Numeri 13:1-33

  • Akwansrafo 12 a wɔsomaa wɔn kɔɔ Kaanan no (1-24)

  • Akwansrafo du de amanneɛbɔ a etu koma na ɛbae (25-33)

13  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Soma mmarima bi ma wonwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛnea Kaanan asaase no te, asaase a mede rema Israelfo no. Abusuakuw biara mu, munyi ɔbarima baako nsoma no, ɔbarima a ɔyɛ abusuapanyin.”+  Enti Mose somaa wɔn fii Paran sare so+ sɛnea Yehowa kae no. Ná mmarima no nyinaa yɛ Israel mpanyimfo.  Wɔn din ni: Ruben abusuakuw mu, woyii Sakur ba Sammua.  Simeon abusuakuw mu, woyii Hori ba Safat;  Yuda abusuakuw mu, woyii Yefune ba Kaleb;+  Isakar abusuakuw mu, woyii Yosef ba Yigal;  Efraim abusuakuw mu, woyii Nun ba Hosea;+  Benyamin abusuakuw mu, woyii Rafu ba Palti; 10  Sebulon abusuakuw mu, woyii Sodi ba Gadiel; 11  Yosef abusuakuw mu,+ woyii Susi ba Gadi maa Manase abusuakuw;+ 12  Dan abusuakuw mu, woyii Gemali ba Amiel; 13  Aser abusuakuw mu, woyii Mikael ba Setur; 14  Naftali abusuakuw mu, woyii Wofsi ba Nabi; 15  Gad abusuakuw mu, woyii Maki ba Geuel. 16  Mmarima a Mose somaa wɔn ma wowiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no, wɔn din ne no. Na Mose too Nun ba Hosea din Yosua.*+ 17  Bere a Mose resoma wɔn ama wɔakɔhwɛ sɛnea Kaanan asaase no te no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo nkɔ Negeb na montoa so nkɔ bepɔw no so.+ 18  Monkɔhwɛ sɛnea asaase no te,+ na monhwɛ sɛ nnipa a wɔtete so no ho yɛ den anaasɛ wɔn ho nyɛ den, wosua anaa wɔdɔɔso. 19  Afei monhwɛ sɛ asaase no ye anaasɛ enye, na monhwɛ sɛ wɔtete ntamadan mu anaasɛ wɔtete nkurow a afasu wɔ ho mu. 20  Afei nso, monhwɛ sɛ asaase no yɛ asaase pa* anaasɛ awu,*+ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so. Munnya akokoduru+ na momfa asaase no so nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no, na bobe a edi kan abere.+ 21  Enti wɔforo kɔe, na wɔkɔhwɛɛ sɛnea asaase no te. Wofi Sina sare so+ kɔɔ Rehob+ baabi a ɛbɛn Lebo-Hamat.*+ 22  Bere a wɔforo kɔɔ Negeb no, wokoduu Hebron.+ Ɛhɔ na na Ahiman, Sesai, ne Talmai+ a wɔyɛ Anakfo+ no te. Hebron kurow no, wɔkyekyee no mfe ason ansa na wɔrekyekye Soan a ɛwɔ Egypt no. 23  Bere a wobeduu Eskol Bon* ho no,+ wotwaa bobe nkorabata bi a bobe siaw wɔ so. Wɔde hyɛɛ dua bi so, na mmarima no baanu na etumi soae; wɔde ɛhɔ granate akutu* ne borɔdɔma aba no bi kaa ho.+ 24  Bobe siaw a Israelfo twae wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol* Bon.*+ 25  Nnafua 40 akyi no,+ wofii asaase a wɔkɔhwɛɛ so no so bae. 26  Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbae no kyerɛɛ wɔn. 27  Nea wɔka kyerɛɛ Mose ni: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufusu ne ɛwo abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbae no bi ni.+ 28  Nanso wɔn a wɔte asaase no so no ho yɛ den, na wɔwɔ nkurow akɛse a wɔabɔ ho ban. Yehuu Anakfo no nso wɔ hɔ.+ 29  Amalekfo+ no te Negeb+ asaase so, na Hitifo ne Yebusifo+ ne Amorifo+ te bepɔw no so, ɛnna Kaananfo+ nso te mpoano+ ne Yordan ho.” 30  Na Kaleb kasa kyerɛɛ ɔman no bere a wogyina Mose anim no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn koma bɛtɔ wɔn yam. Ɔkae sɛ: “Momma yɛmforo nkɔ seesei ara, na ɔkwan biara so yebedi wɔn so nkonim afa asaase no.”+ 31  Nanso mmarima a wɔne no foro kɔe no kae sɛ: “Yɛrentumi mforo nkɔ nkɔtow nhyɛ nkurɔfo no so, efisɛ wɔn ho yɛ den sen yɛn.”+ 32  Na wɔkɔɔ so ara de asaase a wɔkɔhwɛe no ho amanneɛ a etu koma+ bɔɔ Israelfo no sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛnea ɛte no yɛ asaase a ɛmene ɛsofo, na nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no nyinaa yɛ akantinka a yenhuu bi da.+ 33  Yehuu Nefilimfo no nso wɔ hɔ, Anak mma+ a wofi Nefilimfo mu* no. Yɛyɛɛ sɛ mmebɛw wɔ wɔn ani so, na yɛn ankasa nso hui sɛ yɛayɛ sɛ mmebɛw.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Yehosua,” ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.”
Nt., “afɔn.”
Nt., “srade.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Anaa “pomegranate.”
Anaa “Subon.”
Ɛkyerɛ, “Bobe Asiaw.”
Anaa “Subon.”
Anaa “wɔyɛ Nefilimfo asefo.”