Numeri 2:1-34

  • Wɔhyehyɛɛ asoɛe hɔ nnipa maa mmusuakuw abiɛsa biara yɛɛ asafo baako (1-34)

    • Yuda mmusuakuw abiɛsa asafo no wɔ apuei (3-9)

    • Ruben mmusuakuw abiɛsa asafo no wɔ anaafo (10-16)

    • Lewi asoɛe wɔ mfinimfini (17)

    • Efraim mmusuakuw abiɛsa asafo no wɔ atɔe (18-24)

    • Dan mmusuakuw abiɛsa asafo no wɔ atifi (25-31)

    • Mmarima a wɔkyerɛw wɔn din no nyinaa dodow (32-34)

2  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Israelfo no nkyekye wɔn asoɛe wɔ baabi a wɔde ama mmusuakuw abiɛsa asafo+ a wɔwom no. Obiara ntena baabi a ɛbɛn n’agyanom abusuafi frankaa.* Wɔmma wɔn asoɛe no anim nkyerɛ ahyiae ntamadan no, na entwa ho nhyia.  “Wɔn a wobesi wɔn ntamadan wɔ apuei fam, baabi a owia pue fi no ne mmusuakuw abiɛsa asafo a Yuda abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no. Yuda abusuapanyin ne Aminadab ba Naason.+  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 74,600.+  Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Isakar abusuakuw no. Isakar abusuapanyin ne Suar ba Netanel.+  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 54,400.+  Wɔn a wɔka ho ne Sebulon abusuakuw no. Sebulon abusuapanyin ne Helon ba Eliab.+  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 57,400.+  “Enti asraafo a wɔwɔ Yuda asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 186,400. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wobedi kan atu.+ 10  “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Ruben+ abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ anaafo fam. Ruben abusuapanyin ne Sedeo ba Elisur.+ 11  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 46,500.+ 12  Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Simeon abusuakuw no. Simeon abusuapanyin ne Surisadai ba Selumiel.+ 13  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 59,300.+ 14  Wɔn a wɔka ho ne Gad abusuakuw no. Gad abusuapanyin ne Reuel ba Eliasaf.+ 15  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 45,650.+ 16  “Enti asraafo a wɔwɔ Ruben asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 151,450. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wɔto so abien a wobetu.+ 17  “Sɛ wɔde ahyiae ntamadan no rekɔ a,+ ɛsɛ sɛ Lewifo* no di mmusuakuw a aka no* mfinimfini. “Sɛnea wɔahyehyɛ wɔn ho wɔ asoɛe hɔ no, sɛ wɔrekɔ a, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn ho.+ Obiara nni n’afa sɛnea wɔahyehyɛ mmusuakuw abiɛsa asafo a ɔwom no. 18  “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Efraim abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ atɔe fam. Efraim abusuapanyin ne Amihud ba Elisama.+ 19  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 40,500.+ 20  Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Manase+ abusuakuw no. Manase abusuapanyin ne Pedasur ba Gamaliel.+ 21  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 32,200.+ 22  Wɔn a wɔka ho ne Benyamin abusuakuw no. Benyamin abusuapanyin ne Gideoni ba Abidan.+ 23  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 35,400.+ 24  “Enti asraafo a wɔwɔ Efraim asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 108,100. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wɔto so abiɛsa a wobetu.+ 25  “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Dan abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ atifi fam. Dan abusuapanyin ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 62,700.+ 27  Wɔn a wɔbɛkyekye wɔn asoɛe wɔ ne nkyɛn ne Aser abusuakuw no. Aser abusuapanyin ne Okran ba Pagiel.+ 28  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 41,500.+ 29  Wɔn a wɔka ho ne Naftali abusuakuw no. Naftali abusuapanyin ne Enan ba Ahira.+ 30  N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 53,400.+ 31  “Enti asraafo a wɔwɔ Dan asoɛe hɔ a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 157,600. Sɛ wɔretu* afi baabi a wɔsoɛe no a, wɔn na wotwa to a wobetu,+ sɛnea wɔahyehyɛ mmusuakuw abiɛsa asafo a wɔwom no.” 32  Eyinom ne Israelfo a wɔkyerɛw wɔn din huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu no. Nnipa a wɔwɔ asoɛe ahorow hɔ a wobetumi ayɛ asraafo, a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 603,550.+ 33  Nanso Lewifo no de, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔankyerɛw wɔn din+ anka Israelfo a aka no ho.+ 34  Na Israelfo no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. Enti sɛɛ na na Israel mmusuakuw abiɛsa asafo ahorow no+ kyekye asoɛe na wotu fi wɔn asoɛe.+ Ná wɔhyehyɛ wɔn ho mmusua mmusua ne sɛnea wɔn agyanom abusuafi te.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahyɛnsode.”
Anaa “Israelfo retu.”
Anaa “Israelfo retu.”
Anaa “mmusuakuw a aka no asoɛe.”
Anaa “Lewifo asoɛe.”
Anaa “Israelfo retu.”
Anaa “Israelfo retu.”