Nehemia 3:1-32

  • Wofii ase yɛɛ ɔfasu no ho adwuma (1-32)

3  Ɔsɔfo panyin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfo no sɔree, na wɔyɛɛ ɔfasu no ho adwuma wɔ baabi a na Nguan Pon+ no wɔ no. Wɔyɛɛ no kronkron*+ na wosisii n’apon; wɔyɛɛ no kronkron koduu Mea Abantenten+ no ho de kosii Hananel Abantenten+ no ho.  Yeriko mmarima+ na wɔtoaa wɔn so yɛɛ ɔfasu no ho adwuma. Ná Imri ba Sakur nso toa wɔn so.  Hasenaa mma na wɔyɛɛ Mpataa Pon+ no ho adwuma; wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon,+ yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu.  Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi, na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so; Baana ba Sadok na ɔtoaa wɔn so.  Tekoafo+ na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi, nanso wɔn atitiriw no ammrɛ wɔn ho ase ansom wɔn wuranom.  Pasea ba Yoiada ne Besodeia ba Mesulam na wosiesiee Kurow Dedaw Pon no;+ wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon, yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu.  Wɔn a wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi ne Gibeonni+ Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa+ mmarima a wɔhyɛ Asubɔnten no*+ agya amrado no ase.*  Harhaia ba Usiel a ɔyɛ sikadwumfo no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi, na Hanania a ɔyɛ sradehuamfrafo no na ɔtoaa no so; wɔde abo* sɛm Yerusalem kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ+ no ho.  Hur ba Refaia, Yerusalem mantam fã soafo no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi. 10  Harumaf ba Yedaia na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ n’ankasa fi anim; na Hasabnia ba Hatus na ɔtoaa no so. 11  Harim ba+ Malkiya ne Pahat-Moab ba+ Hasub siesiee baabi foforo* ne Fononoo Abantenten no.+ 12  Halohes ba Salum, Yerusalem mantam fã soafo no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, ɔne ne mma mmea. 13  Hanun ne nnipa a wɔtete Sanoa+ na wosiesiee Obon Pon no;+ wɔn na wosii, na wɔyɛɛ n’apon, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, ne ɔfasu no basafa 1,000* kosii Sumina Pon no+ ho. 14  Rekab ba Malkiya, Bet-Hakerem+ mantam soafo no na osiesiee Sumina Pon no; ɔno na osii, na ɔyɛɛ n’apon, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu. 15  Kolhosen ba Salun, Mispa+ mantam soafo no na osiesiee Nsuaniwa Pon no;+ ɔno na osii, na ɔbɔɔ* so na ɔyeyɛɛ n’apon, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, na ɔfasu a ɛbɛn Ɔtare+ Suka a ɛkɔ Ɔhene Turom+ no nso ɔsan siesiei de kɔpem Stɛps+ a esian fi Dawid Kurow+ mu no. 16  Asbuk ba Nehemia, Bet-Sur+ mantam fã soafo no na ɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã bi fi Dawid Amusiei+ kosii ɔtare+ a nnipa ayɛ, ne Akatakyi Fi no anim. 17  Lewifo no na wɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã bi: ná wɔhyɛ Bani ba Rehum ase; Hasabia, Keila+ mantam fã soafo no na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi maa ne mantam. 18  Wɔn nuanom na wɔtoaa so siesiee ɔfasu no fã bi: Henadad ba Bawai a ɔyɛ Keila mantam fã soafo na na ɔda wɔn ano. 19  Yesua+ ba Eser, Mispa otitiriw no na ɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã a ɛwɔ beae a ɛforo kɔ Akode Korabea a ɛbɛn Adum+ no. 20  Sabai+ ba Baruk na ɔtoaa no so de ahokeka siesiee ɔfã a efi Adum no so kosi ɔsɔfo panyin Eliasib+ fi kwan ano. 21  Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a efi Eliasib fi kwan ano kosi Eliasib fi no awiei noho. 22  Asɔfo a wofi Yordan Mantam*+ mu no toaa no so siesiee ɔfasu no fã bi. 23  Benyamin ne Hasub na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ wɔn ankasa fi anim. Anania ba Maaseia ba Asaria na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ baabi a ɛbɛn n’ankasa fi. 24  Henadad ba Binui na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a efi Asaria fi kosi Adum+ no so kɔe ara kɔpem ne ntwea so. 25  Usai ba Palal na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi wɔ Adum no ne abantenten a ɛtoa Ahemfi*+ no so, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfo Aban+ mu no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa no so. 26  Asɔrefi asomfo*+ a na wɔte Ofel+ no siesiee ɔfã a ɛwɔ Nsu Pon+ no anim wɔ apuei fam de kɔpem abantenten a epue ɔfasu no ho. 27  Tekoafo+ na wɔtoaa wɔn so; abantenten kɛse a epue ɔfasu no ho no, anim na wosiesiei de kosii Ofel ɔfasu no ho. 28  Asɔfo no na wosiesiee Apɔnkɔ Pon+ no atifi; wɔn mu biara yɛɛ adwuma wɔ n’ankasa fi anim. 29  Imer ba Sadok+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ n’ankasa fi anim. Sekania ba Semaia, Apuei Pon+ ano hwɛfo no na ɔtoaa no so. 30  Selemia ba Hanania ne Salaf ba a ɔto so asia, Hanun, na wɔtoaa no so siesiee ɔfã foforo. Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi n’ankasa dan* anim. 31  Malkiya a ofi sika adwumfo mu no na ɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã bi kosii asɔrefi asomfo*+ ne aguadifo fi ne Ɔhwɛ Pon no anim de kɔpem abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no ho. 32  Sika adwumfo ne aguadifo no na wosiesiee abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no kosii Nguan Pon+ no ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Wohyiraa so.”
Anaa “Eufrate.”
Nt., “amrado no ahenni ase.”
Anaa “abo a wɔahyɛ da atwa.”
Anaa “ɔfã bi a wɔasusuw ama wɔn.”
Bɛyɛ mita 445 (anm. 1,460). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔkataa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wofi ɔmantam bi a ɛbɛn hɔ.”
Anaa “Ɔhene Fi.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “asa.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”