Numeri 28:1-31

  • Sɛnea na wɔbɔ afɔre ahorow (1-31)

    • Afɔre a na wɔbɔ no daa (1-8)

    • Afɔre a na wɔbɔ no Homeda (9, 10)

    • Afɔre a na wɔbɔ no bosome biara (11-15)

    • Afɔre a na wɔbɔ bere a wɔredi Twam no (16-25)

    • Afɔre a na wɔbɔ bere a wɔredi Nnawɔtwe Afahyɛ no (26-31)

28  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ mfa m’afɔre, kyerɛ sɛ, m’aduan mma me. M’afɔre a wɔde ogya hyew a ɛyɛ me huam* no, ɛsɛ sɛ mobɔ ma me wɔ ne bere mu.’+  “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔre a wɔde ogya hyew a mobɛbɔ ama Yehowa ni: Da biara, momfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre; monyɛ saa daa.+  Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔre anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔre anwummere.*+  Momfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako* a wɔde ngo pa a efi ngodua* mu hin* nkyem anan mu baako afra mmɔ aduan afɔre.+  Ɛyɛ ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔw so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe sɛ ɛnyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa,  ne nsã hin nkyem anan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔre ka odwennini kumaa biara ho.+ Munhwie nsã a ɛbow no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔre mma Yehowa.  Na momfa odwennini kumaa a aka no mmɔ afɔre anwummere.* Momfa aduan afɔre te sɛ anɔpa de no nka ho, na momfa ɛho nsã afɔre nka ho te sɛ anɔpa de no ara. Momfa mmɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew mma Yehowa.+  “‘Na sɛ edu Homeda de a,+ momfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre, na momfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre, na momfa ɛho nsã afɔre nka ho. 10  Eyi ne ɔhyew afɔre a mobɛbɔ no Homeda de aka ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 11  “‘Bosome biara da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+ 12  na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abiɛsa a wɔde ngo afra nka nantwinini biara ho mmɔ aduan afɔre,+ na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afra nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.+ 13  Na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu baako a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre nka odwennini kumaa biara ho, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, afɔre huamhuam,*+ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 14  Momfa nsã* hin fã nka nantwinini biara ho mmɔ nsã afɔre,+ momfa nsã hin nkyem abiɛsa mu baako nka odwennini no ho,+ na momfa nsã hin nkyem anan mu baako nka odwennini kumaa biara ho mmɔ afɔre.+ Eyi ne ɔhyew afɔre a mobɛbɔ bosome biara, afe no nyinaa. 15  Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre mma Yehowa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho. 16  “‘Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no bɛyɛ Yehowa Twam.+ 17  Bosome no da a ɛto so 15 no bɛyɛ afahyɛ da. Munni paanoo a mmɔkaw* nnim nnanson.+ 18  Da a edi kan no bɛyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 19  Momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 20  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduan afɔre;+ momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre. 21  Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 22  Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre mpata mma mo bɔne. 23  Mommɔ saa afɔre no nka anɔpa ɔhyew afɔre a mobɔ no daa no ho. 24  Da biara mommɔ afɔre no saa kwan yi ara so nnanson mfa nyɛ aduan* afɔre; ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Momfa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho. 25  Na da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiam kronkron.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 26  “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a motew mo aba a edi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforo no bi rebɛbɔ aduan afɔre ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 27  Momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa.+ 28  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre. 29  Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 30  Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ afɔre mpata mma mo bɔne.+ 31  Momfa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre no ho. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔw;+ momfa ɛho nsã afɔre no nka ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “anwummere abien no ntam.”
Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ngodua aba a wɔawɔw de ayɛ ngo.”
Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “anwummere abien no ntam.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “bobesa.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “paanoo.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”