Nehemia 9:1-38

  • Ɔman no kaa wɔn bɔne (1-38)

    • Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔde bɔne kyɛ (17)

9  Bosome yi da a ɛto so 24 no, Israelfo boaboaa wɔn ho ano; wofuraa awerɛhow ntama* yɛɛ akɔnkyen,* na wɔde dɔte guu wɔn atifi.+  Na wɔn a wɔyɛ Israelfo ankasa no tew wɔn ho fii ananafo no nyinaa ho,+ na wɔsɔre kaa wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne.+  Afei wogyinagyinaa wɔn gyinabea na wɔde da no mu nnɔnhwerew abiɛsa* kenkan Yehowa wɔn Nyankopɔn Mmara nhoma no+ den, na wɔde emu nnɔnhwerew abiɛsa nso kaa wɔn bɔne; afei nso wɔkotow Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.  Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia,+ Bani, ne Kenani sɔre gyinagyinaa bamma+ a wɔayɛ ama Lewifo no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn.  Na Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia a wɔyɛ Lewifo no kae sɛ: “Monsɔre na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ daa daa.*+ Ma wɔnkamfo wo din kɛse a ɛboro ayeyi ne nkamfo nyinaa so no.  “Wo nkutoo ne Yehowa,+ na ɔsoro, ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa, asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wo na woyɛe. Wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena ase; ɔsoro asafodɔm nyinaa nso kotow wo.  Wone Yehowa, nokware Nyankopɔn no; wo na wopaw Abram+ na wuyii no fii Kaldeafo asaase Ur+ so, na wotoo no din Abraham.+  Wuhui sɛ ne koma di mu wɔ w’anim;+ ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam sɛ wode Kaananfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asaase bɛma ɔne n’asefo,*+ na woteɛ nti, wudii wo bɔhyɛ so.  “Enti wuhuu amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no,+ na wutiee wɔn sufrɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 10  Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wo nkurɔfo so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abesi nnɛ.+ 11  Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim ma wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini kɔe;+ na wɔn a wɔtaa wɔn so no, wotow wɔn guu ɛpo bun no mu te sɛ ɔbo a wɔatow ato nsu a ano yɛ den mu.+ 12  Wonam omununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia, na anadwo nso wonam ogya dum a ɛhyerɛn so kyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so.+ 13  Wusian baa Sinai Bepɔw+ so ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ ne mmara a ɛyɛ nokware* ne akwankyerɛ pa ne ahyɛde maa wɔn.+ 14  Woma wohuu wo Homeda+ kronkron, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn ahyɛde, akwankyerɛ, ne mmara. 15  Wode aduan fi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsu fii ɔbotan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asaase a wokaa ntam* sɛ wode bɛma wɔn no. 16  “Nanso yɛn agyanom dii ahantansɛm;+ wɔyɛɛ asoɔden*+ na wɔantie w’ahyɛde. 17  Wɔantie,+ na wɔankae anwonwade a woyɛe wɔ wɔn mu no. Mmom no, wɔyɛɛ asoɔden na wɔpaw obi sɛ onni wɔn anim nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt.+ Nanso woyɛ Onyankopɔn a wuyi wo yam de bɔne kyɛ,* wowɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano,+ enti woampo wɔn.+ 18  Bere a wɔyɛɛ nantwi ba honi* na wɔkae sɛ, ‘Wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt no+ ni,’ na wobuu wo animtiaa kɛse no, 19  wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woannyaw wɔn wɔ sare no so.+ Omununkum dum no amfi wɔn so awia; ɛkyerɛɛ wɔn kwan. Na ogya dum a ɛhyerɛn no nso amfi wɔn so anadwo; ɛkyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so.+ 20  Wode wo honhom pa no maa wɔn na ama wɔayɛ mmadwemma,+ na wo mana nso woamfa ankame wɔn.*+ Womaa wɔn nsu de kum wɔn sukɔm.+ 21  Womaa wɔn aduan mfirihyia 40 wɔ sare no so.+ Hwee anhia wɔn. Wɔn ntaade antetew,+ na wɔn nan ase nso antaataa. 