Numeri 31:1-54

  • Wotuaa Midianfo so ka (1-12)

    • Wokum Baalam (8)

  • Nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu ho akwankyerɛ (13-54)

31  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Nea Midianfo de yɛɛ Israelfo no,+ yɛ bi tua wɔn ka.+ Wuwie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfo ho.”*+  Enti Mose ne ɔman no kasae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munyi mmarima bi mfi mo mu, na momma wɔn akode na wɔne Midianfo nkɔko, na wɔmfa Yehowa asotwe* mmra Midianfo so.  Munyi nnipa 1,000 mfi Israel abusuakuw biara mu mma wɔnkɔka asraafo no ho.”  Enti Israel apem apem mu no,+ woyii abusuakuw biara mu nnipa 1,000, na wonyaa nnipa 12,000 a wokurakura akode rekɔ ɔko.  Ɛnna Mose somaa abusuakuw biara mu nnipa 1,000 a oyiyii wɔn no ma wɔkɔkaa asraafo no ho. Wɔkɔkaa Eleasar ba Finehas+ ho. Ɔno na na ɔyɛ asraafo no sɔfo, na ɔno na na nneɛma kronkron ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn wɔ ɔko mu no+ hyɛ ne nsa.  Na wɔne Midianfo kɔkoe, sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no, na wokum ɔbarima biara.  Na wokum Midian ahemfo nso kaa wɔn a wokunkum wɔn no ho. Midian ahemfo baanum no din ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba. Na wɔde sekan kum Beor ba Baalam+ nso.  Na Israelfo no kyeree Midianfo mmea ne wɔn mma kɔe. Afei nso, wɔfom wɔn afieboa nyinaa, ne wɔn nyɛmmoa nyinaa, ne wɔn ho nneɛma nyinaa. 10  Wɔn nkurow a wɔtete mu ne wɔn asoɛe* nyinaa, wɔde ogya hyewee. 11  Na nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu, ne nneɛma a wɔfomee no, wɔde ne nyinaa kɔe, nnipa ne mmoa nyinaa. 12  Na wɔde wɔn a wɔkyeree wɔn no ne nneɛma a wɔfomee ne nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu nyinaa brɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne Israel asafo no nyinaa wɔ wɔn asoɛe hɔ wɔ Moab sare so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 13  Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu mpanyimfo nyinaa pue kohyiaa wɔn wɔ asoɛe no akyi. 14  Nanso Mose bo fuw mmarima a wɔdeda asraafo no ano no denneennen, kyerɛ sɛ, asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne asraafo mpanyimfo a wɔdeda ɔhaha ano a na wofi ɔko no mu reba no. 15  Mose bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moama mmea no nyinaa da so te nkwa mu? 16  Hwɛ! Mmea yi na Baalam ma wɔdaadaa Israelfo ma wɔyɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔ Peor asɛm no mu+ ma ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so no.+ 17  Enti munkunkum mmarimaa no nyinaa, na ɔbea biara a ɔne ɔbarima ada pɛn no, munkum no. 18  Nanso mmeawa a wɔne ɔbarima biara nnae da no de, momma wɔmfa wɔn ho nni.+ 19  Montena asoɛe no akyi nnanson. Mo mu biara a wakum obi,* ne mo mu biara a waso obi a wɔakum no mu no,+ onnwira ne ho+ ɛda a ɛto so abiɛsa ne ɛda a ɛto so ason no, mo ne wɔn a mokyeree wɔn bae no nyinaa. 20  Na ataade biara, ne ade biara a wɔde aboa nhoma ayɛ, anaa nea wɔde apɔnkye nwi ayɛ, ne ade biara a wɔde dua ayɛ no, munnwira ho.”* 21  Na ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ asraafo a wɔkɔɔ ɔko no sɛ: “Eyi ne mmara a Yehowa de maa Mose, 22  ‘Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa,* ne sumpii,* 23  ne ade biara a ebetumi afa ogya mu no, ɛno nko ara na momfa mfa ogya mu, na ɛho bɛtew. Nanso ɛsɛ sɛ mode ahodwira nsu no nso tew ho.+ Ade biara a entumi mfa ogya mu no, momfa mfa nsu no mu. 24  Na da a ɛto so ason no, monhoro mo ntaade na mo ho ntew, na ɛno akyi no, mubetumi aba asoɛe hɔ.’”