Nehemia 6:1-19

  • Atamfo kɔɔ so sɔre tiaa adwuma no (1-14)

  • Wɔde nnafua 52 wiee ɔfasu no ho adwuma (15-19)

6  Wɔka kyerɛɛ Sanbalat, Tobia,+ ne Arabiani+ Gesem ne yɛn atamfo a wɔaka no sɛ masan ato ɔfasu no+ na masisiw ntokuru no nyinaa (nanso ɛde besi saa bere no na minsisii ɛho apon).+ Bere a wɔka kyerɛɛ wɔn no,  ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛe nhyia wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono Asaasetraa+ no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔw adi me bɔne.  Ɛnna mituu abɔfo kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a mereyɛ no so, enti merentumi mma. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ migyae ba mo nkyɛn ma adwuma no ka?”  Wɔsoma bɛkaa asɛm koro no ara kyerɛɛ me mpɛn anan, na wɔba biara a, nea meka ara na meka.  Afei Sanbalat de asɛm koro no ara somaa ne somfo baa me nkyɛn ne mpɛn anum so, na na okura krataa bi a ano da hɔ.  Krataa no mu nsɛm ni: “Nkurɔfo rekeka wɔ amanaman no mu, na Gesem+ nso reka bi sɛ wo ne Yudafo no pɛ sɛ motew atua.+ Ɛno nti na moreto ɔfasu no; nea wɔrekeka no kyerɛ sɛ wubedi wɔn so hene.  Woayiyi adiyifo nso sɛ wɔmpae mu nka wo ho asɛm wɔ Yerusalem nyinaa sɛ, ‘Yuda anya ɔhene!’ Na saa nsɛm no, ɔhene bɛte. Enti bra ma yentu ho agyina.”  Nanso mesoma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsɛm a woreka yi biara nnim; wo ara na woabɔ wo tirim reka.”*  Ná wɔn nyinaa pɛ sɛ ehu ka yɛn, na wɔkekae sɛ: “Wɔn nsam begow ma adwuma no aka.”+ Enti mebɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nhyɛ me nsam den.+ 10  Ɛnna mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi; saa bere no, na ompue nkɔ baabiara. Ɔkae sɛ: “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe nhyia wɔ nokware Nyankopɔn no fi, wɔ asɔredan no mu, na yɛntoto apon no mu efisɛ wɔreba abekum wo; anadwo na wɔbɛba abekum wo.” 11  Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na minguan? Na asɔredan no mu de, hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn mu anya ne ti adidi mu?+ Merenhyɛn mu!” 12  Mibehui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wasoma no, na mmom Tobia ne Sanbalat+ na wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnhyɛ nkɔm ntia me. 13  Wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnyɛ mma ehu nka me na menyɛ bɔne na wɔanya me abɔ me dimmɔne na wɔagu m’anim ase. 14  O me Nyankopɔn, nea Tobia+ ne Sanbalat reyɛ yi, kae. Odiyifobea Noadia ne adiyifo a aka a daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka me no nso, kae wɔn. 15  Ɔfasu no, wɔto wiei Elul* da a ɛto so 25. Egyee nnafua 52. 16  Bere a yɛn atamfo nyinaa tee na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hui no, wɔn ani wui paa,*+ na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn na aboa yɛn ma yɛatumi awie adwuma yi. 17  Saa bere no, na Yuda atitiriw no+ kyerɛkyerɛw nkrataa kɔma Tobia, na na Tobia nso kyerɛw bi brɛ wɔn. 18  Nea ɛte ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã, efisɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babea. 19  Afei nso, na wɔtaa ka ne ho asɛmpa kyerɛ me, na nea mɛka biara nso na wɔakɔka akyerɛ no. Tobia kyerɛkyerɛw nkrataa brɛɛ me sɛnea ɛbɛyɛ a ehu bɛka me.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wo ara wo komam nsɛm na woreka.”
Anaa “animguase kɛse kaa wɔn.”