Nehemia 7:1-73

  • Kurow apon ne apon ano ahwɛfo (1-4)

  • Wɔn a wɔsan baa wɔn man mu no din (5-69)

    • Asɔrefi asomfo (46-56)

    • Solomon nkoa no mma (57-60)

  • Nea wɔde bɛboaa adwuma no (70-73)

7  Bere a wɔsan too ɔfasu no wiei ara pɛ,+ misisii apon no.+ Ɛnna yeyiyii apon ano ahwɛfo+ ne nnwontofo+ ne Lewifo.+  Afei mede Yerusalem hyɛɛ Hanani+ a ɔyɛ me nua, ne Hanania, Abankɛse+ mu panyin no nsa, efisɛ na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro nokware Nyankopɔn no+ sen nnipa bebree.  Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ motwɛn kosi awia ketee ansa na moabue Yerusalem apon no; wɔntoto apon no mu mmram akyi bere a wɔrewɛn no. Afei momma Yerusalemfo nyɛ awɛmfo; ebinom begyina wɔn awɛnee na ebinom nso agyina wɔn fi anim.”  Saa bere no, na kurow no trɛw na ɛso, na na emu nnipa yɛ kakraa bi.+ Ná wonsisii adan biara wom.  Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoaboa atitiriw ne asoafo ne ɔmanfo no ano mma wɔnkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te.+ Ɛnna mihuu nhoma a wɔakyerɛw wɔn a wodii kan bae no din wom sɛnea wɔn mmusua te; nea na wɔakyerɛw wom ni:  Nnipa a wofi ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔe no,+ eyinom na akyiri yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+  wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, ne Baanah bae. Israel mmarima no dodow ni:+  Paros mma, 2,172;  Sefatia mma, 372; 10  Arah mma,+ 652; 11  Pahat-Moab mma+ Yesua ne Yoab fi,+ 2,818; 12  Elam mma,+ 1,254; 13  Satu mma, 845; 14  Sakai mma, 760; 15  Binui mma, 648; 16  Bebai mma, 628; 17  Asgad mma, 2,322; 18  Adonikam mma, 667; 19  Bigwai mma, 2,067; 20  Adin mma, 655; 21  Hesekia aseni Ater mma, 98; 22  Hasum mma, 328; 23  Bisai mma, 324; 24  Harif mma, 112; 25  Gibeon mma,+ 95; 26  Betlehem ne Netofa mmarima, 188; 27  Anatot+ mmarima, 128; 28  Bet-Asmawet mmarima, 42; 29  Kiriat-Yearim+ ne Kefira ne Beerot+ mmarima, 743; 30  Rama ne Geba+ mmarima, 621; 31  Mikmas+ mmarima, 122; 32  Betel+ ne Ai+ mmarima, 123; 33  Nebo foforo bi mmarima, 52; 34  Elam foforo bi mma, 1,254; 35  Harim mma, 320; 36  Yeriko mmarima, 345; 37  Lod ne Hadid ne Ono+ mmarima, 721; 38  Senaa mmarima, 3,930. 39  Asɔfo no+ ni: Yedaia a ofi Yesua fi mma, 973; 40  Imer mma, 1,052; 41  Pasur mma,+ 1,247; 42  Harim+ mma, 1,017. 43  Lewifo no+ ni: Yesua mma, kyerɛ sɛ, Kadmiel asefo+ a wofi Hodewa mma mu, wɔyɛ 74. 44  Nnwontofo no ni:+ Asaf+ mma, 148. 45  Apon ano ahwɛfo no ni:+ Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma, 138. 46  Asɔrefi asomfo* ni:+ Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 47  Keros mma, Sia mma, Padon mma, 48  Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, 49  Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, 50  Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, 51  Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52  Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, 53  Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 54  Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, 55  Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 56  Nesia mma, ne Hatifa mma. 57  Solomon nkoa+ no mma ni: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, 58  Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 59  Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Amon mma. 60  Asɔrefi asomfo*+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodow yɛ 392. 61  Eyinom nso na wofi Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san bae a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfo anaa wɔnyɛ bi, efisɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fi ne mmusua a wofi mu:+ 62  Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 642. 63  Wɔn mu asɔfo ni: Habaia mma, Hakos mma,+ Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmea no baako na ɔfaa wɔn din no. 64  Wɔn nyinaa hwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu. Enti wobuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo.*+ 65  Amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi ade kronkron paa no+ bi kosi sɛ ɔsɔfo bi bɛma Urim ne Tumim* akyerɛ.+ 66  Nnipa no nyinaa dodow si 42,360,+ 67  wɔn nkoa ne wɔn mfenaa+ nka ho; wɔn nso dodow yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmea nnwontofo 245.+ 68  Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfurumpɔnkɔ yɛ 245; 69  wɔn yoma, 435; wɔn mfurum, 6,720. 70  Agyanom mmusua mu mpanyimfo no binom de akyɛde bɛboaa adwuma no.+ Amrado* no ankasa de sika kɔkɔɔ drakma* 1,000, nkankyee 50, ne asɔfotaade+ 530 bɛkaa akorade no ho. 71  Agyanom mmusua mu mpanyimfo no bi nso de sika kɔkɔɔ drakma 20,000 ne dwetɛ mmɛnnaa* 2,200 bɛkaa akorade no ho sɛ wɔmfa mmoa adwuma no. 72  Na nneɛma a ɔmanfo a wɔaka no de mae no yɛ sika kɔkɔɔ drakma 20,000, nnwetɛbona 2,000 ne asɔfotaade 67. 73  Na asɔfo ne Lewifo ne apon ano ahwɛfo ne nnwontofo+ ne nnipa no mu binom ne asɔrefi asomfo* ne Israelfo a wɔaka nyinaa* tenatenaa wɔn nkurow mu.+ Bosome a ɛto so ason no dui no,+ na Israelfo no akɔtenatena wɔn nkurow mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew sɛ wɔyɛ asɔfo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛte sɛ Persiafo sika kɔkɔɔ darik. Emu duru yɛ gram 8.4. Ɛsono drakma a wɔaka ho asɛm wɔ Greek Kyerɛwnsɛm mu no. Hwɛ Nkh. B14.
Bɛnnaa a wɔka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Nt., “Israel nyinaa.”