+ 25  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26  “Kan nneɛma a wɔde fi ɔko mu bae no na munhu ne dodow. Kan nnipa a wɔkyeree wɔn bae ne mmoa a wɔde wɔn bae no nyinaa. Wo ne ɔsɔfo Eleasar ne agyanom abusuafi mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu na ɛnkan wɔn. 27  Monkyɛ nneɛma a wɔde fi ɔko mu bae no mu abien, na momfa fã mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no, na momfa nea aka no mma asafo no mufo a aka no nyinaa.+ 28  Gye asraafo a wɔkɔɔ ɔko no hɔ tow ma Yehowa. Nnipa 500 biara, gye ɔkra* baako; anantwi 500 biara, gye ɔkra baako; mfurum 500 biara, gye ɔkra baako, na nguan 500 biara, gye ɔkra baako. 29  Munyi mfi kyɛfa a wonyae no mu, na fa ma ɔsɔfo Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa.+ 30  Israelfo no kyɛfa no nso, nnipa 50 biara, gye baako; anantwi 50 biara, gye baako; mfurum 50 biara, gye baako; nguan 50 biara, gye baako; na afieboa a aka biara, gye 50 biara mu baako. Afei fa ma Lewifo+ a wɔyɛ Yehowa som ntamadan no ho adwuma no.”+ 31  Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea na Yehowa aka akyerɛ Mose no. 32  Nneɛma a nnipa a wɔkɔɔ ɔko no fae, kyerɛ sɛ, nea wɔfom de bae no, nea ɛkae no yɛ nguan 675,000, 33  ne anantwi 72,000, 34  ne mfurum 61,000. 35  Mmea a wɔne ɔbarima biara nnae da no+ dodow yɛ mmea* 32,000. 36  Bere a wɔkyɛɛ nneɛma no mu abien no, wɔn a wɔkɔɔ ɔko no nyaa nguan 337,500 sɛ wɔn kyɛfa. 37  Nguan no mu dodow a wɔde tuaa tow maa Yehowa no yɛ 675. 38  Anantwi a wonyae no dodow yɛ 36,000, na woyii mu 72 tuaa tow maa Yehowa. 39  Mfurum a wonyae dodow yɛ 30,500, na woyii mu 61 tuaa tow maa Yehowa. 40  Nnipa* a wonyae dodow yɛ 16,000, na woyii nnipa* no mu 32 tuaa tow maa Yehowa. 41  Na Mose de tow no maa ɔsɔfo Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa,+ sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no. 42  Bere a Mose kyɛɛ nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu abien a ɔde asraafo no kyɛfa maa wɔn no, ɔfã a ɛkɔɔ Israelfo no hɔ no, 43  nguan no fã a wonyae no yɛ 337,500, 44  anantwi no yɛ 36,000, 45  mfurum no yɛ 30,500, 46  ɛnna nnipa* no yɛ 16,000. 47  Na nneɛma no fã a ɛkɔɔ Israelfo no hɔ no, Mose gyee 50 biara mu baako, nnipa ne mmoa nyinaa. Na ɔde maa Lewifo+ a wɔyɛ Yehowa som ntamadan no ho adwuma no,+ sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no. 48  Ɛnna mmarima a wɔdeda asraafo no ano no,+ kyerɛ sɛ, asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne asraafo mpanyimfo a wɔdeda ɔhaha ano no kɔɔ Mose nkyɛn, 49  na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa akan asraafo a wɔhyɛ yɛn nsa no, na wɔn mu baako mpo nyerae.+ 50  Enti ma yɛn mu biara mfa nea wanya mmɛbɔ afɔre mma Yehowa: biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, kawa a wɔde to nan, nkapo, ahyɛnsode nkawa, asomuade, ne agude foforo biara. Ma wɔmfa eyinom mpata mma yɛn* bɔne wɔ Yehowa anim.” 51  Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a wɔde bae no; agude a wɔde bae no nyinaa, wogyei. 52  Na sika kɔkɔɔ a asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne asraafo mpanyimfo a wɔdeda ɔhaha ano no de maa Yehowa sɛ ntoboa no nyinaa dodow yɛ nnwetɛbona* 16,750. 53  Ná asraafo no mu biara afa nneɛma a wɔde fi ɔko mu bae no bi. 54  Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a asraafo mpanyimfo a wɔdeda apem apem ano ne wɔn a wɔdeda ɔhaha ano no de bae no, na wɔde baa ahyiae ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo no wɔ Yehowa anim.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.
Anaa “aweredi.”
Anaa “asoɛe a wɔato ho fasu.”
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “munnwira ho mfi bɔne ho.”
Ɛyɛ dade bi a wɔde yɛ kankyee.
Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “akra.”
Anaa “Nnipa akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “nnipa akra.”
Anaa “yɛn akra.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.