Numeri 24:1-25

  • Baalam anwensɛm a ɛto so abiɛsa (1-11)

  • Baalam anwensɛm a ɛto so anan (12-25)

24  Bere a Baalam hui sɛ Yehowa pɛ* sɛ ohyira Israelfo no, wanhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ato wɔn aduru bio,+ mmom ɔde n’ani kyerɛɛ sare so.  Bere a Baalam maa n’ani so a ohui sɛ Israelfo tete hɔ mmusua mmusua wɔ wɔn asoɛe hɔ no,+ Onyankopɔn honhom baa no so.+  Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kae sɛ:+ “Beor ba Baalam asɛm ni,Ɔbarima a wɔabue n’ani no asɛm ni,   Nea ɔtee Onyankopɔn asɛm,Nea onyaa ade nyinaa so Tumfo no ho anisoadehu,Nea obutuw hɔ a n’ani gu so no, n’asɛm ni:+   O Yakob, hwɛ sɛnea wo tenabea yɛ fɛ;O Israel, hwɛ sɛnea wo ntamadan yɛ fɛ!+   Ɛtrɛw kɔ akyiri sɛ abon,*+Ɛte sɛ nturo a ɛwowɔ nsu ho.Ɛte sɛ pɛprɛ nnua a Yehowa adua,Ɛte sɛ sida nnua a esisi nsu ho.   Nsu bu fa n’asuhina abien ho,Wɔadua n’aba* wɔ nsu pii ho.+ Ne hene+ nso bɛyɛ kɛse asen Agag,+Na wɔbɛma n’ahenni so.+   Onyankopɔn de no fi Egypt reba;Ɔte sɛ ɛkoɔ* mmɛn a ɛboa wɔn. Ɔbɛwe aman a wɔhyɛ no so no nam,+Ɔbɛbobɔ wɔn nnompe mu, na ɔde n’agyan bebubu wɔn pasaa.   Obutuw fam, na ɔda hɔ te sɛ gyata;Ɔte sɛ gyata, na hena na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akonyan no? Wobehyira wɔn a wohyira wo,Na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”+ 10  Ɛnna Balak bo fuw Baalam. Na Balak bɔɔ ne nsam, na ɔka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome m’atamfo,+ nanso nhyira na wode aguare wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11  Yɛ ntɛm kɔ wo fi. Mekae sɛ mɛhyɛ wo anuonyam paa,+ nanso hwɛ! Yehowa ama anuonyam no abɔ wo.” 12  Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Manka ankyerɛ nnipa a wosomaa wɔn no sɛ, 13  ‘Sɛ Balak de ne fi a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ mu ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa asɛm so nyɛ nea me ara mepɛ.* Papa oo, bɔne oo, merentumi mfa me pɛ nyɛ biribiara. Nea Yehowa bɛka no, ɛno ara na mɛka’?+ 14  Me de, merekɔ me man mu. Bra na menkyerɛ wo nea nkurɔfo yi de bɛyɛ wo man daakye.”* 15  Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kae sɛ:+ “Beor ba Baalam asɛm ni,Ɔbarima a wɔabue n’ani no asɛm ni,+ 16  Nea ɔtee Onyankopɔn asɛm,Nea ɔwɔ Ɔsorosoroni no ho nimdeɛ,Nea onyaa ade nyinaa so Tumfo no ho anisoadehu,Nea obutuw hɔ a n’ani gu so no, n’asɛm ni: 17  Mehu no, nanso ɛnyɛ nnɛ;Mede m’ani behu no, nanso ɛnyɛ seesei. Nsoromma bi+ bepue afi Yakob mu,Na ahempoma bi+ bɛsɔre afi Israel mu.+ Na sɛnea ɛte biara, ɔbɛpaapae Moab moma,*+Na wapaapae mma a wɔyɛ dede no tikora. 18  Ɔbɛfa Edom ayɛ n’agyapade,+Yiw, Seir+ bɛyɛ n’atamfo agyapade,+Na Israel de, ɔbɛda n’akokoduru adi. 19  Yakob mu na obi befi akodi n’atamfo so nkonim,+Na ɔbɛsɛe obiara a ɔbɛka wɔ kurow no mu no.” 20  Bere a ohuu Amalek no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ: “Amanaman no mu nea odi kan ne Amalek,+Nanso ebewie ase no, ɔbɛsɛe.”+ 21  Bere a ohuu Kenifo+ no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ: “Baabi a wɔabɔ ho ban na wote, na wo fi wɔ ɔbotan mu. 22  Nanso obi bɛba abɛhyew Kenifo* dwerɛbee. Ɛrenkyɛ na Asiria abɛkyere wo akɔ.” 23  Na ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ: “Ɛbɛyɛ dwe! Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, hena na obenya nkwa? 24  Ɛpo so ahyɛn befi Kitim+ mpoano aba,Na wɔbɛteetee Asiria,+Na wɔateetee Eber. Nanso ɔno nso bɛsɛe korakora.” 25  Ɛnna Baalam+ sɔree, na osiim san kɔɔ baabi a ofi bae. Na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “eye wɔ ani so.”
Anaa “subon.”
Anaa “n’aseni.”
Anaa “wuram nantwi.”
Nt., “nea efi me komam.”
Anaa “wɔ nna no awiei.”
Anaa “Moab asontɔrem.”
Nt., “Kain.”