Numeri 17:1-13

  • Aaron poma fefɛwee; edii adanse sɛ Aaron na Onyankopɔn ayi no (1-13)

17  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Wo ne Israelfo no nkasa, na gye poma baako fi wɔn agyanom abusuafi biara mu.+ Gye fi ɔpanyin a ɔwɔ agyanom abusuafi biara mu no hɔ. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma 12. Kyerɛw obiara din wɔ ne poma ho.  Kyerɛw Aaron din wɔ Lewifo poma ho, efisɛ abusuapanyin biara de poma baako bɛba ama n’agyanom abusuafi.  Fa mpoma no nyinaa kogu ahyiae ntamadan no mu wɔ Adanse Adaka no+ anim, baabi a metaa yi me ho adi kyerɛ mo no.+  Na onipa a meyi no no,+ ɔno na ne poma bɛfefɛw, na anwiinwii a Israelfo nwiinwii tia me,+ ne nea wonwiinwii tia mo no,+ mɛma agyae.”  Enti Mose ne Israelfo no kasae, na wɔn mpanyimfo no nyinaa de wɔn mpoma maa no. Ɔpanyin a ɔwɔ agyanom abusuafi biara mu de poma baako bae, na ne nyinaa yɛɛ mpoma 12. Ná Aaron poma ka wɔn mpoma no ho.  Ɛnna Mose de mpoma no beguu Adanse ntamadan no mu wɔ Yehowa anim.  Na ade kyee a Mose kɔɔ Adanse ntamadan no mu no, hwɛ! na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw agu nhwiren, na na asow aborɔfo nkate ama abere.  Na Mose de mpoma no nyinaa pue fii Yehowa anim brɛɛ Israelfo no nyinaa. Wɔhwɛɛ mpoma no, na ɔbarima biara yii ne de. 10  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma no+ kɔto Adanse Adaka no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatewfo no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyae anwiinwii a wonwiinwii tia me no, na wɔanwuwu.” 11  Ntɛm ara na Mose yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 12  Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi de, yebewuwu, nea ɛte biara yɛbɛsɛe; yɛn nyinaa bɛsɛe! 13  Obiara a ɔbɛbɛn Yehowa som ntamadan no mpo bewu!+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu saa?”+

Ase Hɔ Nsɛm