Numeri 35:1-34

  • Lewifo nkurow (1-8)

  • Guankɔbea nkurow (9-34)

35  Yehowa ne Mose kasae wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan+ wɔ Yeriko no, na ɔkae sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, agyapade a wobenya no, wonyi emu nkurow no bi mma Lewifo no ntena mu,+ na wɔmfa nkurow no ho nsaase a mmoa bedidi so no mma Lewifo no.+  Wɔbɛtena nkurow no mu, na ɛho nsaase a mmoa bedidi so no, ɛhɔ na wɔde wɔn nyɛmmoa, wɔn nneɛma, ne wɔn mmoa a aka nyinaa nso begu.  Nkurow a mode bɛma Lewifo no, ɛho nsaase a mmoa bedidi so no, ɛsɛ sɛ ɛne kurow no fasu ntam yɛ basafa* 1,000. Munsusuw no saa ara ntwa kurow biara ho nhyia.  Munsusuw kurow biara akyi basafa 2,000 nkɔ apuei fam, munsusuw basafa 2,000 nkɔ anaafo fam, munsusuw basafa 2,000 nkɔ atɔe fam, na munsusuw basafa 2,000 nkɔ atifi fam. Munsusuw no saa ara ntwa kurow no ho nhyia. Eyi na ɛbɛyɛ wɔn nkurow ho nsaase a mmoa bedidi so.  “Nkurow a mode bɛma Lewifo no, emu 6 bɛyɛ guankɔbea nkurow+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ,+ ne nkurow foforo 42.  Nkurow a mode bɛma Lewifo no nyinaa bɛyɛ 48, ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.+  Nkurow a mode bɛma Lewifo no, munnye mfi Israelfo agyapade mu.+ Kuw a enyaa pii no, munnye pii mfi wɔn hɔ, na kuw a enyaa kakraa bi no, munnye kakraa bi mfi wɔn hɔ.+ Kuw biara nhwɛ agyapade a onyae ho na onyi ne nkurow no bi mma Lewifo no.”  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10  “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Morebetwa Yordan akɔ Kaanan asaase so.+ 11  Munyi nkurow a eye ma mo, na momfa nyɛ guankɔbea nkurow. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, ɛhɔ na onguan nkɔ.+ 12  Saa nkurow yi bɛyɛ guankɔbea ama mo, na nea wɔakum no no busuani*+ nsa anka mo, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wakum nipa no renwu kosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+ 13  Guankɔbea nkurow asia a mubeyi no, ɛno na mode bedi saa dwuma no. 14  Munyi nkurow abiɛsa wɔ Yordan fã ha,+ na munyi abiɛsa wɔ Kaanan asaase so+ na momfa nyɛ guankɔbea nkurow. 15  Nkurow asia yi bɛyɛ guankɔbea ama Israelfo, ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu,+ ne wɔn a wɔatu abɛtena wɔn mu. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, onguan nkɔ hɔ.+ 16  “‘Nanso sɛ dade na ɔde bɔɔ no ma owui a, ɛnde ɔyɛ owudifo. Sɛnea ɛte biara, munkum owudifo no.+ 17  Sɛ ɔbo a ebetumi akum onipa na ɔtow bɔɔ no ma owui a, ɛnde ɔyɛ owudifo. Sɛnea ɛte biara, munkum owudifo no. 18  Na sɛ dua a ebetumi akum onipa na ɔde bɔɔ no ma owui a, ɛnde ɔyɛ owudifo. Sɛnea ɛte biara, munkum owudifo no. 19  Nea wɔakum no no busuani na obekum owudifo no. Ohyia no a, onkum no. Sɛ ohyia owudifo no a, ɔno ara na ɛsɛ sɛ okum no. 20  Sɛ ne ho tan nti na opiaa no, anaa adwemmɔne nti* na ɔtow ade bɔɔ no ma owui,+ 21  anaa ɔtan nti na ɔde ne nsa bɔɔ no ma owui a, ɛnde nea ɔde ne nsa bɔɔ no no, sɛnea ɛte biara wonkum no. Ɔyɛ owudifo. Sɛ nea wɔakum no no busuani hyia owudifo no a, onkum no. 22  “‘Nanso sɛ wanhyɛ da anaa ɛnyɛ ne ho tan nti na opiaa no anaa ɛnyɛ adwemmɔne nti* na ɔtow biribi bɔɔ no,+ 23  anaa wanhu no na ɔmaa ɔbo bɛhwee no so ma owui, na sɛ ɔntan no anaa ɔmpɛ no bɔne a, 24  ɛnde asafo no nnyina saa akwankyerɛ yi so mmu nea wakum onipa no ne nea wɔakum no no busuani* no ntam atɛn.+ 25  Na asafo no nnye nea wakum onipa no mfi nea wɔakum no no busuani no nsam, na wɔnsan mfa no nkɔ guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no mu, na ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ ɔsɔfo panyin a wɔde ngo kronkron asra no+ no bewu. 26  “‘Nanso sɛ nea wakum onipa no tra guankɔbea kurow a waguan akɔ mu no hye, 27  na nea wɔakum no no busuani no hyia no wɔ guankɔbea kurow a ɔwɔ mu no hye akyi, na nea wɔakum no no busuani no kum no a, onni mogya ho fɔ. 28  Efisɛ anka ɛsɛ sɛ ɔtena guankɔbea kurow a ɔwɔ mu no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu. Nanso sɛ ɔsɔfo panyin no wu a, nea wakum onipa no betumi asan akɔ n’asaase so.+ 29  Eyi bɛyɛ mmara a mo ne mo nkyirimma nyinaa de bebu atɛn wɔ baabi a mote biara. 30  “‘Obiara a obekum onipa* no, wonnyina adansefo+ adanse* so nkum no,+ efisɛ ɔyɛ owudifo. Nanso ɛnsɛ sɛ wogyina onipa baako pɛ adanse so kum obiara.* 31  Owudifo a ɔfata owu de, ɛnsɛ sɛ mugye agyede biara de gye no nkwa.* Sɛnea ɛte biara, munkum no.+ 32  Na sɛ obi guan kɔ guankɔbea kurow bi mu a, ɛnsɛ sɛ mugye agyede biara na moma no kwan ma ɔsan kɔ n’asaase so ansa na ɔsɔfo panyin no awu. 33  “‘Ɛnsɛ sɛ mode fĩ ka asaase a mote so no, efisɛ mogya na ɛma asaase ho gu fĩ.+ Sɛ obi hwie mogya gu wɔ asaase no so a, morentumi mfa biribiara mpata, gye nea ohwiee mogya gui no mogya.+ 34  Ɛnsɛ sɛ mugu asaase a mote so a me nso mete so no ho fĩ, efisɛ me, Yehowa, mete Israelfo mu.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “mogya ho weredifo.”
Anaa “ɔkra bi.”
Nt., “ɔkɔtɛw no.”
Nt., “wankɔtɛw no.”
Anaa “mogya ho weredifo.”
Anaa “ɔkra.”
Nt., “anom.”
Anaa “ɔkra biara.”
Anaa “ne kra.”