Numeri 23:1-30

  • Baalam anwensɛm a edi kan (1-12)

  • Baalam anwensɛm a ɛto so abien (13-30)

23  Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔremuka ason wɔ ha,+ na fa anantwinini ason ne adwennini ason bɔ afɔre ma me.”  Ntɛm ara na Balak yɛɛ nea Baalam kae no. Na Balak ne Baalam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+  Na Baalam san ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Gyina wo hyew afɔre no ho, na mereba. Ebia Yehowa bɛka biribi akyerɛ me. Na nea ɔbɛma mahu biara, mɛka akyerɛ wo.” Enti okogyinaa koko bi a ɛso ayɛ kwabokwabo so.  Na Onyankopɔn ne Baalam kasae,+ na Baalam ka kyerɛɛ No sɛ: “Masisi afɔremuka ason asesa so, na mede nantwinini baako ne odwennini baako abɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.”  Na Yehowa de asɛm yi hyɛɛ Baalam ano sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na ka.”  Enti ɔsan kɔe, na okohui sɛ Balak ne Moab mpanyimfo nyinaa gyinagyina ne hyew afɔre no ho.  Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kae sɛ:+ “Moab hene Balak abɛfa me afi Aram,+Ɔde me fi apuei fam mmepɔw so aba sɛ: ‘Bra bɛdome Yakob ma me. Yiw, bra bɛbɔ Israel dua.’+   Wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn no, ɛbɛyɛ dɛn na madome wɔn? Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn dua no, ɛbɛyɛ dɛn na mabɔ wɔn dua?+   Sɛ migyina abotan atifi a, mihu wɔn,Na sɛ migyina nkoko so a, m’ani tua wɔn. Wɔyɛ nkurɔfo a wɔn nko ara te hɔ;+Wɔmfa wɔn ho mfra amanaman no.+ 10  Hena na obetumi akan Yakob mfuturu?+Na hena na obetumi akan Israel nkyem anan mu baako mpo? Ma minwu* atreneefo wu,Na ma m’awiei nyɛ sɛ wɔn.” 11  Ɛnna Balak bisaa Baalam sɛ: “Ɛdɛn na woayɛ me yi? Mede wo bae sɛ bɛdome m’atamfo, nanso nhyira na wode aguare wɔn.”+ 12  Na ɔkae sɛ: “Nea Yehowa de bɛhyɛ m’ano no, ɛnyɛ ɛno na ɛsɛ sɛ meka anaa?”+ 13  Ɛnna Balak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma yɛnkɔ baabi foforo a wubehu wɔn. Wɔn mu kakraa bi na wubehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa. Dome wɔn ma me wɔ hɔ.”+ 14  Enti ɔde no kɔɔ Sofim sare so, Pisga atifi,+ na osii afɔremuka ason de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+ 15  Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Wo de, gyina wo hyew afɔre ho na menkɔ hɔ nkotie nea Ɔbɛka.” 16  Na Yehowa ne Baalam kasae, na ɔde n’asɛm hyɛɛ n’ano sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na ka.” 17  Enti ɔsan kɔe, na okohui sɛ ogyina ne hyew afɔre no ho retwɛn, na na Moab mpanyimfo gyinagyina ne nkyɛn. Na Balak bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na Yehowa kae?” 18  Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm yi sɛ:+ “Balak, sɔre na tie. O, Sipor ba, tie me. 19  Onyankopɔn nyɛ onipa dasani na wadi atoro,+Na ɔnyɛ onipa ba na wasesa n’adwene.*+ Sɛ ɔka biribi a, ɔrenyɛ anaa? Na sɛ ɔkasa a, ɔrenyɛ nea waka no anaa?+ 20  Hwɛ! Wɔde me aba sɛ mimmehyira;Seesei Wahyira,+ na merentumi nnan no.+ 21  Ɔrempene mma obiara mfa Yakob nkɔ aduru so,Na ɔremma ɔhaw biara mma Israel so. Ne Nyankopɔn Yehowa ka ne ho,+Wɔbɔ gye no so sɛ ɔhene wɔ wɔn mu. 22  Onyankopɔn de wɔn fi Egypt reba.+ Ɔte sɛ ɛkoɔ* mmɛn a ɛboa wɔn.+ 23  Obiara to Yakob aduru a ɛrennya no,+Obiara rentumi nkɔ Israel ho abisa mpɛ mmusu mma wɔn.+ Seesei nea wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho ne sɛ: ‘Monhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’ 24  Hwɛ, ɔman a ɛbɛsɔre agyina te sɛ gyata ni,Na ɔbɛma ne mu so te sɛ gyata.+ Ɔremmutuw hɔ gye sɛ wakyere aboa bi awe,Na wanom wɔn a wakum wɔn no mogya.” 25  Na Balak ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Sɛ worentumi mmɔ no dua a, ɛnde nhyira no.” 26  Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ, ‘Nea Yehowa bɛka biara mɛyɛ’?”+ 27  Na Balak ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia ɛhɔ de nokware Nyankopɔn no bɛpene ama woadome no ama me.”+ 28  Enti Balak de Baalam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ Yesimon* no so.+ 29  Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔremuka ason wɔ ha, na fa anantwinini ason ne adwennini ason bɔ afɔre ma me.”+ 30  Enti Balak yɛɛ nea Baalam kae no, na ɔde nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “me kra nwu.”
Anaa “wanu ne ho.”
Anaa “wuram nantwi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “anwea pradadaa; sare.”