Numeri 22:1-41

  • Balak bɔɔ Baalam paa (1-21)

  • Baalam afurum kasae (22-41)

22  Na Israelfo tui, na wɔkyekyee asoɛe wɔ Moab sare so wɔ Yordan agya a ɛne Yeriko di nhwɛanim no.+  Sipor ba Balak+ huu nea Israelfo de yɛɛ Amorifo no nyinaa,  na Moabfo suroo Israelfo no paa, efisɛ na Israelfo no dɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, Israelfo no nti, Moabfo no bɔɔ hu yiye.+  Enti Moabfo ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo+ sɛ: “Saa asafo yi bɛwe nea atwa yɛn ho ahyia nyinaa sɛnea nantwi* we sare no.” Saa bere no, na Sipor ba Balak na ɔyɛ Moab hene.  Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Beor ba Baalam nkyɛn wɔ Petor+ a ɛbɛn Asubɔnten* a ɛwɔ asaase a wɔwoo Baalam wɔ so no so no. Ɔma wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfo bi fi Egypt aba. Hwɛ! Wɔahyɛ asaase so ma,*+ na wɔte me hwene ano pɛɛ.  Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome saa nkurɔfo yi ma me,+ efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asaase no so, efisɛ minim yiye sɛ nea wubehyira no no, wobehyira no, na nea wobɛdome no no, wɔbɛdome no.”  Enti Moab mpanyimfo ne Midian mpanyimfo faa sika a wɔde rekɔ abisa no kurae, na wɔkɔɔ Baalam+ nkyɛn kɔkaa nea Balak aka no kyerɛɛ no.  Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monna ha anadwo yi, na nea Yehowa bɛka biara, mɛba abɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no tenaa Baalam nkyɛn.  Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn, na obisaa no sɛ:+ “Nnipa bɛn na wɔwɔ wo nkyɛn yi?” 10  Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no na asoma abɛka akyerɛ me sɛ, 11  ‘Hwɛ! Nkurɔfo a wofi Egypt no ahyɛ asaase so ma.* Enti bra na bɛdome wɔn ma me.+ Ebia metumi ne wɔn ako, na mapam wɔn afi asaase no so.’” 12  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Nni wɔn akyi nkɔ. Nnome nkurɔfo no, efisɛ wɔahyira wɔn.”+ 13  Na Baalam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanyimfo no sɛ: “Monkɔ mo asaase so, efisɛ Yehowa ampene so sɛ me ne mo bɛkɔ.” 14  Enti Moab mpanyimfo no sɔre kɔe, na wɔkɔka kyerɛɛ Balak sɛ: “Baalam ampene so ne yɛn amma.” 15  Na Balak san somaa mpanyimfo foforo a wɔdɔɔso na wɔwɔ anuonyam sen wɔn a odii kan somaa wɔn no. 16  Na wɔbaa Baalam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mepa wo kyɛw, mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17  efisɛ mɛhyɛ wo anuonyam paa, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ. Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome nkurɔfo yi ma me.’” 18  Nanso Baalam ka kyerɛɛ Balak nkoa no sɛ: “Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ no ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa me Nyankopɔn asɛm so nyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ade ketewa anaa ade kɛse.+ 19  Mepa mo kyɛw, mo nso monna ha anadwo yi na menhwɛ nea Yehowa bɛsan aka akyerɛ me.”+ 20  Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mmarima yi aba abɛfrɛ wo a, wo ne wɔn nkɔ. Nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.”+ 21  Enti Baalam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afurum,* na ɔne Moab mpanyimfo no kɔe.+ 22  Bere a Onyankopɔn hui sɛ ɔrekɔ no, ne bo fuwii, na Yehowa bɔfo begyinaa ɔkwan no mu sɛ obesiw no kwan. Saa bere no, na Baalam te n’afurum so, na na ne nkoa baanu ka ne ho. 23  Bere a afurum no hui sɛ Yehowa bɔfo atwe sekan gyina kwan no mu no, afurum no yɛe sɛ ɔrefi kwan no mu akɔ wuram. Nanso Baalam fii ase hwee afurum no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan asi kwan mu. 24  Na Yehowa bɔfo no begyinaa ɔkwan ketewa bi a na ɛwɔ bobe mfuw abien ntam so, na na abo afasu wɔ benkum ne nifa. 25  Bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, ɔde ne ho taree ɔfasu no, na ɛkaa Baalam nan miaa ɔfasu no, na Baalam fii ase hwee aboa no bio. 26  Ɛnna Yehowa bɔfo no san betwaam, na okogyinaa baabi a ɔkwan no sua paa; wofa benkum a ɛnyɛ yiye, wofa nifa nso a ɛnyɛ yiye. 27  Bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, obutuw fam. Saa bere no nyinaa, na Baalam da so te no so. Enti Baalam bo fuwii, na ɔkɔɔ so de ne poma hwee afurum no. 28  Afei de Yehowa maa afurum no kasae,*+ na obisaa Baalam sɛ: “Mayɛ wo dɛn na woahwe me mprɛnsa yi?”+ 29  Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ afurum no sɛ: “Wo tirim yɛ den ntia. Sɛ mikura sekan a, anka makum wo!” 30  Na afurum no bisaa Baalam sɛ: “Ɛnyɛ w’afurum ne me? Ɛnyɛ me so na woatena wo nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ? Woahu sɛ mayɛ wo saa da?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Daabi!” 31  Afei Yehowa buee Baalam ani,+ na ohuu Yehowa bɔfo sɛ watwe sekan gyina kwan no mu. Ɛhɔ ara na ɔkotowee, na ɔde n’anim butuw fam. 32  Ɛnna Yehowa bɔfo no bisaa no sɛ: “W’afurum no ayɛ wo dɛn na woahwe no mprɛnsa yi? Hwɛ! Me ara na maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ mempene nea worekɔyɛ no so.+ 33  Afurum no huu me, na ɔyɛe sɛ ɔbɛman afi m’anim mprɛnsa.+ Sɛ wamman amfi m’anim a, anka saa bere yi makum wo ama afurum no afa ne ho adi.” 34  Baalam ka kyerɛɛ Yehowa bɔfo no sɛ: “Mayɛ bɔne, efisɛ na minnim sɛ wo na woabegyina ɔkwan no mu rebehyia me. Sɛ wompene so a, ɛnde mɛsan m’akyi.” 35  Nanso Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.” Enti Baalam ne Balak mpanyimfo no toaa so kɔe. 36  Bere a Balak tee sɛ Baalam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no wɔ Moab kurom, kurow a ɛda Arnon nsu ano wɔ ɔman no hye so no. 37  Na Balak bisaa Baalam sɛ: “Mansoma sɛ wɔmmɛfrɛ wo? Adɛn nti na woamma? Ɛyɛ wo sɛ merentumi nhyɛ wo anuonyam kɛse anaa?”+ 38  Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Afei de maba. Nanso merentumi nka nea mepɛ. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ m’ano no, ɛno nko ara na mɛka.”+ 39  Enti Baalam ne Balak kɔe, na wokoduu Kiriat-Husot. 40  Na Balak de anantwi ne nguan bɔɔ afɔre, na ɔde bi kɔmaa Baalam ne mpanyimfo a na wɔka ne ho no. 41  Na ade kyee anɔpa no, Balak kɔfaa Baalam, na ɔde no foro kogyinaa Bamot-Baal sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nnipa no nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nantwinini.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Eufrate.
Nt., “Wɔakata asaase ani.”
Nt., “akata asaase ani.”
Nt., “n’afurumbere.”
Nt., “buee afurumbere no ano.”