Numeri 29:1-40

  • Sɛnea na wɔbɔ afɔre ahorow (1-40)

    • Afɔre a na wɔbɔ no ɛda a wɔhyɛn torobɛnto (1-6)

    • Afɔre a na wɔbɔ no Mpata Da (7-11)

    • Afɔre a na wɔbɔ no Apata Afahyɛ da (12-38)

29  “‘Na bosome a ɛto so ason no, bosome no da a edi kan no, monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ Ɛbɛyɛ ɛda a mode hyɛn torobɛnto.+  Mommɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa. Momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre no. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ aduan afɔre; momfa efa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.  Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho.  Afei nso, momfa ɔpapo kumaa baako mmɔ bɔne ho afɔre mpata mma mo bɔne.  Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre a wɔbɔ no bosome biara no ho,+ ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa ne ɛho aduan afɔre+ ne ɛho nsã afɔre no ho,+ sɛnea wɔyɛ no daa no; ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.  “‘Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so du no, monyɛ nhyiam kronkron,+ na munni awerɛhow.* Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara.+  Afei momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre no. 10  Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 11  Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka bɔne ho afɔre a wɔde pata ma bɔne,+ ne ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho. 12  “‘Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 15 no, monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. Monhyɛ fã nnanson mma Yehowa.+ 13  Momfa anantwinini nkumaa 13, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre;+ ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 14  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka anantwinini 13 no mu biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka adwennini 2 no mu biara ho mmɔ aduan afɔre no. 15  Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa 14 no mu biara ho. 16  Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 17  “‘Na da a ɛto so abien no, momfa anantwinini nkumaa 12, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 18  Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 19  Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 20  “‘Na da a ɛto so abiɛsa no, momfa anantwinini 11, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 21  Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 22  Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 23  “‘Na da a ɛto so anan no, momfa anantwinini 10, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 24  Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 25  Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 26  “‘Na da a ɛto so anum no, momfa anantwinini 9, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 27  Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 28  Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 29  “‘Na da a ɛto so asia no, momfa anantwinini 8, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 30  Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 31  Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 32  “‘Da a ɛto so ason no, momfa anantwinini 7, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 33  Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no.* 34  Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 35  “‘Da a ɛto so awotwe no, monyɛ nhyiam titiriw. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 36  Momfa nantwinini baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre; ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔw.+ 37  Monhwɛ nantwinini no, ne odwennini no, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no. 38  Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne ɛho nsã afɔre no ho.+ 39  “‘Mommɔ afɔre yi nyinaa mma Yehowa wɔ mo afahyɛ ahorow ase.+ Monyɛ eyi nka mo bɔhyɛ afɔre+ ne mo ayamye afɔre+ a mobɔ sɛ mo hyew afɔre+ no ho, ne mo aduan afɔre,+ ne mo nsã afɔre,+ ne mo asomdwoe afɔre+ no ho.’” 40  Na Mose kaa nea Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfo no.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “momma mo kra nni awerɛhow.” “Awerɛhow” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfo te ase sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyen ne ho kɔm mpo.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “wɔyɛ no daa ma wɔn no.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”