Numeri 15:1-41

  • Afɔrebɔ ho mmara (1-21)

    • Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma Israelfo ne ahɔho a wɔabɛtena wɔn mu (15, 16)

  • Bɔne a wɔanhyɛ da; ɛho afɔre (22-29)

  • Bɔne a wɔhyɛ da yɛ; ɛho asotwe (30, 31)

  • Wokum obi a ɔsɛee Homeda (32-36)

  • Ɛsɛ sɛ wɔnwene mmɛsa wɔ wɔn ntaade ano (37-41)

15  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mudu asaase a mede ama mo sɛ monkɔtena so no so,+  na mode nantwi anaa oguan bɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre oo,+ bɔhyɛ titiriw ho afɔre oo, ayamye afɔre oo,+ afɔre a morebɔ no afahyɛ bere+ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ huam* ma Yehowa a,+  ɛsɛ sɛ nea ɔrebɛbɔ afɔre no de ngo hin* nkyem anan mu baako fra esiam muhumuhu+ efa nkyem du mu baako* na ɔde bɔ aduan afɔre nso ma Yehowa.  Afei nso, momfa nsã* hin nkyem anan mu baako mmɔ nsã afɔre nka ɔhyew afɔre anaa odwennini kumaa afɔre biara ho.+  Na sɛ odwennini na mode reba a, momfa ngo hin nkyem abiɛsa mu baako mfra esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien, na momfa mmɛbɔ aduan afɔre.  Na momfa nsã* hin nkyem abiɛsa mu baako mmɛbɔ nsã afɔre huamhuam* mma Yehowa.  “‘Nanso sɛ mode nantwinini rebɛbɔ ɔhyew afɔre+ anaa bɔhyɛ titiriw afɔre+ anaa asomdwoe afɔre ama Yehowa a,+  momfa ngo hin fã mfra esiam muhumuhu efa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho mmɛbɔ aduan afɔre.+ 10  Afei nso, momfa nsã* hin fã mmɛbɔ nsã afɔre,+ momfa mmɛbɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew mma Yehowa. 11  Bere biara a mode nantwinini anaa odwennini anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye bɛba no, saa na ɛsɛ sɛ moyɛ. 12  Mmoa dodow biara a mode bɛba abɛbɔ afɔre no, saa na monyɛ emu biara, sɛnea wɔn dodow te. 13  Obiara a wɔwoo no Israelni no, sɛ ɔrebɛbɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ama Yehowa a, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no. 14  “‘Sɛ ɔhɔho bi abɛsoɛ mo mu, anaa watena mo mu mo awo ntoatoaso pii mu, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa a, sɛnea moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.+ 15  Ahyɛde baako na ɛwɔ hɔ ma asafo no ne ɔhɔho a wabɛtena mo mu no nyinaa. Ɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɔhɔho ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+ 16  Mmara baako ne atemmusɛm baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ɔhɔho a wabɛtena mo mu no nyinaa.’” 17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18  “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mudu asaase a mede mo rekɔ so no so, 19  na mudi asaase no so aduan* biara a,+ munyi ntoboa mma Yehowa. 20  Momfa esiam a efi mo aba a edi kan mu no nto paanoo a ɛte sɛ kawa mmeyi ntoboa.+ Sɛnea mode awiporowbea ntoboa ba no, saa ara na momfa eyi nso mmra. 21  Momfa esiam a efi mo aba a edi kan mu no bi nyɛ ntoboa mma Yehowa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 22  “‘Na sɛ mudi mfomso, na moanni mmara a Yehowa de maa Mose yi nyinaa so, 23  kyerɛ sɛ, mmara a Yehowa nam Mose so de maa mo, a ɛyɛɛ adwuma fii da a Yehowa de maa mo, a ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma akosi mo awo ntoatoaso so no, 24  na sɛ ɛnyɛ boapayɛ, na asafo no nnim ho hwee a, ɛnde asafo no nyinaa mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa, na wɔmfa ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre nka ho sɛnea wɔyɛ no daa no,+ na wɔmfa apɔnkye ba baako nso mmɔ bɔne ho afɔre.+ 25  Na ɔsɔfo no mpata mma Israel asafo no nyinaa bɔne, na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ efisɛ na ɛnyɛ boapayɛ. Afei nso, wɔbɔɔ afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa, na wɔbɔɔ wɔn bɔne ho afɔre wɔ Yehowa anim esiane wɔn mfomso no nti. 26  Wɔde bɛkyɛ Israel asafo no nyinaa ne ahɔho a wɔabɛtena wɔn mu no, efisɛ ɛyɛ mfomso a ɔman no nyinaa dii. 27  “‘Sɛ onipa* bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa apɔnkyebere a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ bɔne ho afɔre.+ 28  Ɔsɔfo no mpata mma onipa* a wanhyɛ da a ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma ne bɔne no, na wɔde bɛkyɛ no.+ 29  Sɛ obi a wɔwoo no Israelni anaa ɔhɔho a wabɛtena wɔn mu no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara koro na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+ 30  “‘Nanso sɛ onipa* bi hyɛ da yɛ bɔne a,+ watwa Yehowa adapaa. Enti sɛ wɔwoo no Israelni oo, sɛ ɔyɛ ɔhɔho oo, wonkum* no mfi ne man mu. 31  Esiane sɛ saa onipa* no abu Yehowa asɛm animtiaa na wabu n’ahyɛde so nti, sɛnea ɛte biara munkum no.*+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+ 32  Bere a Israelfo no wɔ sare so no, wohuu ɔbarima bi sɛ ɔresesaw anyina Homeda.+ 33  Wɔn a wohui sɛ ɔresesaw anyina no de no baa Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa anim. 34  Na wɔde no too dan mu,+ efisɛ na wɔnkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no. 35  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛnea ɛte biara wonkum ɔbarima no;+ ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa siw no abo wɔ asoɛe no akyi.”+ 36  Enti asafo no nyinaa de no kɔɔ asoɛe no akyi, na wosiw no abo kum no, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 37  Yehowa toaa so kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose sɛ: 38  “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔne wɔn nkyirimma* nyinaa nnwene mmɛsa wɔ wɔn ntaade ano, na wɔmfa hama bruu nto mmɛsa no so.+ 39  ‘Monnwene mmɛsa no wɔ mo ntaade ano sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu na akae mo Yehowa ahyɛde nyinaa na moadi so.+ Ɛnsɛ sɛ mudi mo ankasa koma ne mo aniwa akyi. Ɛno na mudi akyi a ɛmma munni me nokware no.*+ 40  Eyi bɛma moakae m’ahyɛde nyinaa na moadi so, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.+ 41  Mene Yehowa mo Nyankopɔn, me na miyii mo fii Egypt asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɛyɛ nea edwudwo koma; ɛyɛ nea ahomeka wom.”
Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.
Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “a edwudwo koma; a ahomeka wom.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “a edwudwo koma; a ahomeka wom.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “paanoo.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “wontwa.”
Anaa “muntwa no nkyene.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “awo ntoatoaso.”
Kyerɛ sɛ, wodi akyi bɔ aguaman wɔ honhom fam, anaa wɔsom anyame foforo.