn ani gyei kɛse. Mmea ne mmofra no nso dii ahurusi+ ma wɔtee Yerusalem ahurusidi no wɔ akyirikyiri.+ 44  Ɛda no wɔde mmarima sisii adekora adan+ no so sɛ wɔmfa afɔrebɔde+ ne nnɔbae a edi kan+ ne ntotoso du du*+ nkogu hɔ. Asɔfo ne Lewifo+ no kyɛfa a Mmara kyerɛ no,+ na wobegyigye afi nkurow no mfuw mu akogu hɔ. Asɔfo ne Lewifo a na wɔresom no nti, Yudafo no dii ahurusi. 45  Wɔhwɛ yɛɛ adwuma a wɔn Nyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no na wɔyɛɛ ahodwira ho asɛde no nso; nnwontofo ne apon ano ahwɛfo no nso yɛɛ sɛnea Dawid ne ne ba Solomon kae no. 46  Dawid ne Asaf mmere so tɔnn no, na wɔwɔ nnipa a wɔdeda nnwontofo ano ma wɔto ayeyi ne aseda nnwom ma Onyankopɔn.+ 47  Serubabel+ bere so ne Nehemia bere so no, Israel nyinaa de nnwontofo ne apon ano ahwɛfo kyɛfa maa wɔn sɛnea wobehia no da biara.+ Wɔboaboaa Lewifo no nso kyɛfa ano maa wɔn,+ ɛnna Lewifo no nso boaboaa Aaron mma no kyɛfa ano maa wɔn.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “asɔfo a wɔda wɔn ano.”
Ɛbɛyɛ sɛ na edin biara nhyɛ ha wɔ tete Hebri nsaano nkyerɛwee no mu.
Hwɛ Ne 8:1.
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Anaa “nnwontofo a wɔn ho akokwaw.”
Kyerɛ sɛ, Yordan mantam.
Anaa “baako a aka no nso ne wɔn dii nhwɛanim.”
Anaa “taet.”