22  “Wode ahenni ne aman maa wɔn ma wɔkyekyɛɛ mu de obiara de maa no;+ wɔfaa Hesbon+ hene Sihon asaase+ ne Basan hene Og asaase.+ 23  Womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ Ɛnna wode wɔn baa asaase a wohyɛɛ bɔ sɛ wɔn agyanom nkɔfa no+ so. 24  Enti wɔn mma bɛfaa asaase no,+ na Kaananfo a wɔte asaase no so no, woma wodii wɔn so;+ wɔn ahemfo ne asaase no sofo nyinaa, wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa ma wɔyɛɛ wɔn sɛnea wɔpɛ. 25  Wodii nkurow a wɔabɔ ho ban+ ne asaase pa*+ so, na wonyaa afi a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu ma, mmura a wɔatu, bobe mfuw ne ngodua mfuw+ ne nnua pii a ɛsow aba. Enti wodidi mee, wɔyeyɛɛ akɛse, wɔn ho tɔɔ wɔn, na wo papayɛ bebrebe nti, wonyaa asetena pa. 26  “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtew wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpowee.* W’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wokunkum wɔn, na wobuu wo animtiaa kɛse.+ 27  Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa+ ma wɔn ho hiahiaa wɔn.+ Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo, na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn; na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woma wɔn agyefo ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+ 28  “Na sɛ wɔn ho tɔ wɔn ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wɔhyɛ wɔn so.*+ Ɛba saa a, wɔsan ba wo nkyɛn besu frɛ wo,+ na wufi soro hɔ tie wɔn. Bere biara a wɔbɛsan aba no, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, wugye wɔn.+ 29  Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wodi ahantansɛm na wontie w’ahyɛde;+ na w’atemmusɛm nso, wobu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sinsen wɔn kɔn. 30  Wunyaa wɔn ho abotare+ mfe pii na wonam wo honhom ne w’adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Eduu baabi no, wode wɔn hyɛɛ asaase no so aman nsa.+ 31  Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woantow wɔn ankyene, efisɛ woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ 32  “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu, wudi w’apam so, na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi,+ amanehunu a aba yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo,+ yɛn asɔfo,+ yɛn adiyifo,+ yɛn agyanom, ne wo nkoa nyinaa so fi Asiria ahemfo+ bere so besi nnɛ yi, mma ɛnnyɛ ade ketewa wɔ w’ani so. 33  Nea aba yɛn so nyinaa mu no, wudi bem efisɛ woadi nokware wɔ wo nneyɛe mu; yɛn na yɛayɛ bɔne.+ 34  Na yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo, yɛn asɔfo, ne yɛn agyanom de, wɔanni wo Mmara so, na wɔantie w’ahyɛde ne wo nkaesɛm* a wode bɔɔ wɔn kɔkɔ no. 35  Bere mpo a wɔn ahenni rekɔ so a womaa wɔn nneɛma pa pii ne asaase pa* a ɛtrɛw no, wɔn de, wɔansom wo+ na wɔantwe wɔn ho amfi wɔn nneyɛe bɔne ho. 36  Hwɛ! Yɛn na ɛnnɛ yɛayɛ nkoa yi!+ Yɛayɛ nkoa wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne emu nneɛma pa no so. 37  Yɛn bɔne nti nnɔbae pii a ɛsow no, ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so no hɔ na ɛkɔ.+ Wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛnea wɔpɛ; yɛakɔ ahohia kɛse mu. 38  “Eyi nyinaa nti, yɛreyɛ apam a edi mu;+ yɛrekyerɛw na yɛama yɛn mpanyimfo, Lewifo, ne yɛn asɔfo nso de wɔn ahyɛnsode atintim so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “dii mmuada.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “adekyee mu nkyem anan mu baako.”
Anaa “mfi mmeresanten nkosi mmeresanten.”
Nt., “n’aba.”
Anaa “mmara a enni huammɔ.”
Nt., “womaa wo nsa so.”
Anaa “wosen wɔn kɔn.”
Anaa “woyɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn.”
Anaa “honi a wɔagu.”
Anaa “woanyi amfi wɔn anom.”
Anaa “asaase a adɔ srade.”
Nt., “wɔtow kyenee wɔn akyi.”
Anaa “wotiatia wɔn so.”
Anaa “kɔkɔbɔ.”
Anaa “asaase a adɔ srade.”